Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NWOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NWOMAKORABEA
Twi (Asante)
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NWOMA
  • ASAFO NHYIAMU
  • Asomafoɔ Nnwuma 11
  • Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ

Deɛ woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

Asomafoɔ Nnwuma 11:1

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Sak 2:11; Lu 2:32; Aso 14:27

Asomafoɔ Nnwuma 11:2

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Aso 10:45; Ga 2:12

Asomafoɔ Nnwuma 11:6

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Aso 10:12

Asomafoɔ Nnwuma 11:7

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Aso 10:13

Asomafoɔ Nnwuma 11:8

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Hes 4:14; Mt 15:11; Aso 10:14

Asomafoɔ Nnwuma 11:9

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Aso 15:9

Asomafoɔ Nnwuma 11:10

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Aso 10:16

Asomafoɔ Nnwuma 11:11

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Aso 10:17

Asomafoɔ Nnwuma 11:12

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Yoh 16:13; Aso 10:19
  • +Aso 10:23; 15:7

Asomafoɔ Nnwuma 11:13

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Aso 10:30

Asomafoɔ Nnwuma 11:14

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Aso 16:30

Asomafoɔ Nnwuma 11:15

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Aso 2:4

Asomafoɔ Nnwuma 11:16

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Mt 3:11; Mr 1:8; Lu 3:16; Aso 1:5
  • +Yes 44:3; Yoe 2:28; Yoh 1:33; Aso 2:17

Asomafoɔ Nnwuma 11:17

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Aso 15:8; Ga 3:2
  • +Da 4:35; Aso 10:47

Asomafoɔ Nnwuma 11:18

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Aso 21:14
  • +Lu 2:20; Aso 13:48; 14:27
  • +Yes 11:10; Aso 17:30; 20:21; Ro 10:12; 15:9

Asomafoɔ Nnwuma 11:19

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Aso 8:1
  • +Aso 21:2
  • +Aso 21:3
  • +Mt 10:6

Asomafoɔ Nnwuma 11:20

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Aso 6:1; 9:29
  • +Mr 13:10; Efe 3:8

Asomafoɔ Nnwuma 11:21

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Lu 1:66
  • +Aso 2:47; 9:35

Asomafoɔ Nnwuma 11:22

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Aso 4:36

Asomafoɔ Nnwuma 11:23

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Heb 12:15
  • +3Yo 4
  • +Aso 13:43; 14:22

Asomafoɔ Nnwuma 11:24

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Aso 2:47; 4:4; 5:14; 9:31

Asomafoɔ Nnwuma 11:25

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Aso 21:39
  • +Aso 9:30

Asomafoɔ Nnwuma 11:26

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Aso 9:2

Asomafoɔ Nnwuma 11:27

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Aso 13:1; 15:32; 1Ko 12:28; Efe 4:11

Asomafoɔ Nnwuma 11:28

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Aso 21:10
  • +Mt 24:7; Lu 4:25

Asomafoɔ Nnwuma 11:29

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +2Ko 8:12
  • +Le 25:35; Mme 3:27; Aso 24:17; Ro 15:26; 1Ko 16:1; Ga 2:10

Asomafoɔ Nnwuma 11:30

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Aso 12:25; Ga 2:1

Bible Afoforɔ

Klike nkyekyɛmu bi so. Ɛbɛma woahunu asɛm korɔ no ara wɔ Bible afoforɔ mu.

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So No Nyinaa

Aso. 11:1Sak 2:11; Lu 2:32; Aso 14:27
Aso. 11:2Aso 10:45; Ga 2:12
Aso. 11:6Aso 10:12
Aso. 11:7Aso 10:13
Aso. 11:8Hes 4:14; Mt 15:11; Aso 10:14
Aso. 11:9Aso 15:9
Aso. 11:10Aso 10:16
Aso. 11:11Aso 10:17
Aso. 11:12Yoh 16:13; Aso 10:19
Aso. 11:12Aso 10:23; 15:7
Aso. 11:13Aso 10:30
Aso. 11:14Aso 16:30
Aso. 11:15Aso 2:4
Aso. 11:16Mt 3:11; Mr 1:8; Lu 3:16; Aso 1:5
Aso. 11:16Yes 44:3; Yoe 2:28; Yoh 1:33; Aso 2:17
Aso. 11:17Aso 15:8; Ga 3:2
Aso. 11:17Da 4:35; Aso 10:47
Aso. 11:18Aso 21:14
Aso. 11:18Lu 2:20; Aso 13:48; 14:27
Aso. 11:18Yes 11:10; Aso 17:30; 20:21; Ro 10:12; 15:9
Aso. 11:19Aso 8:1
Aso. 11:19Aso 21:2
Aso. 11:19Aso 21:3
Aso. 11:19Mt 10:6
Aso. 11:20Aso 6:1; 9:29
Aso. 11:20Mr 13:10; Efe 3:8
Aso. 11:21Lu 1:66
Aso. 11:21Aso 2:47; 9:35
Aso. 11:22Aso 4:36
Aso. 11:23Heb 12:15
Aso. 11:233Yo 4
Aso. 11:23Aso 13:43; 14:22
Aso. 11:24Aso 2:47; 4:4; 5:14; 9:31
Aso. 11:25Aso 21:39
Aso. 11:25Aso 9:30
Aso. 11:26Aso 9:2
Aso. 11:27Aso 13:1; 15:32; 1Ko 12:28; Efe 4:11
Aso. 11:28Aso 21:10
Aso. 11:28Mt 24:7; Lu 4:25
Aso. 11:292Ko 8:12
Aso. 11:29Le 25:35; Mme 3:27; Aso 24:17; Ro 15:26; 1Ko 16:1; Ga 2:10
Aso. 11:30Aso 12:25; Ga 2:1
  • Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
  • Kenkan wɔ Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ (Asante) mu
  • 1
  • 2
  • 3
  • 4
  • 5
  • 6
  • 7
  • 8
  • 9
  • 10
  • 11
  • 12
  • 13
  • 14
  • 15
  • 16
  • 17
  • 18
  • 19
  • 20
  • 21
  • 22
  • 23
  • 24
  • 25
  • 26
  • 27
  • 28
  • 29
  • 30
Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
Asomafoɔ Nnwuma 11:1-30

Asomafoɔ Nnwuma

11 Afei asomafoɔ no ne anuanom a wɔwɔ Yudea no tee sɛ amanaman+ mufoɔ no nso agye Onyankopɔn asɛm. 2 Enti berɛ a Petro baa Yerusalem no, wɔn a wɔgyina twetiatwa+ akyi no firii aseɛ ne no kasakasaeɛ 3 kaa sɛ wakɔ nnipa a wɔntwaa wɔn twetia fie ne wɔn akɔdidi. 4 Ɛnna Petro firii aseɛ kyerɛkyerɛɛ nsɛm no mu kyerɛɛ wɔn sɛ:

5 “Na mewɔ Yopa kuro mu rebɔ mpaeɛ na adeɛ tɔɔ me so maa menyaa anisoadehunu bi, ɛsɛn bi a ɛresiane firi soro te sɛ nwera kɛseɛ bi a wɔregyaa anoano nnan no, na ɛbaa baabi a na mewɔ no. 6 Mehwɛɛ mu no, mehunuu asase so ntɔteboa ne nkekaboa ne mmoa a wɔwea ne ewiem nnomaa.+ 7 Metee nso sɛ ɛnne bi reka akyerɛ me sɛ, ‘Petro, sɔre kum di!’+ 8 Ɛnna mekaa sɛ, ‘Dabida, Awurade, ɛfiri sɛ biribi a ɛho agu fĩ anaa ɛho nteɛ biara nkɔɔ m’anom da.’+ 9 Ɛnne a ɛfiri soro no kaa no ne mprenu soɔ sɛ, ‘Mfrɛ nneɛma a Onyankopɔn ate ho sɛ ɛho agu fĩ.’+ 10 Yei kɔɔ so mprɛnsa, na wɔtwee biribiara san kɔɔ soro.+ 11 Afei hwɛ! prɛko pɛ mmarima mmiɛnsa a wɔasoma wɔn firi Kaesarea sɛ wɔmmra me nkyɛn bɛgyinaa fie a yɛte mu no ano.+ 12 Enti honhom+ no ka kyerɛɛ me sɛ me ne wɔn nkɔ, memmma m’adwenem nnyɛ me naa koraa. Na anuanom nsia yi nso ne me kɔeɛ, na yɛwuraa ɔbarima no fie.+

13 “Ɔka kyerɛɛ yɛn sɛ ɔhunuu ɔbɔfoɔ sɛ ɔgyina ne fie reka sɛ, ‘Soma nnipa kɔ Yopa ma wɔnkɔfrɛ Simon a wɔfrɛ no Petro no mmara,+ 14 na ɔbɛka deɛ ɛbɛma wɔagye wo ne wo fiefoɔ nyinaa nkwa akyerɛ wo.’+ 15 Na berɛ a mefirii aseɛ sɛ merekasa no, honhom kronkron baa wɔn so sɛdeɛ yɛn nso ɛbaa yɛn soɔ mfitiaseɛ no.+ 16 Ɛnna mekaee Awurade asɛm no, sɛdeɛ na ɔtaa ka sɛ, ‘Yohane deɛ, ɔde nsuo na ɛbɔɔ asuo,+ nanso mo deɛ wɔde honhom kronkron na ɛbɛbɔ mo asu.’+ 17 Enti sɛ Onyankopɔn maa wɔn akyɛdeɛ korɔ no ara sɛdeɛ ɔmaa yɛn a yɛagye Awurade Yesu Kristo adie no+ a, mene hwan a mɛtumi asi Nyankopɔn kwan?”+

18 Afei berɛ a wɔtee yeinom no, wɔgye toom+ hyɛɛ Onyankopɔn animuonyam+ sɛ: “Ɛnneɛ Onyankopɔn ama amanaman mufoɔ nso anya adwensakra a ɛkɔ nkwa mu.”+

19 Enti wɔn a ahohiahia a ɛnam Stefano so baeɛ no maa wɔbɔ hweteeɛ+ no kɔeɛ ara kɔfaa Foinike+ ne Kipro+ ne Antiokia, nanso wɔanka asɛm no ankyerɛ obiara sɛ Yudafoɔ nko ara.+ 20 Na na Kiprofoɔ ne Kirenefoɔ bi wɔ wɔn mu a wɔaba Antiokia, na wɔfirii aseɛ ne wɔn a wɔka Hela kasa+ no kasaeɛ, na wɔkaa Awurade Yesu ho asɛmpa.+ 21 Bio nso, na Yehowa nsa+ wɔ wɔn so, na nnipa pii bɛyɛɛ agyidifoɔ dane baa Awurade nkyɛn.+

22 Wɔn ho asɛm duruu asafo a ɛwɔ Yerusalem no asom, na wɔsomaa Barnaba+ kɔeɛ ara kɔduruu Antiokia. 23 Berɛ a ɔduruu hɔ na ɔhunuu Onyankopɔn adom+ no, ɔdii ahurisie+ na ɔfirii aseɛ hyɛɛ wɔn nyinaa nkuran sɛ wɔnkɔ so mfa akoma pintinn ntena Awurade mu;+ 24 na ɔyɛ onipa pa na honhom kronkron ne gyidie ayɛ no mã. Na nnipadɔm bɛkaa Awurade ho.+ 25 Enti ɔfirii hɔ kɔɔ Tarso+ kɔhwehwɛɛ Saul dendeenden,+ 26 na ɔhunuu no no, ɔde no baa Antiokia. Enti ɛbaa sɛ afe mũ no nyinaa no wɔne wɔn hyiaam wɔ asafo no mu, na wɔkyerɛkyerɛɛ nnipadɔm pii, na Antiokia na wɔdii kan frɛɛ asuafoɔ no Kristofoɔ wɔ Onyankopɔn akwankyerɛ ase.+

27 Saa nna no mu no adiyifoɔ+ firi Yerusalem baa Antiokia. 28 Wɔn mu baako a wɔfrɛ no Agabo+ sɔreeɛ, na ɔnam honhom so kyerɛɛ sɛ ɛkɔm kɛseɛ bi reba asase nyinaa so;+ na ɛbaa mu nso wɔ Klaudio berɛ so. 29 Enti asuafoɔ no nyinaa bɔɔ wɔn tirim sɛdeɛ wɔn mu biara bɛtumi,+ sɛ wɔde asetenadeɛ+ bɛkɔ akɔsom anuanom a wɔwɔ Yudea no; 30 na wɔyɛɛ saa, somaa Barnaba ne Saul+ maa wɔde kɔmaa mpanimfoɔ no.

Twi Asante Nwoma Ahodoɔ (2012-2022)
Firi Mu
Kɔ Mu
  • Twi (Asante)
  • Fa Mane
  • Yɛ Nsakraeɛ a Wopɛ Wɔ Ha
  • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
  • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛeɛ
  • Sɛdeɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • Kyerɛ Sɛdeɛ Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • JW.ORG
  • Kɔ Mu
Fa Mane