2 Berɛsosɛm
33 Manase+ bɛdii adeɛ no, na wadi mfeɛ dumienu, na ɔdii hene mfeɛ aduonum nnum wɔ Yerusalem.+
2 Ɔyɛɛ Yehowa ani so bɔne,+ na ɔyɛɛ akyiwadeɛ+ a amanaman a Yehowa pamoo wɔn firii Israelfoɔ anim yɛeɛ no bi.+ 3 Sorɔnsorɔmmea+ a ne papa Hesekia bubuiɛ+ no, ɔsan sisiiɛ, na ɔsisii afɔrebukyia+ maa Baal+ ahoni; ɔsisii abosonnua,+ ɔkotoo+ ɔsoro asafo+ nyinaa, na ɔsom wɔn.+ 4 Na Yehowa fie a Yehowa kaa ho asɛm sɛ: “Yerusalem na me din bɛtena daa”+ no, ɔsisii afɔrebukyia+ wɔ hɔ. 5 Afei nso ɔsisii afɔrebukyia maa ɔsoro asafo+ nyinaa wɔ Yehowa fie+ adihɔ mmienu hɔ.+ 6 Ɔno na ɔmaa ne mma faa gya mu+ wɔ Hinom ba bɔn+ no mu, na ɔdii nkonyaayie+ akyi; ɔkɔɔ abisa+ yɛɛ asumansɛm,+ na ɔne akɔmfoɔ+ ne ntafowayifoɔ+ goroeɛ. Ɔyɛɛ Yehowa ani so bɔne kɔɔ akyiri paa de hyɛɛ no abufuo.+
7 Bio nso, ɔsenee ohoni+ de kɔsii nokorɛ Nyankopɔn fie,+ efie a Onyankopɔn kaa ho asɛm kyerɛɛ Dawid ne ne ba Solomon no sɛ: “Efie yi ne Yerusalem a mayi+ afiri Israel mmusuakuo nyinaa mu no na mede me din+ bɛto so akɔsi daa.+ 8 Na sɛ Israel hwɛ di mmara+ ne ahyɛdeɛ+ ne atemmusɛm+ a menam Mose nsa so+ hyɛɛ wɔn+ no nyinaa so a, me nso merenyi wɔn nan mfiri asase a mede maa+ wɔn agyanom+ no so bio.” 9 Na Manase+ daadaa Yuda+ ne Yerusalemfoɔ maa wɔyɛɛ bɔne senee+ aman a Yehowa sɛee wɔn firii Israelfoɔ anim no.+
10 Yehowa kasa kyerɛɛ Manase ne ne nkurɔfoɔ daa, nanso wɔantie.+ 11 Ɛnna Yehowa maa Asiria hene+ dɔm so asahene baa wɔn soɔ,+ na wɔkyee Manase wɔ tokuro+ bi mu de kɔbere nkɔnsɔnkɔnsɔn mmienu guu+ no, na wɔde no kɔɔ Babilon. 12 Ne ho kyeree no+ ara pɛ, ɔhwehwɛɛ Yehowa, ne Nyankopɔn,+ na ɔbrɛɛ ne ho ase+ pii n’agyanom Nyankopɔn anim. 13 Na ɔbɔɔ no mpaeɛ daa, na ɔtiee+ ne nkotɔsrɛ yɛɛ no adom san de no baa Yerusalem bɛtenaa n’ahennie so;+ Manase bɛhunuu sɛ Yehowa ne nokorɛ Nyankopɔn+ no.
14 Ɛno akyi no, ɔtoo fasuo foforɔ wɔ Dawid Kuro+ no akyi+ wɔ Gihon+ atɔeɛ fam, subɔn no ho de kɔsii Mpataa Pono+ no ho, na ɔde twaa Ofel+ ho hyiaeɛ maa no kɔɔ soro tenteenten. Afei nso ɔde asahene totoo Yuda nkuro a wɔabɔ ho ban nyinaa ano.+ 15 Na ɔyiyii ananafoɔ anyame+ ne bosom+ no firii Yehowa fie hɔ, na ɔyiyii afɔrebukyia+ a ɔsisii no Yehowa fie bepɔ so ne Yerusalem no nyinaa, na ɔmaa wɔkɔto guu kuro no akyi. 16 Bio nso, ɔsiesiee Yehowa afɔrebukyia+ no, na ɔfirii aseɛ bɔɔ asomdwoeɛ afɔdeɛ+ ne aseda afɔdeɛ,+ na ɔka kyerɛɛ Yuda sɛ wɔnsom Yehowa, Israel Nyankopɔn+ no. 17 Nanso na ɔman no da so bɔ afɔdeɛ wɔ sorɔnsorɔmmea+ hɔ, sɛ wɔrebɔ ama Yehowa, wɔn Nyankopɔn.
18 Manase ho nsɛm a aka, mpaeɛ+ a ɔbɔɔ ne Nyankopɔn ne adehunufoɔ+ nsɛm a wɔkɔɔ so ka kyerɛɛ no Yehowa, Israel Nyankopɔn din mu no, wɔatwerɛ ne nyinaa wɔ Israel ahemfo ho nsɛm mu.+ 19 Mpaeɛ a ɔbɔeɛ+ ne sɛdeɛ wɔyɛɛ n’adesrɛ+ maa no, bɔne a ɔyɛeɛ nyinaa,+ nokorɛ a wannie,+ baabi a ɔsisii sorɔnsorɔmmea+ ne abosonnua,+ ne ahoni+ a ɔyeyɛeɛ ansa na ɔrebrɛ ne ho aseɛ+ no, wɔatwerɛ ne nyinaa wɔ n’adehunufoɔ nsɛm mu. 20 Na Manase ne n’agyanom kɔdaeɛ,+ na wɔsiee+ no ne fie, na ne ba Amon+ bɛdii n’adeɛ.
21 Amon+ bɛdii adeɛ no, na wadi mfeɛ aduonu mmienu, na ɔdii hene mfeɛ mmienu wɔ Yerusalem.+ 22 Ɔyɛɛ Yehowa ani so bɔne+ sɛdeɛ ne papa Manase yɛeɛ no;+ na ahoni+ a ne papa Manase+ yeyɛeɛ no nyinaa, Amon bɔɔ afɔdeɛ maa wɔn,+ na ɔsom wɔn.+ 23 Wammrɛ ne ho ase+ Yehowa anim sɛdeɛ ne papa Manase brɛɛ ne ho aseɛ no;+ Amon deɛ, ɔmaa asodie dɔɔso.+ 24 Na ne nkoa bɔɔ ne ho pɔ+ kum no ɔno ara ne fie.+ 25 Nanso asase no sofoɔ kunkum+ wɔn a wɔbɔɔ Ɔhene Amon+ ho pɔ+ no nyinaa, na asase no sofoɔ+ de ne ba Yosia+ sii hene maa no dii n’adeɛ.