Adiyisɛm
18 Yeinom akyi no, mehunuu ɔbɔfoɔ foforɔ sɛ ɔfiri soro resiane a ɔwɔ tumi+ kɛseɛ; na n’animuonyam hyerɛn asase so.+ 2 Na ɔde nne kɛseɛ teaam+ sɛ: “Wahwe ase! Babilon kɛseɛ no ahwe ase,+ na wabɛyɛ adaemone tenabea ne mframa+ fĩ biara atɛeɛ ne anomaa biara a ne ho nteɛ a ne ho yɛ abofono atɛeɛ!+ 3 Na n’adwamammɔ abufuo nsã no anya amanaman nyinaa,+ na asase so ahemfo ne no bɔɔ adwaman,+ na asase so adwadifoɔ+ nyaa wɔn ho ɛsiane ne taamudie tumi nti.”+
4 Na metee nne foforɔ firii soro sɛ: “Momfiri ne mu, me man,+ sɛ mompɛ sɛ monya ne bɔne no mu kyɛfa+ na monya ne haw no bi a. 5 Na ne bɔne no aboaboa ano akɔduru soro,+ na Onyankopɔn akae ne nnebɔne no.+ 6 Deɛ ɔde tuaa mo ka no, momfa saa ara ntua no ka,+ na mommɔ ho mmienu mma no, aane, nneɛma a ɔyɛeɛ no mmɔho mmienu;+ kuruwa+ a ɔde mfrafraeɛ guu mu no, momfa mfrafraeɛ no mmɔho mmienu+ ngu mu mma no.+ 7 Sɛdeɛ ɔhyɛɛ ne ho animuonyam baabi a ɔdii taamu kɔduruiɛ no, saa ara na monyɛ no ayayadeɛ na momma no nni awerɛhoɔ.+ Na ɔka no n’akomam sɛ, ‘Meredi adeɛ sɛ ɔhemmaa,+ merenni kuna,+ na merenhunu awerɛhoɔ da.’+ 8 Enti na da koro pɛ ne haw+ bɛba no, owuo ne awerɛhoɔ ne kɔm, na wɔde gya bɛhye no dwerɛbee,+ ɛfiri sɛ Yehowa Nyankopɔn a ɔbuu no atɛn no yɛ ɔhoɔdenfoɔ.+
9 “Na sɛ wɔrehye no na asase so ahemfo+ a wɔne no bɔɔ adwaman na wɔdii taamu no hunu wisie+ no a, wɔbɛsu no+ de awerɛhoɔ abobɔ wɔn kokom, 10 na ɛsiane sɛ wɔsuro n’ayayadeɛ no nti, wɔbɛgyinagyina akyirikyiri aka sɛ,+ ‘Due, due, kuro kɛseɛ,+ Babilon a woyɛ kuro denden, ɛfiri sɛ dɔnhwere baako mu na w’atemmuo aba!’+
11 “Asase so adwadifoɔ+ nso resu di ne ho awerɛhoɔ,+ ɛfiri sɛ obiara nni hɔ a ɔbɛtɔ wɔn adwadeɛ bio, 12 adwadeɛ+ a ɛyɛ sika ne dwetɛ ne aboɔdenboɔ ne nhwene pa ne nwera pa ne ntoma kɔkɔɔ ne serekye ne atade kɔkɔɔ, ne biribiara a wɔde nnua a ɛyɛ hwam ayɛ ne adeɛ biara a wɔde asommɛn ayɛ ne adeɛ biara a wɔde nnua a ɛwɔ boɔ ne kɔbere ne dadeɛ ne abohemmaa ayɛ;+ 13 afei nso anoatre ne India akakaduro ne aduhwam ne ngohwam ne ɛhyɛ ne bobesa ne ngo ne ɛsiam ne ayuo ne anantwie ne nnwan, ne apɔnkɔ ne nteaseɛnam ne nkoa ne nnipa akra.+ 14 Aane, aba pa a na wo kra pɛ+ no afiri wo nkyɛn, na nnepa ne animuonyanneɛ nyinaa afiri wo nkyɛn asɛe, na nnipa renhunu bio da.+
15 “Nneɛma yi ho adwadifoɔ+ a ne nti wɔnyaa wɔn ho no bɛgyinagyina akyirikyiri ɛsiane sɛ wɔsuro n’ayayadeɛ no nti, na wɔbɛsu adi awerɛhoɔ,+ 16 na wɔbɛka sɛ, ‘Due, due—kuro kɛseɛ+ a ɔfira nwera pa ne ntoma kɔkɔɔ na ɔhyɛ atade kɔkɔɔ, a ɔde sika ne aboɔdenboɔ ne ahwene pa ahyehyɛ ne ho,+ 17 ɛfiri sɛ dɔnhwere baako pɛ mu na ahodeɛ bebrebe no ayɛ pasaa yi!’+
“Na hyɛn kwankyerɛfoɔ biara ne onipa biara a ɔde hyɛn tu kwan,+ ne hyɛn mu adwumayɛfoɔ ne wɔn a wɔyɛ adwuma wɔ po so nyinaa gyinagyinaa akyirikyiri,+ 18 na berɛ a wɔrehye no na wɔhunuu wisie a ɛreba no, wɔteateaam kaa sɛ, ‘Kuro bɛn na ɛte sɛ kuro kɛseɛ no?’+ 19 Na wɔde mfuturo guu wɔn atifi+ teaam, na wɔsu dii awerɛhoɔ+ kaa sɛ, ‘Due, due—kuro kɛseɛ a n’ahonya nti wɔn a wɔwɔ po+ so ahyɛn nyinaa anya wɔn ho,+ ɛfiri sɛ dɔnhwere baako pɛ mu na wɔayɛ no pasaa!’+
20 “Ɔsoro,+ ma w’ani nnye, deɛ ato no no nti, ne mo akronkronfoɔ+ ne asomafoɔ+ ne adiyifoɔ nso, ɛfiri sɛ Onyankopɔn abu no atɛn atwe n’aso ama mo!”+
21 Na ɔbɔfoɔ hoɔdenfoɔ bi maa ɛboɔ a ɛte sɛ oyuyammoɔ+ kɛseɛ bi so to twenee po+ no mu kaa sɛ: “Saa ara na wɔbɛto Babilon kuro kɛseɛ no hwii atwene, na wɔrenhu no bio da.+ 22 Na wɔrente asankubɔfoɔ ne nnwontofoɔ ne mmɛnhyɛnfoɔ ne totorobɛntohyɛnfoɔ nne wɔ wo mu bio,+ na wɔrenhunu odwumfoɔ biara wɔ wo mu bio, na wɔrente oyuyammoɔ nnyegyeeɛ wɔ wo mu bio, 23 na kanea hann biara renhyerɛn wo mu bio, na wɔrente ayeforɔkunu ne ayeforɔ biara nne wɔ wo mu bio;+ ɛfiri sɛ w’adwadifoɔ+ na na wɔyɛ atitire+ wɔ asase so, na wonam ahonhonsɛm+ so daadaa amanaman nyinaa. 24 Aane, ne mu na wɔhunuu adiyifoɔ+ ne akronkronfoɔ+ ne wɔn a wɔakunkum wɔn asase soɔ nyinaa+ mogya.”+