Deuteronomium 10:18 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 18 Ɔno na ɔbu atɛn ma nnyanka ne akunafoɔ,+ na ɔdɔ ahɔhoɔ+ ma wɔn aduane ne nkataho. Dwom 10:14 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 14 Wo na wohwɛ ɔhaw ne ateetee.Wohwɛ sɛ wo nsa bɛka wɔn.+Wo na agyanka mmɔborɔni+ de ne ho to wo soɔ.Ne boafoɔ ne wo.+ Dwom 68:5 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 5 Nnyanka agya ne akunafoɔ temmufoɔ+Ne Onyankopɔn a ɔte ne kronkronbea no.+ Dwom 146:9 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 9 Yehowa na ɔwɛn ɔhɔhoɔ;+Ɔno na ɔdi boa agyanka ne okunafoɔ,+Na nnebɔneyɛfoɔ kwan+ deɛ, ɔkyea no.+ Mmebusɛm 23:11 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 11 Wɔn Gyefoɔ no ho yɛ den; ɔno na ɔne wo bɛdi ama wɔn.+ Yakobo 1:27 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 27 Ɔsom a ɛho teɛ+ na efĩ biara nni ho+ yɛn Nyankopɔn ne Agya no ani soɔ ne yei: sɛ obi bɛhwɛ nnyanka+ ne akunafoɔ+ wɔn ahohia mu,+ na watwe ne ho afiri wiase+ nkekaeɛ+ ho.
14 Wo na wohwɛ ɔhaw ne ateetee.Wohwɛ sɛ wo nsa bɛka wɔn.+Wo na agyanka mmɔborɔni+ de ne ho to wo soɔ.Ne boafoɔ ne wo.+
27 Ɔsom a ɛho teɛ+ na efĩ biara nni ho+ yɛn Nyankopɔn ne Agya no ani soɔ ne yei: sɛ obi bɛhwɛ nnyanka+ ne akunafoɔ+ wɔn ahohia mu,+ na watwe ne ho afiri wiase+ nkekaeɛ+ ho.