Wɔde ma dwonkyerɛfoɔ sɛ wɔmfa sankuo nto. Dawid dwom.
61 Onyankopɔn, tie me sufrɛ ɛ,+
Na yɛ aso ma me mpaebɔ.+
2 Sɛ m’akoma bubu a, mɛfiri asase ano nohoa masu mafrɛ wo.+
Gya me kɔ botan a ɛwɔ soro sene me so.+
3 Na wone me dwankɔbea+
Ne m’abandenden, m’atamfo anim.+
4 Mɛsoɛ wo ntomadan mu afebɔɔ;+
Wo ntaban ase na mɛdwane abɛtɛ.+ Sela.
5 Na wo, Onyankopɔn, na woate bɔ a mahyɛ nyinaa.+
Woama me agyapadeɛ a ɛda hɔ ma wɔn a wɔsuro wo din no.+
6 Wode nna bɛka ɔhene mfeɛ ho;+
Ne mfeɛ bɛyɛ sɛ awoɔ ntoatoasoɔ pii.+
7 Ɔbɛtena Onyankopɔn anim afebɔɔ;+
O ma adɔeɛ ne nokorɛ mmɔ ne ho ban.+
8 Ɛno na mɛto dwom ama wo din daa,+
Na matua me bɔhyɛ adeɛ da biara.+