Leviticus 25:35 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 35 “‘Sɛ ɛhia wo nua ma ne ho kyere no+ a, boa no.+ Na ma no ntena wo nkyɛn sɛ ɔhɔhoɔ ne otubrafoɔ.+ Mmebusɛm 3:27 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 27 Mfa yieyɛ nkame wɔn a ɛsɛ wɔn,+ berɛ a wowɔ tumi a wode bɛyɛ.+ Asomafoɔ Nnwuma 24:17 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 17 Enti mfeɛ kakra akyi no, mede adɔeɛyɛdeɛ brɛɛ me man, ɛne ayɛyɛdeɛ.+ Romafoɔ 15:26 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 26 Na wɔn a wɔwɔ Makedonia ne Akaia+ no ani gye sɛ wɔde deɛ wɔwɔ ma sɛ ntoboa+ kɔma akronkronfoɔ a wɔwɔ Yerusalem no mu ahiafoɔ. 1 Korintofoɔ 16:1 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 16 Na ɛdefa ntoboa+ a wɔgyegye ma akronkronfoɔ+ ho no, sɛdeɛ mede ahyɛdeɛ maa Galatia+ asafo ahodoɔ no, mo nso monyɛ no saa ara. Galatifoɔ 2:10 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 10 Nanso na ɛsɛ sɛ yɛkae ahiafoɔ.+ Ade korɔ no ara na mayere me ho dendeenden ayɛ.+
26 Na wɔn a wɔwɔ Makedonia ne Akaia+ no ani gye sɛ wɔde deɛ wɔwɔ ma sɛ ntoboa+ kɔma akronkronfoɔ a wɔwɔ Yerusalem no mu ahiafoɔ.
16 Na ɛdefa ntoboa+ a wɔgyegye ma akronkronfoɔ+ ho no, sɛdeɛ mede ahyɛdeɛ maa Galatia+ asafo ahodoɔ no, mo nso monyɛ no saa ara.