Ester
6 Saa anadwo no, ɔhene antumi anka n’ani angu so.+ Enti ɔsoma maa wɔkɔfaa wɔn berɛ so nsɛm nwoma+ no baeɛ. Ɛnna wɔkenkan no ɔhene anim. 2 Wɔhunuu sɛ wɔatwerɛ pɔ a Bigtana ne Teres a wɔyɛ ahemfie mpanimfoɔ+ a wɔhwɛ pono ano no bɔeɛ sɛ wɔbɛkum Ɔhene Ahasweros a Mordekai bɛkaa+ ho asɛm no wom. 3 Ɛnna ɔhene bisaa sɛ: “Ɛdeɛn na yɛayɛ de ahyɛ Mordekai animuonyam, na ade kɛseɛ bɛn na yɛayɛ ama no?” Ɛnna nhenkwaa a wɔsom no no kaa sɛ: “Yɛnyɛɛ hwee mmaa no.”+
4 Akyire yi ɔhene bisaa sɛ: “Hwan na ɔwɔ adihɔ hɔ?” Saa berɛ no na Haman aba ahemfie no adihɔ+ hɔ rebɛka akyerɛ ɔhene sɛ ɔnsɛne Mordekai wɔ dua+ a wayɛ ama no no so. 5 Nhenkwaa no kaa sɛ: “Haman+ na ɔwɔ adihɔ hɔ.” Ɛnna ɔhene kaa sɛ: “Momma no mmra mu.”
6 Berɛ a Haman baa mu no, ɔhene bisaa no sɛ: “Ɛdeɛn na wɔnyɛ mma ɔbarima a ɔhene pɛ sɛ ɔhyɛ no animuonyam?”+ Ɛnna Haman kaa no n’akomam sɛ: “Hwan koraa na ɔhene bɛpɛ sɛ ɔhyɛ no animuonyam sene me?”+ 7 Enti Haman ka kyerɛɛ ɔhene sɛ: “Ɔbarima a ɔhene pɛ sɛ ɔhyɛ no animuonyam no, 8 ma wɔmfa ahentadeɛ+ a ɔhene no ara hyɛ ne pɔnkɔ a ɔhene tena soɔ+ a wɔde ahemmotire abɔ ne tiri mmra. 9 Na wɔmfa atadeɛ no ne pɔnkɔ no nhyɛ mmapɔmma atitire no baako nsa.+ Afei wɔmfa atadeɛ no nhyɛ ɔbarima a ɔhene pɛ sɛ ɔhyɛ no animuonyam no na wɔmfa no ntena pɔnkɔ no so mfa kuro+ no mmɔnten+ so na wɔnka nni n’anim sɛ, ‘Sɛdeɛ wɔyɛ ɔbarima a ɔhene pɛ sɛ ɔhyɛ no animuonyam nie.’”+ 10 Ɛnna ɔhene ka kyerɛɛ Haman sɛ: “Yɛ no ntɛm, fa atadeɛ ne pɔnkɔ no na yɛ sɛdeɛ woaka no ma Yudani Mordekai a ɔte ɔhene pono ano no. Deɛ woaka nyinaa yɛ, mma biribiara nnka mu.”+
11 Afei Haman faa atadeɛ+ ne pɔnkɔ no, na ɔde hyɛɛ Mordekai+ de no tenaa pɔnkɔ so faa kuro no mmɔnten+ so ka dii n’anim+ sɛ: “Sɛdeɛ wɔyɛ ɔbarima a ɔhene pɛ sɛ ɔhyɛ no animuonyam nie.”+ 12 Yei akyi no, Mordekai san kɔɔ ɔhene pono no ano.+ Haman deɛ, ɔkataa ne ti yɛɛ ntɛm de awerɛhoɔ kɔɔ ne fie.+ 13 Haman kaa deɛ ato no nyinaa kyerɛɛ ne yere Seres+ ne ne nnamfo nyinaa. Afei n’anyansafoɔ+ ne ne yere Seres ka kyerɛɛ no sɛ: “Sɛ Mordekai a woafiri aseɛ redi nkoguo wɔ n’anim yi yɛ Yudafoɔ aseni a, ɛnneɛ wontumi nni ne so kwan biara so, mmom woyɛ deɛn ara a wobɛhwe ase n’anim.”+
14 Berɛ a wɔgu so ne no rekasa no, ɔhene mpanimfoɔ baeɛ na wɔyɛɛ ntɛm+ de Haman kɔɔ pono+ a Ester atoɔ no ase.