Yesaia
62 Sion nti merenyɛ komm,+ na Yerusalem+ nti merentena hɔ dinn kɔsi sɛ ne tenenee bɛpue sɛ hann+ na ne nkwagyeɛ adɛre sɛ gyatɛnee.+
2 “Ɔbaa,+ aman bɛhunu wo tenenee+ na ahemfo nyinaa ahunu w’animuonyam.+ Na wɔde edin foforɔ bɛfrɛ wo,+ edin a Yehowa no ara ano bɛkyerɛ no. 3 Wobɛyɛ abotire fɛfɛ wɔ Yehowa nsam,+ ne ahemmotire wɔ wo Nyankopɔn nsayam. 4 Wɔrenka sɛ woyɛ ɔbaa a wɔapo no bio,+ na wɔrenka sɛ w’asase yɛ amamfõ bio.+ Wɔbɛfrɛ wo M’Anigyeɛ Wɔ Ne Mu+ na wɔafrɛ w’asase sɛ Obi Yere. Na Yehowa bɛnya anigyeɛ wɔ wo mu, na wɔbɛfa w’asase sɛ ɔyere.+ 5 Sɛdeɛ aberanteɛ ware ɔbaabunu no, saa ara na wo mma bɛware woɔ.+ Na sɛdeɛ ayeforɔkunu di ayeforɔ ho ahurisie no,+ saa ara na wo Nyankopɔn bɛdi wo ho ahurisie.+ 6 Yerusalem, mede awɛmfoɔ asisi w’afasuo so.+ Daa, awia ne anadwo nyinaa, wɔrenyɛ komm.+
“Mo a mobɔ Yehowa din nyinaa,+ monhwɛ na moanyɛ komm.+ 7 Mommma no nntena hɔ dinn kɔsi sɛ ɔde Yerusalem bɛsi hɔ pintinn na ayɛ ayeyie wɔ asase soɔ.”+
8 Yehowa de ne nsa nifa+ ne ne basa+ denden aka ntam sɛ: “Meremfa w’aduane mma w’atamfo bio,+ na ahɔhoɔ rennom nsã foforɔ+ a woabrɛ ho bio. 9 Mmom wɔn a wɔboaboa aduane ano no na wɔbɛdi ayi Yehowa ayɛ, na wɔn a wɔkyĩ nsã no na wɔbɛnom no m’adihɔ kronkron hɔ.”+
10 Mommɛsene, mommɛsene mfa kuro no apono mu. Monsiesie ɔman no kwan.+ Montu ngu so, montu dɔteɛ ngu so nyɛ tempɔn no. Monyiyi ɛso aboɔ nyinaa.+ Momfa ahyɛnsodeɛ nsi hɔ mma nkurɔfoɔ no.+
11 Hwɛ! Yehowa ama wɔate akɔduru asase ano nohoa+ sɛ: “Monka nkyerɛ Sion babaa+ sɛ, ‘Hwɛ! Wo nkwagyeɛ reba.+ Hwɛ! N’akatua ka ne ho,+ na n’akatua sika wɔ n’anim.’”+
12 Na nkurɔfoɔ bɛfrɛ wɔn ɔman kronkron,+ wɔn a Yehowa atɔ wɔn.+ Na wo nso, wɔbɛfrɛ wo Deɛ Wɔahwehwɛ No, Kuro a Wɔnnyaa No Koraa.+