Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NWOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NWOMAKORABEA
Twi (Asante)
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NWOMA
  • ASAFO NHYIAMU
  • Asomafoɔ Nnwuma 16
  • Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ

Deɛ woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

Asomafoɔ Nnwuma 16:1

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Aso 14:6; 2Ti 3:11
  • +Aso 19:22; Ro 16:21; 1Ko 4:17; 1Te 3:2; 1Ti 1:2

Asomafoɔ Nnwuma 16:3

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +1Ko 9:20

Asomafoɔ Nnwuma 16:4

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Aso 15:28

Asomafoɔ Nnwuma 16:5

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Aso 15:41

Asomafoɔ Nnwuma 16:6

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Aso 18:23; Ga 4:13

Asomafoɔ Nnwuma 16:7

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +1Pe 1:1

Asomafoɔ Nnwuma 16:8

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +2Ko 2:12; 2Ti 4:13

Asomafoɔ Nnwuma 16:9

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Hio 33:15; Aso 9:10; 2Ko 12:1

Asomafoɔ Nnwuma 16:10

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +2Ko 1:16; 2:13

Asomafoɔ Nnwuma 16:12

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Flp 1:1; 1Te 2:2
  • +Aso 20:6

Asomafoɔ Nnwuma 16:14

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Adi 1:11
  • +Lu 24:45; 1Ko 3:7

Asomafoɔ Nnwuma 16:15

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Aso 16:33; 18:8
  • +Mt 10:11; Ro 12:13; Ga 6:6; Heb 13:2
  • +Ge 19:2; Ate 19:20; Lu 24:29

Asomafoɔ Nnwuma 16:16

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +1Sa 28:7; Le 19:31; 20:6
  • +Aso 19:24

Asomafoɔ Nnwuma 16:17

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Mr 1:24; Lu 4:41

Asomafoɔ Nnwuma 16:18

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Mr 1:25
  • +Mr 1:34; Lu 9:1; 10:17
  • +Mt 17:18

Asomafoɔ Nnwuma 16:19

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Aso 19:25
  • +Mt 10:18; 2Ko 6:5

Asomafoɔ Nnwuma 16:20

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +1Ah 18:17; Aso 17:6

Asomafoɔ Nnwuma 16:21

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Es 3:8

Asomafoɔ Nnwuma 16:22

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +1Te 2:2

Asomafoɔ Nnwuma 16:23

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +2Ko 11:23
  • +Lu 21:12; Aso 5:23

Asomafoɔ Nnwuma 16:24

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Aso 12:6, 10
  • +Dw 105:18; Yer 20:2

Asomafoɔ Nnwuma 16:25

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Dw 42:8
  • +Efe 5:19; Kol 3:16; Yak 5:13

Asomafoɔ Nnwuma 16:26

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Aso 4:31; 5:19; 12:7

Asomafoɔ Nnwuma 16:27

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Aso 12:19
  • +1Ah 20:39

Asomafoɔ Nnwuma 16:28

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +1Te 5:15

Asomafoɔ Nnwuma 16:29

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Aso 10:25

Asomafoɔ Nnwuma 16:30

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Aso 2:37

Asomafoɔ Nnwuma 16:31

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Yoh 3:16; 6:47
  • +Aso 11:14

Asomafoɔ Nnwuma 16:32

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Aso 10:24

Asomafoɔ Nnwuma 16:33

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Aso 8:12; 16:15

Asomafoɔ Nnwuma 16:35

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Aso 16:20

Asomafoɔ Nnwuma 16:37

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Aso 22:25; 23:27

Asomafoɔ Nnwuma 16:38

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Aso 22:29

Asomafoɔ Nnwuma 16:40

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Lu 22:32; 2Ko 1:4

Bible Afoforɔ

Klike nkyekyɛmu bi so. Ɛbɛma woahunu asɛm korɔ no ara wɔ Bible afoforɔ mu.

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So No Nyinaa

Aso. 16:1Aso 14:6; 2Ti 3:11
Aso. 16:1Aso 19:22; Ro 16:21; 1Ko 4:17; 1Te 3:2; 1Ti 1:2
Aso. 16:31Ko 9:20
Aso. 16:4Aso 15:28
Aso. 16:5Aso 15:41
Aso. 16:6Aso 18:23; Ga 4:13
Aso. 16:71Pe 1:1
Aso. 16:82Ko 2:12; 2Ti 4:13
Aso. 16:9Hio 33:15; Aso 9:10; 2Ko 12:1
Aso. 16:102Ko 1:16; 2:13
Aso. 16:12Flp 1:1; 1Te 2:2
Aso. 16:12Aso 20:6
Aso. 16:14Adi 1:11
Aso. 16:14Lu 24:45; 1Ko 3:7
Aso. 16:15Aso 16:33; 18:8
Aso. 16:15Mt 10:11; Ro 12:13; Ga 6:6; Heb 13:2
Aso. 16:15Ge 19:2; Ate 19:20; Lu 24:29
Aso. 16:161Sa 28:7; Le 19:31; 20:6
Aso. 16:16Aso 19:24
Aso. 16:17Mr 1:24; Lu 4:41
Aso. 16:18Mr 1:25
Aso. 16:18Mr 1:34; Lu 9:1; 10:17
Aso. 16:18Mt 17:18
Aso. 16:19Aso 19:25
Aso. 16:19Mt 10:18; 2Ko 6:5
Aso. 16:201Ah 18:17; Aso 17:6
Aso. 16:21Es 3:8
Aso. 16:221Te 2:2
Aso. 16:232Ko 11:23
Aso. 16:23Lu 21:12; Aso 5:23
Aso. 16:24Aso 12:6, 10
Aso. 16:24Dw 105:18; Yer 20:2
Aso. 16:25Dw 42:8
Aso. 16:25Efe 5:19; Kol 3:16; Yak 5:13
Aso. 16:26Aso 4:31; 5:19; 12:7
Aso. 16:27Aso 12:19
Aso. 16:271Ah 20:39
Aso. 16:281Te 5:15
Aso. 16:29Aso 10:25
Aso. 16:30Aso 2:37
Aso. 16:31Yoh 3:16; 6:47
Aso. 16:31Aso 11:14
Aso. 16:32Aso 10:24
Aso. 16:33Aso 8:12; 16:15
Aso. 16:35Aso 16:20
Aso. 16:37Aso 22:25; 23:27
Aso. 16:38Aso 22:29
Aso. 16:40Lu 22:32; 2Ko 1:4
  • Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
  • Kenkan wɔ Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ (Asante) mu
  • 1
  • 2
  • 3
  • 4
  • 5
  • 6
  • 7
  • 8
  • 9
  • 10
  • 11
  • 12
  • 13
  • 14
  • 15
  • 16
  • 17
  • 18
  • 19
  • 20
  • 21
  • 22
  • 23
  • 24
  • 25
  • 26
  • 27
  • 28
  • 29
  • 30
  • 31
  • 32
  • 33
  • 34
  • 35
  • 36
  • 37
  • 38
  • 39
  • 40
Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
Asomafoɔ Nnwuma 16:1-40

Asomafoɔ Nnwuma

16 Enti ɔkɔduruu Derbe ne Listra.+ Na hwɛ! osuani bi wɔ hɔ a ne din de Timoteo+ a ɔyɛ Yudani baa gyidini bi ba, na ne papa yɛ Helani, 2 na anuanom a wɔwɔ Listra ne Ikoniom no kaa ne ho asɛmpa. 3 Paulo pɛɛ sɛ ɔne saa ɔbarima yi kɔ, na ɛsiane Yudafoɔ a wɔwɔ hɔ no nti, ɔfaa no twaa no twetia,+ ɛfiri sɛ na wɔn nyinaa nim sɛ ne papa yɛ Helani. 4 Afei berɛ a wɔnam nkuro no soɔ no, wɔde mmara a asomafoɔ no ne mpanimfoɔ a wɔwɔ Yerusalem asi ho gyinaeɛ no maa wɔn sɛ wɔnni so.+ 5 Enti asafo ahodoɔ no kɔɔ so yɛɛ den gyidie mu+ na wɔn dodoɔ kɔɔ animu daa.

6 Afei, wɔkɔfaa Frigia ne Galatia+ asase so, ɛfiri sɛ honhom kronkron no baraa wɔn sɛ wɔnnka asɛm no wɔ Asia mantam mu. 7 Na berɛ a wɔduruu Misia no, wɔbɔɔ mmɔden sɛ wɔbɛkɔ Bitinia,+ nanso Yesu honhom no amma wɔn kwan. 8 Enti wɔtwaam wɔ Misia kɔɔ Troa.+ 9 Na ɛduruu anadwo no, Paulo nyaa anisoadehunu+ bi: na ɔbarima bi a ɔfiri Makedonia gyina hɔ resrɛ no sɛ: “Twa bra Makedonia bɛboa yɛn.” 10 Na ɔnyaa anisoadehunu no ara pɛ, yɛsiim sɛ yɛrekɔ Makedonia,+ ɛfiri sɛ yɛhunuu sɛ Onyankopɔn na afrɛ yɛn sɛ yɛnkɔka asɛmpa no nkyerɛ wɔn.

11 Enti yɛfaa nsuo so firii Troa baa Samotrake tẽẽ, na adeɛ kyeeɛ no, yɛkɔɔ Neapoli, 12 na yɛfirii hɔ no yɛkɔɔ Filipi+ a ɛyɛ atubrafoɔ kuro titire wɔ Makedonia mantam no mu.+ Yɛdii nna kakra wɔ saa kuro yi mu. 13 Na homeda duruiɛ no, yɛpue faa kuro no pono ano kɔɔ asubɔnten bi ho, faako a na yɛsusu sɛ yɛbɛnya baabi a wɔbɔ mpaeɛ; na yɛtenaa ase kasa kyerɛɛ mmaa a na wɔahyiam wɔ hɔ no. 14 Ɔbaa bi a wɔfrɛ no Lidia a ɔtɔn ntoma kɔkɔɔ a ɔfiri Tiatira+ na ɔsom Onyankopɔn no tieeɛ, na Yehowa buee n’akoma mu+ fann maa no yɛɛ asõ maa nsɛm a Paulo kaeɛ no. 15 Afei berɛ a wɔbɔɔ ɔne ne fiefoɔ asu+ no, ɔde nkotɔsrɛ kaa sɛ: “Sɛ moabu me sɛ ɔnokwafoɔ ama Yehowa a, mommɛtena me fie.”+ Na ɔyɛeɛ ara maa yɛkɔɔ hɔ.+

16 Na ɛbaa sɛ yɛrekɔ baabi a wɔbɔ mpaeɛ no, abaawa bi a ɔwɔ akɔm honhom+ ne yɛn hyiaeɛ. Ná ɔka daakye nsɛm ma ne wuranom nya mfasoɔ+ pii. 17 Abaayewa yi dii yɛne Paulo akyi teateaam+ sɛ: “Nnipa yi yɛ Ɔsorosoro Nyankopɔn no nkoa a wɔreka nkwagyeɛ kwan no ho asɛm akyerɛ mo.” 18 Ɔyɛɛ saa nna pii. Afei ɛyɛɛ Paulo ahomete+ na ɔdanee ne ho ka kyerɛɛ honhom no sɛ: “Mehyɛ wo Yesu Kristo din mu sɛ firi ne mu fi.”+ Na ɔfirii ne mu dɔn no ara.+

19 Afei berɛ a ne wuranom hunuu sɛ deɛ wɔn ani da so a ɛbɛma wɔn mfasoɔ no afiri wɔn nsa+ no, wɔsosɔɔ Paulo ne Silas mu twee wɔn kɔɔ dwa so kɔmaa atumfoɔ no,+ 20 na wɔde wɔn kɔmaa ɔman mpanimfoɔ no kaa sɛ: “Nnipa yi yɛ Yudafoɔ a wɔreha+ yɛn kuro yi paa, 21 na wɔkyerɛkyerɛ amanneɛ+ ahodoɔ bi a mmara mma yɛn a yɛyɛ Romafoɔ no kwan sɛ yɛdi akyire anaa yɛyɛ.” 22 Na nnipakuo no nyinaa sɔre kɔɔ wɔn so; na berɛ a ɔman no mu mpanimfoɔ no sunsuanee wɔn ntadeɛ ngugusoɔ mu no, wɔhyɛɛ sɛ wɔmmɔ wɔn mmaa.+ 23 Wɔbɔɔ wɔn mmaa pii+ wieeɛ no, wɔde wɔn kɔguu afiase hyɛɛ afiasehwɛfoɔ no sɛ ɔnhwɛ wɔn so yie.+ 24 Ɛsiane sɛ wɔhyɛɛ no saa nti, ɔde wɔn kɔguu afiase a ɛhyɛ mfimfini paa+ no mu kyekyeree wɔn nan bɔɔ dua mu.+

25 Na bɛyɛ dasuom+ no, Paulo ne Silas bɔɔ mpaeɛ too dwom yii Onyankopɔn ayɛ;+ na nneduafoɔ no tee wɔn nka. 26 Mpofirem ara na asasewosoɔ kɛseɛ bi si maa afiase no nnyinasoɔ wosoeɛ. Afei apono no nyinaa buebuee amonom hɔ ara, na wɔn nyinaa nkɔnsɔnkɔnsɔn no sanesaneeɛ.+ 27 Berɛ a afiasehwɛfoɔ no sɔre firii nna mu a ɔhunuu sɛ afiase apono no abuebue no, ɔtwee ne nkrantɛ sɛ anka ɔrebɛku ne ho,+ ɛfiri sɛ na ɔsusu sɛ nneduafoɔ no adwane.+ 28 Na Paulo de nne kɛseɛ teaam sɛ: “Nyɛ wo ho bɔne biara+ na yɛn nyinaa wɔ ha!” 29 Ɛnna ɔkɔgyee kanea de mmirika bɔ wuraa hɔ, na ɔde ahopopoɔ hwee+ Paulo ne Silas anim. 30 Na ɔde wɔn baa abɔnten kaa sɛ: “Me wuranom, menyɛ dɛn+ na manya nkwa?” 31 Wɔkaa sɛ: “Gye Awurade Yesu di na wɔbɛgye wo nkwa,+ wo ne wo fiefoɔ.”+ 32 Na wɔkaa Yehowa asɛm kyerɛɛ ɔne wɔn a wɔwɔ ne fie nyinaa.+ 33 Na ɔde wɔn kɔɔ anadwo no ara kɔhohoroo wɔn akuro anim; na wɔbɔɔ ɔne ne ho nnipa nyinaa asu+ ntɛm ara. 34 Na ɔde wɔn baa ne fie bɛtoo wɔn pono, na ɔne ne fiefoɔ nyinaa dii ahurisie kɛse sɛ afei wabɛgye Onyankopɔn adie.

35 Berɛ a adeɛ kyeeɛ no, ɔman mpanimfoɔ+ no somaa awɛmfoɔ kɔkaa sɛ: “Gyaa nnipa no ma wɔnkɔ.” 36 Ɛnna afiasehwɛfoɔ no kaa deɛ wɔbɛkaeɛ no kyerɛɛ Paulo sɛ: “Mpanimfoɔ no asoma nnipa aba sɛ mennyaa mo. Enti afei mommɛsene nkɔ asomdwoeɛ mu.” 37 Nanso Paulo ka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Wɔhwee yɛn badwam berɛ a yɛnni fɔ, nnipa a yɛyɛ Romafoɔ,+ na wɔde yɛn guu afiase; na afei deɛ wɔreyi yɛn kodɛɛ? Dabi! mmom wɔn ara mmra mmɛyi yɛn.” 38 Enti awɛmfoɔ no kɔkaa nsɛm yi kyerɛɛ mpanimfoɔ no. Berɛ a wɔtee sɛ wɔyɛ Romafoɔ no, wɔbɔɔ hu.+ 39 Enti wɔbɛpaa wɔn kyɛw, na wɔyii wɔn no, wɔsrɛɛ wɔn sɛ wɔmfiri kuro no mu nkɔ. 40 Na wɔfirii afiase hɔ kɔɔ Lidia fie, na wɔhunuu anuanom no, wɔhyɛɛ wɔn nkuran+ na wɔkɔeɛ.

Twi Asante Nwoma Ahodoɔ (2012-2022)
Firi Mu
Kɔ Mu
  • Twi (Asante)
  • Fa Mane
  • Yɛ Nsakraeɛ a Wopɛ Wɔ Ha
  • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
  • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛeɛ
  • Sɛdeɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • Kyerɛ Sɛdeɛ Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • JW.ORG
  • Kɔ Mu
Fa Mane