Hesekiel
41 Na ɔde me baa asɔrefie hɔ, na ɔsusuu ɛho adum no. Ne tɛtrɛtɛ yɛ basafa nsia wɔ fã ha ne basafa nsia wɔ fã ha; yei ne adum no tɛtrɛtɛ. 2 Ná ɛkwan no tɛtrɛtɛ yɛ basafa du; na ɛkwan no nkyɛnmu yɛ basafa nnum wɔ fã ha ne basafa nnum wɔ fã ha. Na ɔsusuu ne ntwemu basafa aduanan; ne tɛtrɛtɛ nso, basafa aduonu.
3 Afei ɔkɔɔ mu kɔsusuu ɛkwan no ano adum no, basafa mmienu; ɛkwan no, basafa nsia; na ɛkwan no tɛtrɛtɛ nso, basafa nson. 4 Na ɔsusuu ne ntwemu, basafa aduonu; ne tɛtrɛtɛ nso, basafa aduonu,+ asɔrefie* no anim. Na ɔka kyerɛɛ me sɛ: “Yei ne Kronkron mu Kronkronbea no.”+
5 Afei ɔsusuu ɔfasuo a ɛwɔ fie no ho no, basafa nsia. Ɛho mpia nyinaa tɛtrɛtɛ yɛ basafa nnan de twa fie no ho nyinaa hyia.+ 6 Ná pia baako toa baako so saa ara mmiɛnsa; ɛyɛ saa ara ahodoɔ aduasa; na ɛhyehyɛ ɔfasuo a wɔayɛ ama fie no ho mpia no mu ma ɛsɔ mu, nanso ɛnsɔ fie no ara fasuo no mu.+ 7 Mpia no rekɔ soro nyinaa, na ɛretrɛ, na fie no kwan nwonwan kɔ soro twa fie hɔ nyinaa hyia.+ Efie no rekɔ soro nyinaa na ɛretrɛ, enti sɛ obi firi aseɛ rekɔ soro+ a, ɔfa mfimfini deɛ no mu.
8 Afei mehunuu sɛ bamma tenten bi atwa fie no ho nyinaa ahyia. Ná mpia no fapem yɛ demmire basafa nsia wɔ ne ntwea so.+ 9 Ɔfasuo a ɛwɔ mpia no akyi tɛtrɛtɛ yɛ basafa nnum, na na wɔagya baabi ato fie no mpia ho.
10 Ná adidibea+ no ntam tɛtrɛtɛ yɛ basafa aduonu twa fie no nyinaa ho hyia. 11 Ɛfiri mpia no ano bɛsi baabi a wɔagya ato hɔ no, ɛkwan baako hwɛ atifi fam na ɛkwan baako hwɛ anafoɔ fam, na baabi a wɔagya ato hɔ no tɛtrɛtɛ yɛ basafa nnum twa ho hyia.
12 Ɛdan a ɛhwɛ atɔeɛ fam wɔ baabi a ate ne ho no tɛtrɛtɛ yɛ basafa aduɔson. Na ɔfasuo no tɛtrɛtɛ yɛ basafa nnum twa ho nyinaa hyia, na ne ntwemu yɛ basafa aduɔkron.
13 Na ɔsusuu fie no; ne ntwemu yɛ basafa ɔha, na baabi a ate ne ho no ne ɛdan no ne n’afasuo nso ntwemu yɛ basafa ɔha. 14 Na fie no anim ne baabi a ate ne ho wɔ apueeɛ fam no tɛtrɛtɛ yɛ basafa ɔha.
15 Na ɔsusuu ɛdan a ɛhwɛ baabi a ate ne ho no akyi no ne n’abrannaa a ɛwɔ fã ha ne fã ha no ntwemu, basafa ɔha.
Afei ɔsusuu asɔrefie no ne mfimfini hɔ+ ne adihɔ hɔ abrannaa no, 16 na na apono ne mpomma a aka apua+ ne abrannaa wɔ mmiɛnsa no nyinaa ho. Ná wɔde dua a wɔasene ato ɛpono no ano nyinaa ahyia,+ firi fam kɔpem mpomma no, na wɔde adeɛ afa mpomma no nyinaa ho. 17 Ɔsusuu ɛpono no atifi, efie no mu ne akyire, ne ɔfasuo a atwa ho ahyia no nyinaa, efie no mu ne akyire. 18 Ná wɔayɛ kerubim+ ne mmedua+ nso; abedua wɔ kerubim ne kerubim ntam, na kerubim no wɔ animu mmienu.+ 19 Ná onipa anim kyerɛ abedua a ɛwɔ fã ha no, na gyata anim kyerɛ abedua a ɛwɔ fã ha no nso;+ wɔayɛ atwa fie no ho nyinaa ahyia. 20 Ná wɔayɛ kerubim ne mmedua wɔ asɔrefie no fasuo ho, ɛfiri fam kɔpem ɛpono no atifi.
21 Asɔrefie no aponnwa yɛ ahinanan,+ na biribi wɔ kronkronbea no anim te sɛ yei: 22 afɔrebukyia a wɔde dua ayɛ no tenten yɛ basafa mmiɛnsa, na ne ntwemu yɛ basafa mmienu, na ɛwɔ ntwea adum.+ Ná wɔde dua ayeyɛ ne ntwemu ne n’afasuo no. Afei ɔka kyerɛɛ me sɛ: “Yei ne ɛpono a ɛsi Yehowa anim no.”+
23 Ná asɔrefie ne kronkronbea no biara wɔ apono mmienu.+ 24 Apono no biara bɔ ho mmienu, na mmienu no tumi danedane. Ɛpono baako bɔ ho mmienu, na foforɔ no nso bɔ ho mmienu. 25 Ná wɔayeyɛ kerubim ne mmedua+ wɔ asɔrefie no apono ho, te sɛ deɛ wɔayɛ no afasuo no ho no, na wɔde dua abɔ pata wɔ ntwonoo no anim, wɔ akyire hɔ. 26 Ná mpomma a aka apua+ ne mmedua wɔ fã ha ne fã ha, wɔ abrannaa no ne fie no ho mpia no ne nkatasoɔ no ho.