Dwom Asaf dwom. 82 Onyankopɔn gyina Tweaduampɔn+ adwabɔ mu;+ɔbu atɛn anyame no mfimfini:+ 2 “Mobɛbu ntɛnkyea akɔsi da bɛn?+Na mobɛyɛ animhwɛ adi ama nnebɔneyɛfoɔ akɔsi da bɛn?+ Sela. 3 Monni ɔbrɛfoɔ ne agyanka asɛm mma wɔn.+Mommu mmɔborɔni ne ohiani atɛn tenenee mu.+ 4 Montwitwa nnye ɔbrɛfoɔ ne ohiani;+Monnye wɔn mfiri nnebɔneyɛfoɔ nsam.”+ 5 Wɔnnim, na wɔnte aseɛ nso;+Esum mu na wɔnenam;+Wɔma asase nnyinasoɔ nyinaa hinhim.+ 6 “Me na maka sɛ, ‘Moyɛ anyame,+Na mo nyinaa yɛ Ɔsorosoroni no mma.+ 7 Ɛyɛ deɛn ara a, mobɛwu sɛdeɛ nnipa wuo;+Na mobɛtotɔ sɛ akunini no mu biara!’ ”+ 8 Sɔre ɛ, O Onyankopɔn, na bu asase atɛn;+Na wo na ɛsɛ sɛ wodi amanaman nyinaa soɔ.+