Asomafoɔ Nnwuma
16 Enti ɔkɔduruu Derbe ne Listra.+ Na hwɛ! osuani bi wɔ hɔ a ne din de Timoteo+ a ɔyɛ Yudani baa gyidini bi ba, na ne papa yɛ Helani, 2 na anuanom a wɔwɔ Listra ne Ikoniom no kaa ne ho asɛmpa. 3 Paulo pɛɛ sɛ ɔne saa ɔbarima yi kɔ, na ɛsiane Yudafoɔ a wɔwɔ hɔ no nti, ɔfaa no twaa no twetia,+ ɛfiri sɛ na wɔn nyinaa nim sɛ ne papa yɛ Helani. 4 Afei berɛ a wɔnam nkuro no soɔ no, wɔde mmara a asomafoɔ no ne mpanimfoɔ a wɔwɔ Yerusalem asi ho gyinaeɛ no maa wɔn sɛ wɔnni so.+ 5 Enti asafo ahodoɔ no kɔɔ so yɛɛ den gyidie mu+ na wɔn dodoɔ kɔɔ animu daa.
6 Afei, wɔkɔfaa Frigia ne Galatia+ asase so, ɛfiri sɛ honhom kronkron no baraa wɔn sɛ wɔnnka asɛm no wɔ Asia mantam mu. 7 Na berɛ a wɔduruu Misia no, wɔbɔɔ mmɔden sɛ wɔbɛkɔ Bitinia,+ nanso Yesu honhom no amma wɔn kwan. 8 Enti wɔtwaam wɔ Misia kɔɔ Troa.+ 9 Na ɛduruu anadwo no, Paulo nyaa anisoadehunu+ bi: na ɔbarima bi a ɔfiri Makedonia gyina hɔ resrɛ no sɛ: “Twa bra Makedonia bɛboa yɛn.” 10 Na ɔnyaa anisoadehunu no ara pɛ, yɛsiim sɛ yɛrekɔ Makedonia,+ ɛfiri sɛ yɛhunuu sɛ Onyankopɔn na afrɛ yɛn sɛ yɛnkɔka asɛmpa no nkyerɛ wɔn.
11 Enti yɛfaa nsuo so firii Troa baa Samotrake tẽẽ, na adeɛ kyeeɛ no, yɛkɔɔ Neapoli, 12 na yɛfirii hɔ no yɛkɔɔ Filipi+ a ɛyɛ atubrafoɔ kuro titire wɔ Makedonia mantam no mu.+ Yɛdii nna kakra wɔ saa kuro yi mu. 13 Na homeda duruiɛ no, yɛpue faa kuro no pono ano kɔɔ asubɔnten bi ho, faako a na yɛsusu sɛ yɛbɛnya baabi a wɔbɔ mpaeɛ; na yɛtenaa ase kasa kyerɛɛ mmaa a na wɔahyiam wɔ hɔ no. 14 Ɔbaa bi a wɔfrɛ no Lidia a ɔtɔn ntoma kɔkɔɔ a ɔfiri Tiatira+ na ɔsom Onyankopɔn no tieeɛ, na Yehowa buee n’akoma mu+ fann maa no yɛɛ asõ maa nsɛm a Paulo kaeɛ no. 15 Afei berɛ a wɔbɔɔ ɔne ne fiefoɔ asu+ no, ɔde nkotɔsrɛ kaa sɛ: “Sɛ moabu me sɛ ɔnokwafoɔ ama Yehowa a, mommɛtena me fie.”+ Na ɔyɛeɛ ara maa yɛkɔɔ hɔ.+
16 Na ɛbaa sɛ yɛrekɔ baabi a wɔbɔ mpaeɛ no, abaawa bi a ɔwɔ akɔm honhom+ ne yɛn hyiaeɛ. Ná ɔka daakye nsɛm ma ne wuranom nya mfasoɔ+ pii. 17 Abaayewa yi dii yɛne Paulo akyi teateaam+ sɛ: “Nnipa yi yɛ Ɔsorosoro Nyankopɔn no nkoa a wɔreka nkwagyeɛ kwan no ho asɛm akyerɛ mo.” 18 Ɔyɛɛ saa nna pii. Afei ɛyɛɛ Paulo ahomete+ na ɔdanee ne ho ka kyerɛɛ honhom no sɛ: “Mehyɛ wo Yesu Kristo din mu sɛ firi ne mu fi.”+ Na ɔfirii ne mu dɔn no ara.+
19 Afei berɛ a ne wuranom hunuu sɛ deɛ wɔn ani da so a ɛbɛma wɔn mfasoɔ no afiri wɔn nsa+ no, wɔsosɔɔ Paulo ne Silas mu twee wɔn kɔɔ dwa so kɔmaa atumfoɔ no,+ 20 na wɔde wɔn kɔmaa ɔman mpanimfoɔ no kaa sɛ: “Nnipa yi yɛ Yudafoɔ a wɔreha+ yɛn kuro yi paa, 21 na wɔkyerɛkyerɛ amanneɛ+ ahodoɔ bi a mmara mma yɛn a yɛyɛ Romafoɔ no kwan sɛ yɛdi akyire anaa yɛyɛ.” 22 Na nnipakuo no nyinaa sɔre kɔɔ wɔn so; na berɛ a ɔman no mu mpanimfoɔ no sunsuanee wɔn ntadeɛ ngugusoɔ mu no, wɔhyɛɛ sɛ wɔmmɔ wɔn mmaa.+ 23 Wɔbɔɔ wɔn mmaa pii+ wieeɛ no, wɔde wɔn kɔguu afiase hyɛɛ afiasehwɛfoɔ no sɛ ɔnhwɛ wɔn so yie.+ 24 Ɛsiane sɛ wɔhyɛɛ no saa nti, ɔde wɔn kɔguu afiase a ɛhyɛ mfimfini paa+ no mu kyekyeree wɔn nan bɔɔ dua mu.+
25 Na bɛyɛ dasuom+ no, Paulo ne Silas bɔɔ mpaeɛ too dwom yii Onyankopɔn ayɛ;+ na nneduafoɔ no tee wɔn nka. 26 Mpofirem ara na asasewosoɔ kɛseɛ bi si maa afiase no nnyinasoɔ wosoeɛ. Afei apono no nyinaa buebuee amonom hɔ ara, na wɔn nyinaa nkɔnsɔnkɔnsɔn no sanesaneeɛ.+ 27 Berɛ a afiasehwɛfoɔ no sɔre firii nna mu a ɔhunuu sɛ afiase apono no abuebue no, ɔtwee ne nkrantɛ sɛ anka ɔrebɛku ne ho,+ ɛfiri sɛ na ɔsusu sɛ nneduafoɔ no adwane.+ 28 Na Paulo de nne kɛseɛ teaam sɛ: “Nyɛ wo ho bɔne biara+ na yɛn nyinaa wɔ ha!” 29 Ɛnna ɔkɔgyee kanea de mmirika bɔ wuraa hɔ, na ɔde ahopopoɔ hwee+ Paulo ne Silas anim. 30 Na ɔde wɔn baa abɔnten kaa sɛ: “Me wuranom, menyɛ dɛn+ na manya nkwa?” 31 Wɔkaa sɛ: “Gye Awurade Yesu di na wɔbɛgye wo nkwa,+ wo ne wo fiefoɔ.”+ 32 Na wɔkaa Yehowa asɛm kyerɛɛ ɔne wɔn a wɔwɔ ne fie nyinaa.+ 33 Na ɔde wɔn kɔɔ anadwo no ara kɔhohoroo wɔn akuro anim; na wɔbɔɔ ɔne ne ho nnipa nyinaa asu+ ntɛm ara. 34 Na ɔde wɔn baa ne fie bɛtoo wɔn pono, na ɔne ne fiefoɔ nyinaa dii ahurisie kɛse sɛ afei wabɛgye Onyankopɔn adie.
35 Berɛ a adeɛ kyeeɛ no, ɔman mpanimfoɔ+ no somaa awɛmfoɔ kɔkaa sɛ: “Gyaa nnipa no ma wɔnkɔ.” 36 Ɛnna afiasehwɛfoɔ no kaa deɛ wɔbɛkaeɛ no kyerɛɛ Paulo sɛ: “Mpanimfoɔ no asoma nnipa aba sɛ mennyaa mo. Enti afei mommɛsene nkɔ asomdwoeɛ mu.” 37 Nanso Paulo ka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Wɔhwee yɛn badwam berɛ a yɛnni fɔ, nnipa a yɛyɛ Romafoɔ,+ na wɔde yɛn guu afiase; na afei deɛ wɔreyi yɛn kodɛɛ? Dabi! mmom wɔn ara mmra mmɛyi yɛn.” 38 Enti awɛmfoɔ no kɔkaa nsɛm yi kyerɛɛ mpanimfoɔ no. Berɛ a wɔtee sɛ wɔyɛ Romafoɔ no, wɔbɔɔ hu.+ 39 Enti wɔbɛpaa wɔn kyɛw, na wɔyii wɔn no, wɔsrɛɛ wɔn sɛ wɔmfiri kuro no mu nkɔ. 40 Na wɔfirii afiase hɔ kɔɔ Lidia fie, na wɔhunuu anuanom no, wɔhyɛɛ wɔn nkuran+ na wɔkɔeɛ.