Mateo
24 Afei Yesu firii asɔrefie hɔ sii kwan so sɛ ɔrekɔ, na n’asuafoɔ no baa ne nkyɛn bɛkyerɛɛ no adan a ɛwɔ asɔrefie hɔ no.+ 2 Ɔbua see wɔn sɛ: “Monhunu yeinom nyinaa? Nokorɛm mese mo sɛ, wɔrennya ɛboɔ wɔ boɔ so wɔ ha ɛkwan biara so a wɔrennwiri ngu fam.”+
3 Berɛ a ɔte Ngo Bepɔ soɔ no, asuafoɔ no baa ne nkyɛn kokoam bɛkaa sɛ: “Ka kyerɛ yɛn, berɛ bɛn na yeinom bɛba mu, na ɛdeɛn na ɛbɛyɛ wo mmaeɛ*+ ne berɛ a ɛwɔ hɔ yi awieeɛ ho sɛnkyerɛnne?”+
4 Ɛnna Yesu buaa wɔn sɛ: “Monhwɛ yie na obiara annaadaa mo;+ 5 ɛfiri sɛ nnipa bebree de me din bɛba abɛka sɛ, ‘Mene Kristo no,’ na wɔbɛdaadaa nnipa bebree.+ 6 Mobɛte ɛko ne ɛko ho amanneɛbɔ; monhwɛ na moammɔ hu. Na ɛtwa sɛ yeinom sisie, nanso na awieeɛ no nnya nnuruiɛ.+
7 “Na ɔman bɛsɔre atia ɔman+ na ahennie atia ahennie,+ na aduankɔm+ ne asasewosoɔ+ bɛba mmeammea. 8 Yeinom nyinaa yɛ awoko yea mfitiaseɛ.
9 “Ɛnna nkurɔfoɔ bɛyi mo ama ahohia+ na wɔaku+ mo, na me din nti+ aman nyinaa bɛtan+ mo. 10 Afei nso, nnipa bebree bɛsunti,+ na wɔbɛyiyi wɔn ho ama atentan wɔn ho.+ 11 Na atorɔ adiyifoɔ+ bebree bɛsɔre abɛdaadaa nnipa bebree,+ 12 na amumuyɔ+ a ɛbɛdɔɔso nti nnipa dodoɔ no ara dɔ ano bɛdwo.+ 13 Na deɛ ɔbɛgyina+ mu akɔsi awieeɛ no, ɔno na wɔbɛgye no nkwa.+ 14 Na wɔbɛka ahennie+ ho asɛmpa+ yi wɔ asase so nyinaa de adi amanaman nyinaa adanseɛ;+ ɛno ansa na awieeɛ+ no bɛba.
15 “Enti sɛ mohunu akyiwadeɛ+ a ɛbɔ man a wɔnam odiyifoɔ Daniel so kaa ho asɛm no sɛ ɛgyina kronkronbea hɔ a,+ (ma ɔkenkanfoɔ no mfa nhunumu nyɛ adwuma,) 16 afei momma wɔn a wɔwɔ Yudea mfiri aseɛ nnwane+ nkɔ mmepɔ so. 17 Mma deɛ ɔwɔ ɛdan atifi no nnsi mmma mmmɛfa biribi wɔ ne fie, 18 na mma deɛ ɔwɔ afuo mu no nnsan mmma fie mmmɛfa n’atadeɛ ngugusoɔ. 19 Nna no mu no, mmaa a wɔanyinsɛn ne wɔn a wɔma nufoɔ nnue!+ 20 Monkɔ so mmɔ mpaeɛ na berɛ a mode bɛdwane no ansi awɔ berɛ mu anaa homeda; 21 afei ahohiahia kɛseɛ+ a, ɛfiri wiase mfitiaseɛ bɛsi seesei ebi nsiiɛ,+ na ebi nso nsi bio bɛba. 22 Nokorɛm no, sɛ wɔantwa nna no so a, ɔhonam biara nni hɔ a wɔbɛgye no nkwa; nanso wɔn a wɔayi wɔn no nti+ wɔbɛtwa nna no so.+
23 “Afei sɛ obi ka kyerɛ mo sɛ, ‘Hwɛ! Kristo wɔ ha,’+ anaa ‘Ɛhɔ!’ a, monnnye nnni.+ 24 Na atorɔ Kristo+ ne atorɔ adiyifoɔ+ bɛsɔre, na wɔbɛyɛ nsɛnkyerɛnne+ akɛseɛ ne anwanwadeɛ sɛdeɛ ɛbɛyɛ a sɛ ɛbɛyɛ yie a, wɔbɛdaadaa wɔn a wɔayi wɔn no+ mpo. 25 Hwɛ! madi kan abɔ mo kɔkɔ.+ 26 Enti sɛ wɔka kyerɛ mo sɛ ‘Hwɛ! Ɔwɔ serɛ so’ a, monnkɔ; ‘Hwɛ! Ɔwɔ pia mu’ a, monnnye nnni.+ 27 Na sɛdeɛ anyinam+ pae firi apueeɛ na ɛhyerɛn kɔ atɔeɛ no, saa ara na onipa Ba no mmaeɛ bɛyɛ.+ 28 Baabiara a efunu wɔ no, ɛhɔ na akɔdeɛ+ bɛboaboa wɔn ho ano.+
29 “Nna no mu ahohiahia no akyi pɛɛ no, awia bɛduru sum+ na bosome+ renhyerɛn, na nsoromma bɛfiri soro ahwehwe fam, na wɔbɛwoso ɔsoro ahoɔden.+ 30 Ɛnna onipa Ba+ no ho sɛnkyerɛnne bɛda adi ɔsoro, na asase so mmusuakuo nyinaa abɔ abubuo,+ na wɔbɛhunu sɛ onipa Ba no nam ɔsoro mununkum mu de tumi ne animuonyam kɛseɛ reba.+ 31 Na ɔbɛsoma n’abɔfoɔ ama wɔde totorobɛnto nnyegyeeɛ a ano yɛ den aba,+ na wɔbɛboaboa wɔn a wayi wɔn+ no ano afiri mframa nnan no mu,+ firi ɔsoro ano kɔsi ano nohoa.
32 “Afei monsua biribi mfiri borɔdɔma dua ho mfatoho yi mu: Sɛ ɛnya fefɛ na ɛyiyi nhahan ara pɛ a, monim sɛ ahuhuro berɛ abɛn.+ 33 Saa ara na mo nso, sɛ mohunu yeinom nyinaa a, monhunu sɛ wabɛn apono ano.+ 34 Nokorɛm mese mo sɛ saa awoɔ ntoatoasoɔ+ yi rentwam da kɔsi sɛ yeinom nyinaa bɛba mu. 35 Ɔsoro ne asase bɛtwam,+ nanso me nsɛm rentwam da.+
36 “Ɛdefa saa da no ne dɔn no ho+ deɛ obiara nnim, abɔfoɔ a wɔwɔ ɔsoro ne Ɔba no mpo nnim, gye Agya no nko.+ 37 Na sɛdeɛ na Noa+ nna no teɛ no, saa ara na onipa Ba no mmaeɛ bɛyɛ.+ 38 Na nna a ɛdii nsuyire no anim no, wɔdidi nomeeɛ, mmarima warewareeɛ na wɔde mmaa memaa awareɛ kɔsii da a Noa+ hyɛn adaka no mu,+ 39 na wɔanhunu kɔsii sɛ nsuyire no ba bɛpraa wɔn nyinaa kɔeɛ.+ Na saa ara na onipa Ba no mmaeɛ nso bɛyɛ. 40 Na mmarima mmienu bɛkɔ afuo mu: wɔbɛfa baako agya baako; 41 mmaa mmienu bɛyam adeɛ oyuyammoɔ so:+ wɔbɛfa baako agya baako.+ 42 Enti monkɔ so nwɛn, ɛfiri sɛ monnim da ko a mo Wura bɛba.+
43 “Monhunu yei sɛ, sɛ efiewura nim dɔn ko a ɔkorɔmfoɔ bɛba a,+ anka ɔwɛneeɛ na wannya kwan ammɛbu ne fie amma mu. 44 Yei nti mo nso monsiesie mo ho,+ ɛfiri sɛ dɔn a mo ani nna soɔ mu na onipa Ba no bɛba.
45 “Hwan koraa ne akoa nokwafoɔ ne ɔbadwemma+ a ne wura de no asi n’asomfoɔ so sɛ ɔmma wɔn aduane ɛberɛ a ɛsɛ mu no?+ 46 Anigyeɛ+ ne akoa a ne wura bɛba abɛhunu sɛ ɔreyɛ saa! 47 Nokorɛm mese mo sɛ, Ɔde no bɛsi deɛ ɔwɔ nyinaa so.+
48 “Nanso sɛ akoa bɔne no ka no n’akomam sɛ,+ ‘Me wura rekyɛ,’+ 49 na sɛ ɔfiri aseɛ hwe ne mfɛfoɔ nkoa no na ɔne akɔwensafoɔ didi nom a, 50 saa akoa no wura bɛba da a ɔnhwɛ kwan ne dɔn+ a ɔnnim, 51 na ɔbɛtwe n’asõ dendeenden+ ama no ne kyɛfa wɔ nyaatwomfoɔ mu. Ɛhɔ na ɔbɛsu atwerɛ ne sẽ.+