1 Tesalonikafoɔ
2 Nokwasɛm nie, anuanom, mo ara monim sɛdeɛ mo nkyɛn a yɛbaeɛ no+ anyɛ kwa,+ 2 na mmom yɛn Nyankopɔn mmoa so yɛnyaa akokoɔduro de kaa+ Onyankopɔn asɛmpa no kyerɛɛ mo ɔbrɛ pii mu, berɛ a yɛhunuu amane mfitiaseɛ,+ na wɔbɔɔ yɛn adapaa+ (sɛdeɛ monim) wɔ Filipi no.+ 3 Na afotusɛm a yɛde ma no mfiri atosɛm anaa adeɛ a ɛho nteɛ mu,+ na ɛnnyina nnaadaa so nso, 4 na mmom sɛdeɛ Onyankopɔn akari yɛn ahunu sɛ yɛfata sɛ ɔde asɛmpa no hyɛ yɛn nsa no,+ saa ara na yɛkasa, ɛnyɛ sɛ wɔn a wɔsɔ nnipa ani,+ na mmom wɔn a wɔsɔ Onyankopɔn a ɔkari yɛn akoma hwɛ no ani.+
5 Nokwasɛm ne sɛ, (sɛdeɛ monim no) yɛmfaa adɛfɛdɛfɛsɛm+ anaasɛ anibereɛ+ a wɔakata soɔ+ mmaa mo anim da; Onyankopɔn ne danseni! 6 Saa ara nso na yɛnhwehwɛ nnipa anim animuonyam+ mfiri mo anaa afoforɔ nkyɛn, ɛwom, anka yɛbɛtumi ayɛ adesoa+ kɛseɛ sɛ Kristo asomafoɔ. 7 Mmom no, yɛyɛɛ mo brɛbrɛ sɛdeɛ ɔbaatan ma n’ani kũ+ ɔno ara ne mma ho no. 8 Enti, ɛsiane sɛ yɛwɔ ayamhyehyeɛ ma mo nti,+ ɛnyɛ Onyankopɔn asɛmpa no nko na yɛn ani gyee ho yie sɛ yɛde bɛma mo, na mmom yɛn ara yɛn kra nso,+ ɛfiri sɛ mobɛyɛɛ yɛn adɔfo.+
9 Nokwasɛm nie, mokae yɛn adwumaden ne yɛn brɛ. Deɛ ɛbɛyɛ na yɛremfa adesoa kɛseɛ nto mo mu biara soɔ no,+ yɛyɛɛ adwuma+ anadwo ne awia na yɛatumi aka Onyankopɔn asɛmpa no akyerɛ mo. 10 Moyɛ adansefoɔ, Onyankopɔn nso saa ara, sɛ yɛyɛɛ anokwafoɔ ne ateneneefoɔ ne wɔn a wɔn ho nni asɛm+ maa mo a moyɛ agyidifoɔ no. 11 Deɛ ɛne no hyia no, monim sɛdeɛ yɛkɔɔ so tuu mo mu biara fo+ sɛdeɛ agya+ yɛ ne mma, na yɛkyekyeree mo werɛ dii mo adanseɛ, 12 sɛdeɛ ɛbɛyɛ na moakɔ so anante+ sɛdeɛ ɛsɛ Onyankopɔn a ɔrefrɛ+ mo akɔ n’ahennie+ ne n’animuonyam mu no.
13 Nokorɛm no, ɛno nso nti na yɛda Onyankopɔn ase daa,+ ɛfiri sɛ berɛ a mogyee Onyankopɔn asɛm+ a mote firii yɛn hɔ no, moannye no sɛ nnipa asɛm,+ na mmom sɛ Onyankopɔn asɛm, sɛdeɛ ɛteɛ ampa, na ɛno nso na ɛyɛ adwuma wɔ mo a moyɛ agyidifoɔ no mu.+ 14 Na anuanom, mosuasuaa Onyankopɔn asafo ahodoɔ a ɛwɔ Yudea no wɔ Kristo Yesu mu, ɛfiri sɛ mo nso mohunuu amane+ wɔ mo ara mo manfoɔ nsam, sɛdeɛ wɔn nso wɔhunuu amane wɔ Yudafoɔ nsam no; 15 wɔn na wɔkum Awurade Yesu+ mpo ne adiyifoɔ no,+ na wɔtaa yɛn.+ Afei nso wɔnsɔ Onyankopɔn ani, na wɔko tia nnipa nyinaa yiedie, 16 berɛ a wɔbɔ mmɔden sɛ wɔbɛsi yɛn kwan+ na yɛankasa ankyerɛ amanaman mufoɔ na wɔannye wɔn nkwa no,+ na ɛma wɔhyɛ wɔn bɔne mã+ berɛ nyinaa. Nanso afei deɛ, n’abufuo aba wɔn so.+
17 Anuanom, yɛn fam deɛ, berɛ tiaa bi a wɔmaa yɛne mo dii ntetemu ɔhonam mu na ɛnyɛ akoma mu no, yɛbɔɔ yɛn ho mmɔden biara sɛ yɛbɛhunu mo anim, anigyina pii mu.+ 18 Ne saa nti yɛpɛɛ sɛ yɛba mo nkyɛn; me Paulo, meyɛɛ saa deɛ ɛdi kan ne ne mprenu soɔ, nanso Satan twintwaree yɛn anan mu. 19 Na ɛdeɛn ne yɛn anidasoɔ anaa yɛn anigyeɛ anaa yɛn ahurisidie abotire+—ɛnyɛ mo anaa?—wɔ yɛn Awurade Yesu Kristo anim wɔ ne mmaeɛ mu?+ 20 Nokwasɛm nie, mone yɛn animuonyam ne yɛn anigyeɛ.