Mateo
19 Berɛ a Yesu wiee nsɛm yi no, ɔfirii Galilea baa Yudea ahyeɛ so wɔ Yordan agya.+ 2 Afei nnipadɔm kɛseɛ dii n’akyi, na ɔsaa wɔn yareɛ wɔ hɔ.+
3 Na Farisifoɔ baa ne nkyɛn a na wɔn adwene ne sɛ wɔrebɛsɔ no ahwɛ, na wɔkaa sɛ: “Mmara ma kwan sɛ asɛm biara nti ɔbarima gyaa ne yere anaa?”+ 4 Ɔbua see wɔn sɛ: “Monkenkanee sɛ onii a ɔbɔɔ wɔn no yɛɛ wɔn ɔbarima ne ɔbaa firii mfitiaseɛ,+ 5 na ɔkaa sɛ, ‘Yei nti na ɔbarima bɛgya ne papa ne ne maame+ hɔ na wakɔfam ne yere ho, na wɔn mmienu no ayɛ ɔhonam korɔ’?+ 6 Enti wɔnyɛ mmienu bio, na mmom honam korɔ. Enti deɛ Onyankopɔn aka abom no, mma onipa biara nntete mu.”+ 7 Wɔka kyerɛɛ no sɛ: “Ɛnneɛ adɛn nti na Mose hyɛɛ sɛ obi bɛtumi ama awaregyaeɛ krataa na wagyaa ɔbaa no?”+ 8 Ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Mo akomaden nti+ na Mose maa mo kwan sɛ motumi gyaa mo yerenom, na ɛfiri mfitiaseɛ no na ɛnte saa.+ 9 Mese mo sɛ sɛ ɛnyɛ adwamammɔ nti na obi gyaa ne yere na ɔsan ware foforɔ a, wasɛe awareɛ.”+
10 Asuafoɔ no ka kyerɛɛ no sɛ: “Sɛ saa na asɛm no teɛ wɔ ɔbarima ne ne yere ntam a, ɛnneɛ ɛnyɛ papa sɛ wɔwareɛ.”+ 11 Ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Ɛnyɛ nnipa nyinaa na wɔtumi gye asɛm yi, gye wɔn a wɔwɔ akyɛdeɛ no nko ara.+ 12 Ayitotofoɔ bi wɔ hɔ a wɔwoo wɔn saa firii wɔn maame yam,+ na ayitotofoɔ bi wɔ hɔ a nnipa na ayɛ wɔn ayitotofoɔ, na ayitotofoɔ bi nso wɔ hɔ a ɔsoro ahennie no nti na wɔayɛ wɔn ho ayitotofoɔ. Obiara a ɔbɛtumi agye yei atom no, ma no nyɛ saa.”+
13 Afei wɔde mmɔfra nkumaa brɛɛ no sɛ ɔmfa ne nsa ngu wɔn so mmɔ mpaeɛ mma wɔn; nanso asuafoɔ no kaa wɔn anim.+ 14 Ɛnna Yesu kaa sɛ: “Monnyaa mmɔfra nkumaa no, na monnsi wɔn kwan sɛ wɔmmma me nkyɛn, na ɔsoro ahennie no yɛ wɔn a wɔte saa no dea.”+ 15 Na ɔde ne nsa guu wɔn so, na ɔfirii hɔ kɔeɛ.+
16 Afei hwɛ! obi baa ne nkyɛn bɛkaa sɛ: “Ɔkyerɛkyerɛfoɔ, ɛdeɛn papa na menyɛ na manya daa nkwa?”+ 17 Ɔka kyerɛɛ no sɛ: “Adɛn nti na wobisa me deɛ ɛyɛ papa ho asɛm? Ɔbaako na ɔyɛ papa.+ Na mmom sɛ wopɛ sɛ wokɔ nkwa mu a, kɔ so ara di mmara no so.”+ 18 Ɔka kyerɛɛ no sɛ: “Emu deɛ ɛwɔ he?”+ Yesu kaa sɛ: “Wiɛ, Nni awu,+ Nsɛe awareɛ,+ Mmɔ korɔno,+ Nni adansekunumu,+ 19 Di wo papa ne wo maame ni,+ afei, dɔ wo yɔnko sɛ wo ho.”+ 20 Aberanteɛ no ka kyerɛɛ no sɛ: “Madi yeinom nyinaa so; aka me deɛn bio?” 21 Yesu ka kyerɛɛ no sɛ: “Sɛ wopɛ sɛ woyɛ pɛ a, kɔtɔn w’ahodeɛ fa ma ahiafoɔ na wobɛnya ademudeɛ wɔ soro,+ na bra bɛdi m’akyi.”+ 22 Berɛ a aberanteɛ no tee asɛm yi no, ɔde awerɛhoɔ kɔeɛ, ɛfiri sɛ na ɔwɔ agyapadeɛ bebree.+ 23 Na Yesu ka kyerɛɛ n’asuafoɔ no sɛ: “Nokorɛm mese mo sɛ ɛbɛyɛ den ama ɔdefoɔ sɛ ɔbɛkɔ ɔsoro ahennie mu.+ 24 Mese mo bio sɛ, ɛyɛ mmerɛ sɛ yoma bɛfa paneɛ aniwa mu sene sɛ ɔdefoɔ bɛkɔ Onyankopɔn ahennie mu.”+
25 Berɛ a asuafoɔ no tee saa no, ɛyɛɛ wɔn nwanwa paa maa wɔkaa sɛ: “Hwan koraa na ɔbɛtumi anya nkwa?”+ 26 Yesu hwɛɛ wɔn anim ka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Nnipa fam deɛ yei renyɛ yie, nanso Onyankopɔn fam deɛ, adeɛ nyinaa bɛtumi ayɛ yie.”+
27 Ɛnna Petro bua see no sɛ: “Hwɛ! Yɛagya nneɛma nyinaa abɛdi w’akyi; ɛdeɛn koraa na yɛbɛnya?”+ 28 Yesu ka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Nokorɛm mese mo sɛ, berɛ a wɔayɛ nneɛma foforɔ na onipa Ba no te n’animuonyam ahennwa soɔ no, mo a modi m’akyi yi bɛtena nhennwa dumienu so abu Israel mmusuakuo dumienu no atɛn.+ 29 Na obiara a wagya afie anaa nua mmarima anaa nua mmaa anaa papa anaa maame anaa mma anaa nsase ɛsiane me din nti no bɛnya no mmɔho pii na wanya daa nkwa.+
30 “Nanso adikanfoɔ pii bɛka akyire, na akyikafoɔ abɛdi kan.+