Deuteronomium 8:14 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 14 w’akoma bɛhoran+ na wo werɛ afiri Yehowa wo Nyankopɔn a ɔyii wo firii Egypt nkoafie no.+ 2 Berɛsosɛm 26:16 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 16 Nanso ɔyɛɛ den ara pɛ, n’akoma maa ne ho so+ de no kɔɔ ɔsɛeɛ mu;+ wanni Yehowa ne Nyankopɔn nokorɛ, na ɔkɔɔ Yehowa asɔrefie hɔ sɛ ɔrekɔhye aduhwam wɔ aduhwam afɔrebukyia no so.+ 2 Berɛsosɛm 32:25 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 25 Na Hesekia yɛɛ bonniayɛ,+ yie a wɔyɛɛ no no ho, ɛfiri sɛ n’akoma maa ne ho so,+ na abufuo+ baa ɔne Yuda ne Yerusalem so. Mmebusɛm 16:18 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 18 Ahantan di ɔsɛeɛ anim,+ na ahomasoɔ honhom di asehweɛ anim.+ Mmebusɛm 28:25 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 25 Deɛ ɔyɛ ahantan no hwanyan ntɔkwa mu,+ na deɛ ɔde ne ho to Yehowa soɔ no deɛ, ɔbɛdɔ sradeɛ.+ Daniel 5:20 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 20 Nanso berɛ a n’akoma maa ne ho so na ne honhom yɛɛ den maa no yɛɛ ahantan no,+ wɔtuu no firii n’ahennwa so, na wɔgyee n’animuonyam firii ne nsam.+ Habakuk 2:4 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 4 “Hwɛ, onipa a ne kra ahoran;+ ɛntene wɔ ne mu. Na ɔteneneeni deɛ, ne gyidie na ɛbɛgye no nkwa.+
16 Nanso ɔyɛɛ den ara pɛ, n’akoma maa ne ho so+ de no kɔɔ ɔsɛeɛ mu;+ wanni Yehowa ne Nyankopɔn nokorɛ, na ɔkɔɔ Yehowa asɔrefie hɔ sɛ ɔrekɔhye aduhwam wɔ aduhwam afɔrebukyia no so.+
25 Na Hesekia yɛɛ bonniayɛ,+ yie a wɔyɛɛ no no ho, ɛfiri sɛ n’akoma maa ne ho so,+ na abufuo+ baa ɔne Yuda ne Yerusalem so.
20 Nanso berɛ a n’akoma maa ne ho so na ne honhom yɛɛ den maa no yɛɛ ahantan no,+ wɔtuu no firii n’ahennwa so, na wɔgyee n’animuonyam firii ne nsam.+