Hosea
14 “O Israel, san bra Yehowa wo Nyankopɔn nkyɛn,+ ɛfiri sɛ wo bɔne ama woawatiri.+ 2 Momfa nsɛm mmra Yehowa nkyɛn.+ Monka nkyerɛ no sɛ, ‘Fa bɔne firi+ na gye papa, na yɛde yɛn ano bɛbɔ anantwinini afɔdeɛ.+ 3 Asiria rentumi nnye yɛn nkwa.+ Na yɛrentena apɔnkɔ so.+ Yɛrenka nkyerɛ yɛn nsa ano adwuma bio sɛ: “O yɛn Nyankopɔn!” ɛfiri sɛ wo na wohunu agyanka mmɔbɔ.’+
4 “Mɛsa wɔn yareɛ afiri wɔn atuateɛ ho.+ Mɛyi me yam adɔ wɔn,+ ɛfiri sɛ m’abufuo adane afiri ne so.+ 5 Mɛyɛ sɛ bosuo ama Israel.+ Ɔbɛyɛ frɔmm sɛ sukooko na ne nhini atenetene sɛ Lebanon. 6 Ne mman bɛdendan, na n’animuonyam ayɛ sɛ ngodua,+ na ayi hwa sɛ Lebanon. 7 Afei wɔbɛtena ne nwunu ase+ bio na wɔadua aba; na wɔbɛfefɛ sɛ bobe.+ Na wɔbɛkae no sɛ Lebanon nsã.
8 “Efraim bɛka sɛ, ‘Ɛdeɛn bio na me ne ahoni wɔ yɛ?’+
“Na me ara mɛma mmuaeɛ na m’ani aku ne ho.+ Mete sɛ popaw dua frɔmfrɔm.+ Na me so na wobɛnya aba.”
9 Hwan ne onyansafoɔ a ɔbɛte nsɛm yi ase?+ Hwan ne ɔbadwemma a ɔbɛhunu?+ Yehowa akwan tene,+ na ateneneefoɔ na wɔbɛfa soɔ;+ nanso mmaratofoɔ bɛwatiri wɔ so.+