Mika
1 Yuda ahemfo+ Yotam+ ne Ahas+ ne Hesekia+ berɛ soɔ no, Yehowa maa Mika+ a ɔfiri Moreset hunuu nsɛm a ɛfa Samaria+ ne Yerusalem+ ho yi sɛ:
2 “Aman nyinaa montie; asase ne deɛ ɛwom nyinaa+ nyɛ aso, na momma Awurade Tumfoɔ Yehowa nni adanseɛ+ ntia mo wɔ Yehowa asɔrefie+ kronkron mu hɔ. 3 Hwɛ, Yehowa firi ne tenabea reba,+ na ɔbɛtiatia asase so nkokoɔ nyinaa so.+ 4 Na mmepɔ bɛnane wɔ ne nan ase+ na asasetamaa mu apaepae sɛdeɛ egya nane ɛwoɔkyɛm,+ te sɛ nsuo a wɔahwie agu baabi a ɛhɔ siane.
5 “Yakob atuateɛ ne Israel fie bɔne nti na yei nyinaa aba.+ Ɛdeɛn ne Yakob atuateɛ? Ɛnyɛ Samaria anaa?+ Na ɛdeɛn ne Yuda nkokoɔ?+ Ɛnyɛ Yerusalem anaa? 6 Na mɛma Samaria adane aboɔ akuakuo+ ne baabi a wɔdua bobe; na mede n’aboɔ bɛgu bɔn mu na mama ne fapem ho ada hɔ.+ 7 Na n’ahoni nyinaa bɛbubu+ na wɔbɛhye akyɛdeɛ a wɔde maa no sɛ apaadeɛ no nyinaa wɔ gya mu;+ na mɛsɛe n’abosom nyinaa. Ɔde n’adwaman sika na aboa ano, na ɛbɛdane odwamanfoɔ foforɔ akatua.”+
8 Enti mɛsu atwa adwo;+ mɛnante anammɔnpan mu na mada adagya.+ Mɛsu sɛ sakraman na matwa adwo sɛ sohori. 9 N’apirakuro nni sabea,+ ɛfiri sɛ abɛduru Yuda tɔnn;+ ne yareɛ abɛduru me man kuro pono ano pɛɛ, Yerusalem tɔnn.+
10 “Mommmɔ so wɔ Gat, na monnsu nso.+
“Mommunimuni mfuturo mu+ wɔ Afra fie. 11 Wo a wote Safir, fa adagya ne aniwuo bɛsene.+ Deɛ ɔte Saanan deɛ, ɔmfirii adi. Bet-Esel agyaadwoɔ bɛgye ne gyinabea afiri mo nsam. 12 Deɛ ɔte Marot no hwɛɛ biribi papa anim,+ nanso bɔne na ɛfiri Yehowa hɔ aba Yerusalem pono ano.+ 13 Wo a wote Lakis,+ fa teaseɛnam sã apɔnkɔ a wɔn ho yɛ hare no. Ɔno ne Sion babaa+ bɔne mfitiaseɛ, na Israel atuateɛ nyinaa firi wo mu.+ 14 Enti wobɛma Moreset-Gat akyɛdeɛ.+ Na Aksib+ afie ama Israel ahemfo nsa asi fam. 15 Wo a wote Maresa,+ mɛma obi abɛfa w’agyapadeɛ.+ Israel animuonyam bɛduru Adulam+ tɔnn. 16 Wo mma a w’ani gye wɔn ho nti bɔ tikwa,+ werɛ wo tiri ho nyinaa. Ma wo tiri ho nyɛ kwabokwabo sɛ pɛtɛ* deɛ, ɛfiri sɛ wɔafiri wo nkyɛn kɔ nkoasom mu.”+