Tito
3 Kɔ so kae wɔn sɛ wɔmmrɛ wɔn ho ase+ nyɛ ɔsetie mma nnisoɔ ne tumi hodoɔ,+ na wɔnsiesie wɔn ho mma adwuma pa+ biara, 2 wɔnnka obiara ho asɛmmɔne, wɔnnyɛ ntɔkwapɛfoɔ;+ wɔnyɛ nnipa a wɔte asɛm ase,+ na wɔnnwo koraa mma nnipa nyinaa.+ 3 Ɛfiri sɛ yɛn nso berɛ bi a atwam no na yɛnni adwene, na yɛn aso yɛ den, na yɛayera; akɔnnɔ ne anigyedeɛ de yɛn yɛɛ nkoa, na yɛtenaa nnebɔne ne anibereɛ mu, yɛɛ nneɛma a ɛyɛ abofono, na yɛtentan yɛn ho.+
4 Nanso berɛ a yɛn Agyenkwa+ Nyankopɔn ayamyɛ+ ne ɔdɔ a ɔwɔ ma nnipa daa adie+ 5 a ɛnnyina tenenee nnwuma+ a yɛyɛeɛ so+ na mmom ɛgyina ne mmɔborɔhunu soɔ+ no, ɔnam adwareɛ+ a ɛde yɛn baa nkwa+ mu ne honhom kronkron+ a ɛyɛɛ yɛn foforɔ no so gyee yɛn nkwa. 6 Saa honhom no na ɔnam yɛn Agyenkwa Yesu Kristo so hwie guu yɛn so maa no buu soɔ,+ 7 sɛdeɛ ɛbɛyɛ a sɛ wɔnam n’adom+ so bu yɛn bem+ a, yɛbɛyɛ adedifoɔ+ sɛdeɛ daa nkwa+ anidasoɔ no kyerɛ no.
8 Nsɛm no yɛ nokorɛ,+ na yeinom na mepɛ sɛ wokɔ so hyɛ mu den sɛdeɛ ɛbɛyɛ a wɔn a wɔagye Onyankopɔn adie no de wɔn adwene bɛsi nnwuma pa so na wɔakɔ so ayɛ.+ Yeinom ne nneɛma a ɛyɛ na ɛso wɔ mfasoɔ ma nnipa.
9 Nanso twe wo ho firi akyinnyegyeɛ a nyansa nnim+ ne abusua santen+ ho nsɛm ne ntawantawadie+ ne Mmara+ ho ntɔkwa ho, ɛfiri sɛ mfasoɔ biara nni so, na ɛyɛ adehunu. 10 Na obi a ɔkyerɛkyerɛ atosɛm+ deɛ, berɛ a woatu no foɔ+ deɛ ɛdi kan ne ne mprenu soɔ no, po no;+ 11 Hunu sɛ onipa a ɔte saa no afom kwan na ɔreyɛ bɔne, na wabu ne ho fɔ.+
12 Sɛ mesoma Artema anaa Tihiko+ ba wo nkyɛn a, bɔ mmɔden bra me nkyɛn wɔ Nikopoli, na ɛhɔ na mabɔ me tirim sɛ mɛtena awɔ berɛ+ no mu. 13 Hwɛ na ma Sena a ne ho akokwa Mmara no mu no ne Apolo deɛ wɔhia ma wɔn akwantuo no, na biribiara anhia wɔn.+ 14 Na ma yɛn nkurɔfoɔ no nso nsua sɛ wɔbɛkura nnwuma pa mu na wɔde adi nneɛma a ɛhia dendeenden ho dwuma,+ na wɔanyɛ nnipa a wɔnso aba.+
15 Wɔn a wɔwɔ me nkyɛn nyinaa kyeakyea wo.+ Kyea wɔn a wɔdɔ yɛn wɔ gyidie mu no ma me.
Adom nka mo+ nyinaa.