Hiob
33 “Afei Hiob, mesrɛ wo, tie me kasa,
Na yɛ asõ ma me nsɛm nyinaa.
5 Sɛ wobɛtumi a, yi me ano,
Hyehyɛ wo nsɛm; bɔ w’asene.
8 Woaka no m’asom,
Na mate w’anom nsɛm sɛ,
9 ‘Me ho te, na bɔne biara nni me ho;+
Me ho nguu fĩ, na mfomsoɔ biara nni me ho.+
14 Onyankopɔn kasa prɛko
Ne ne mprenu so+—nanso onipa ntie—
15 Daeɛ mu,+ anadwo adehunu mu,+
Berɛ a nnahɔɔ atɔ nnipa soɔ,
Berɛ a wɔada wɔ mpa soɔ.+
16 Saa berɛ no na ɔbue nnipa asõ,+
Na ɔma n’afotuo tim wɔn mu;
17 Ɔde dane nipa firi ne nneyɛɛ ho,+
Na ɔyi ahantan+ firi ɔbarima anim.
19 Ɔde adeɛ a ɛyɛ ya tene ne so ne mpa so,
Na ne nnompe mu aperedie nnyae da.
21 Wafɔn ama wɔnhunu ne honam,
Na ne nnompe a na wɔnhunu no apuepue.
23 Sɛ ɔwɔ ɔbɔfoɔ bi,
Ɔkasamafoɔ bi, apem mu baako,
A ɔbɛkyerɛ onipa deɛ ɛtene a,
24 Ɛma no dom no, na ɔka sɛ,
‘Gye no na wankɔ amena mu!+
Manya agyedeɛ!+
26 Ɔbɛpa Onyankopɔn kyɛw, na n’ani agye ne ho;+
Osebɔ na ɔde bɛhunu n’anim,
Na Ɔde Ne tenenee bɛma onipa dasani bio.
29 Hwɛ! Yeinom nyinaa na Onyankopɔn yɛ,
Mprenu ne mprɛnsa wɔ barima ho,
30 Sɛ ɔde bɛdane ne kra afiri amena ho,+
Na ateasefoɔ hann ahyerɛn ne so.+
31 Enti afei Hiob yɛ asõ! Tie me!
Yɛ komm, na mentoa so nkasa.
32 Sɛ wowɔ asɛm bi ka a, yi me ano;
Kasa, ɛfiri sɛ wo tenenee ho asɛm hia me.