Marko
4 Na ɔsan firii aseɛ kyerɛkyerɛɛ wɔ po no ano.+ Na nnipakuo kɛseɛ bi bɛtwaa ne ho hyiaeɛ, enti ɔkɔforoo kodoɔ tenaa mu wɔ po no so, na na nnipakuo no nyinaa wɔ po no ano.+ 2 Enti ɔfirii aseɛ de mfatoho+ kyerɛkyerɛɛ wɔn nneɛma bebree na ɔka kyerɛɛ wɔn wɔ ne nkyerɛkyerɛ+ no mu sɛ: 3 “Montie. Hwɛ! Ogufoɔ bi firii adi sɛ ɔrekɔgu aba.+ 4 Na ɔregu aba no, ebi kɔguu kwankyɛn, na nnomaa bɛdiiɛ.+ 5 Na aba no bi guu baabi a abotan wɔ a dɔteɛ pii nnie, na ɛsiane sɛ ankɔ dɔteɛ mu pii nti ntɛm ara na ɛfifiiɛ.+ 6 Nanso berɛ a awia pueeɛ no ɛkusaeɛ, na ɛsiane nhini a ɛnnie nti ɛwuiɛ.+ 7 Na aba no bi kɔguu nkasɛɛ mu, na nkasɛɛ no nyiniiɛ na ɛmiaa no, na anso aba.+ 8 Na ebi kɔguu asase pa mu,+ na ɛfifiiɛ na ɛnyiniiɛ, na ɛfirii aseɛ soo aba, ebi aduasa, ebi aduosia, ne ɔha.”+ 9 Ɛnna ɔka kaa ho sɛ: “Ma deɛ ɔwɔ aso a ɔde bɛtie no ntie.”+
10 Afei berɛ a ɛkaa ɔno nko ara no, wɔn a wɔwɔ ne ho no ne dumienu no firii aseɛ bisabisaa no mfatoho no ho asɛm.+ 11 Na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Mo na wɔde ama mo sɛ monte Onyankopɔn ahennie ho ahuntasɛm kronkron+ no ase, na wɔn a wɔwɔ akyire no deɛ, wɔde biribiara ma wɔn mfatoho mu,+ 12 ma enti wɔbɛhwɛ deɛ, nanso wɔrenhunu, na wɔbɛte deɛ, nanso wɔrente aseɛ, na wɔrensakra mma wɔmfa mfiri wɔn da.”+ 13 Bio nso, ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Monnim deɛ mfatoho yi kyerɛ, na ɛbɛyɛ dɛn na mobɛte mfatoho a aka no nyinaa ase?
14 “Ogufoɔ no gu asɛm no.+ 15 Enti yeinom ne deɛ ɛkɔgu kwankyɛn, baabi a wɔgu asɛm no, nanso wɔte ara pɛ a Satan bɛyi+ asɛm a wɔaguo no firi wɔn mu.+ 16 Na yeinom nso ne deɛ wɔguu no abotan soɔ no: wɔte asɛm no ara pɛ a wɔde anigyeɛ gye tom.+ 17 Nanso wɔnni nhini biara, na wɔtena hɔ kakra; afei asɛm no nti sɛ ahohia anaa ɔtaa ba ara pɛ a, ɛto wɔn suntidua.+ 18 Ebi nso wɔguu no nkasɛɛ mu; yeinom ne wɔn a wɔate asɛm no,+ 19 nanso wiase yi mu dadwene+ ne ahonyadeɛ nnaadaa+ ne nneɛma a aka ho akɔnnɔ+ mia asɛm no, na ɛnso aba.+ 20 Afei deɛ wɔguu no asase pa mu no ne wɔn a wɔtie asɛm no na wɔgye no fɛ so na wɔso aba aduasa ne aduosia ne ɔha no.”+
21 Na ɔtoaa so ka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Kɛntɛn anaa mpa ase na wɔde kanea hyɛ anaa? Ɛnyɛ kaneadua so na wɔde sie?+ 22 Na biribiara nni hɔ a ahunta a wɔremmue soɔ; biribiara nni hɔ a wɔde asie a ɛremma petee mu.+ 23 Obiara a ɔwɔ aso a ɔde bɛtie no, ma no ntie.”+
24 Ɔka kyerɛɛ wɔn bio sɛ: “Monyɛ aso ntie asɛm yi yie.+ Susukoraa a mode resusuo no, wɔde bɛsusu ama mo,+ na nokorɛm no, wɔde bi bɛka ho ama mo.+ 25 Deɛ ɔwɔ no wɔbɛma no bi aka ho; na deɛ ɔnnie no deɛ, deɛ ɔwɔ mpo wɔbɛgye afiri ne nsam.”+
26 Ɛnna ɔtoaa so kaa sɛ: “Enti Onyankopɔn ahennie te sɛ berɛ a obi gu aba asase soɔ,+ 27 na ɔda anadwo sɔre anɔpa, na aba no fifi na ɛyɛ tenten, a ɔnnim kwan a ɛfaa so yɛɛ saa.+ 28 Asase no ara de nkakrankakra so aba; ɛdi kan yi ahahan, afei ɛbɔ bɛtem, na aba ba bɛtem no ho. 29 Na sɛ ɛnya so aba a, ɔtwe so kantankrankyi, ɛfiri sɛ na twaberɛ aduru.”
30 Na ɔtoaa so kaa sɛ: “Ɛdeɛn ho na yɛde Onyankopɔn ahennie bɛtotoɔ, anaa mfatoho bɛn na yɛde bɛkyerɛkyerɛ mu?+ 31 Ɛte sɛ sinapi aba a berɛ a wɔduaa no asase mu no, na ɛyɛ asase so aba nyinaa mu deɛ ɛsua koraa+— 32 nanso sɛ wɔdua a, ɛnyini bɛyɛ kɛseɛ sene afifideɛ afoforɔ nyinaa na ɛyiyi nkorabata akɛseɛ+ ma ewiem nnomaa+ nya ne nwunu ase tena.”+
33 Enti ɔde mfatoho+ a ɛtete saa pii kaa asɛm no kyerɛɛ wɔn, sɛdeɛ wɔbɛtumi ate aseɛ. 34 Nokorɛm no, wankasa ankyerɛ wɔn a mfatoho nka ho, na ɛka ɔne n’asuafoɔ no nko a, ɔkyerɛkyerɛ biribiara mu.+
35 Na enwunu dwoo saa da no, ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Momma yɛntwa nkɔ asuogya.”+ 36 Enti berɛ a wɔgyaa nnipakuo no kwan wieeɛ no, wɔde no kɔɔ saa ara wɔ kodoɔ no mu, na na akodoɔ foforɔ nso ka ho.+ 37 Afei mframa denden bi bɔeɛ, na asorɔkye no bɔ baa kodoɔ no mu maa no kaa kakraa bi na anka nsuo rebu afa kodoɔ no so.+ 38 Nanso na ɔwɔ kodoɔ no akyi ada sumiiɛ so. Enti wɔnyanee no bisaa no sɛ: “Ɔkyerɛkyerɛfoɔ, enti yɛrebɛwuwuo yi ɛmfa wo ho?”+ 39 Ɛnna ɔnyaneeɛ, na ɔteateaa mframa no ka kyerɛɛ po no sɛ: “Gyina! Yɛ dinn!”+ Na mframa no ano brɛɛ ase, na ɛyɛɛ dinn.+ 40 Enti ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Adɛn nti na ehu aka mo? Monni gyidie koraa anaa?” 41 Na ehu kɛseɛ kaa wɔn na wɔkeka kyerɛɛ wɔn ho sɛ: “Hwan koraa nie na mframa ne ɛpo mpo tie no yi?”+