Malaki
4 Asafo Yehowa asɛm nie: “Hwɛ, ɛda no reba, na ɛrehye sɛ fononoo,+ na ahantanfoɔ ne wɔn a wɔdi abɔnefosɛm nyinaa bɛyɛ sɛ serɛ.+ Na da a ɛreba no bɛhye wɔn, na nhini anaa duban mpo renka.+ 2 Nanso mo a mosuro me din no deɛ, tenenee awia bɛpue mo so,+ na ayaresa wɔ ne ntaban ase.+ Na mobɛfiri adi akɔhurihuri sɛ anantwie mma a wɔadɔ sradeɛ.”+
3 “Ɛda a mɛkanyan me ho no, mobɛtiatia abɔnefoɔ so, na wɔbɛyɛ sɛ nsõ wɔ mo nan ase,”+ asafo Yehowa na aka.
4 “Monkae m’akoa Mose mmara ne emu ahyɛdeɛ ne atemmusɛm a mede maa no Horeb wɔ Israelfoɔ nyinaa ho no.+
5 “Hwɛ, meresoma odiyifoɔ Elia+ aba mo nkyɛn ansa na Yehowa da kɛseɛ a ɛyɛ hu no aba.+ 6 Na ɔbɛdane agyanom akoma aba mma so na mma akoma aba agyanom so, na mammɛsɛe asase no amma no anyɛ abusudeɛ.”+
(Hebri ne Aram Twerɛnsɛm no nkyerɛaseɛ no awieeɛ nie; Hela Twerɛnsɛm no di so)