Numeri
4 Afei Yehowa ka kyerɛɛ Mose ne Aaron sɛ: 2 “Monkan Lewi ba Kohat asefoɔ+ nhunu dodoɔ a wɔwɔ wɔn mmusua mu ne wɔn agyanom fie. 3 Monkan mfiri wɔn a wɔadi mfeɛ aduasa+ kɔsi mfeɛ aduonum+ so a wɔtumi de wɔn yɛ adwuma nyinaa, na wɔakɔyɛ adwuma wɔ ahyiaeɛ ntomadan no mu.+
4 “Yei ne adwuma a Kohat asefoɔ bɛyɛ no ahyiaeɛ ntomadan no mu.+ Ɛyɛ akronkronneɛ mu adekronkron: 5 Sɛ ɛba sɛ Israelfoɔ retu a, Aaron ne ne mma no bɛba abɛyi ntwamutam+ no de akata adanseɛ adaka+ no ho. 6 Afei wɔde sukraman nwoma+ bɛkata so de ntoma bruu agu so, na wɔde ɛho nnua no ahyehyɛ mu.+
7 “Wɔde ntoma bruu bɛsɛ pono+ a wɔhyehyɛ paanoo wɔ soɔ no so, na wɔde nyowa+ ne nkuruwa ne nyaawa+ ne mpɔreɛ a wɔde bɛhwie nsã bɛsisi so. Na ma daa paanoo+ no nsisi so. 8 Afei wɔde koogyan+ bɛgu so de sukraman nwoma+ akata so na wɔde ɛho nnua no ahyehyɛ mu.+ 9 Na wɔde ntoma bruu bɛkata kaneadua+ no ne ɛho nkanea,+ ne afagya+ ne egya kukuwa,+ ne adeɛ+ a wɔde kanea ngo gu mu no nyinaa so. 10 Afei wɔde sukraman nwoma+ nkatasoɔ bɛfa ɛno ne ɛho nneɛma nyinaa ho de ato dua so. 11 Ɛno akyi no, wɔde ntoma bruu bɛfa sika afɔrebukyia+ no ho, na wɔde sukraman nwoma+ bɛkata so de ɛho nnua ahyehyɛ mu.+ 12 Na wɔde ntoma bruu bɛkata nneɛma+ a wɔde som wɔ kronkronbea hɔ no nyinaa so, na wɔde sukraman nwoma+ bɛfa ho de ato dua so.
13 “Afei wɔnsesa afɔrebukyia+ no mu nsõ* nyinaa mfiri mu, na wɔmfa tankɔkɔɔ nsɛ so. 14 Na wɔde afɔrebukyia no ho nneɛma+ a wɔde yɛ adwuma nyinaa, egya kukuwa, adinam, sofi, ne nyaawa bɛgu so. Afei wɔde sukraman nwoma bɛfa ho de ɛho nnua ahyehyɛ mu.+
15 “Sɛ Israelfoɔ retu a, Aaron ne ne mma bɛkata kronkronbea+ no ne ɛho nneɛma nyinaa+ ho ansa na Kohat asefoɔ no abɛsoa.+ Ɛnsɛ sɛ wɔde wɔn nsa ka+ kronkronbea no na wɔanwu. Ahyiaeɛ ntomadan no mu nneɛma yi na Kohat asefoɔ no bɛsoa.+
16 “Ɔsɔfoɔ Aaron ba Eleasar na ɔbɛhwɛ+ ngo+ a wɔde bɛgu kanea mu ne aduhwam+ ne daa aduane afɔrebɔdeɛ+ ne ɔsra ngo+ no soɔ. Ɔno na ɔbɛhwɛ ntomadan no ne emu nneɛma nyinaa soɔ, kyerɛ sɛ kronkronbea no ne ɛho nneɛma nyinaa.”
17 Yehowa toaa so ka kyerɛɛ Mose ne Aaron sɛ: 18 “Monhwɛ na wɔantwa Kohat fiefoɔ+ amfiri Lewi abusuakuo mu. 19 Monyɛ yei mma wɔn na wɔatena nkwa mu na wɔamma akronkronneɛ+ mu adekronkron no ho ammɛwuwu. Aaron ne ne mma nni kan mmra na wɔnkyerɛ obiara n’adwuma ne n’adesoa. 20 Ɛnsɛ sɛ wɔba hɔ ma wɔn ani bɔ akronkronneɛ no so koraa na wɔanwu.”+
21 Afei Yehowa ka kyerɛɛ Mose sɛ: 22 “Monkan Gerson asefoɔ+ nhunu dodoɔ a wɔwɔ wɔn mmusua mu ne wɔn agyanom fie. 23 Monkan mfiri wɔn a wɔadi mfeɛ aduasa kɔsi mfeɛ aduonum so+ a wɔtumi de wɔn yɛ adwuma nyinaa, na wɔnkɔsom wɔ ahyiaeɛ ntomadan no mu. 24 Yei ne adwuma a Gerson asefoɔ bɛyɛ ne nneɛma a wɔbɛsoa:+ 25 Wɔn na wɔbɛsoa ntoma+ a wɔde ayɛ kronkronbea no, kyerɛ sɛ ahyiaeɛ ntomadan+ no, ne deɛ ɛkata soɔ,+ ne sukraman nwoma a ɛgu soɔ,+ ne ntoma a ɛsɛn+ ahyiaeɛ ntomadan no anim, 26 ne adihɔ no ho ntoma,+ ne ntoma a ɛsɛn+ adihɔ no kwan ano, baabi a wɔfa ba ntomadan no mu ne afɔrebukyia no ho, ne ɛho nhoma ne nneɛma a ɛwɔ hɔ nyinaa, ne biribiara a wɔde yɛ adwuma. Wɔn na wɔbɛyɛ yeinom. 27 Gerson asefoɔ+ nnwuma nyinaa, deɛ wɔbɛsoa ne deɛ wɔbɛyɛ biara no, Aaron ne ne mma+ bɛka ama wɔayɛ. Na biribiara a ɛyɛ wɔn asɛdeɛ sɛ wɔsoa no, momfa nhyɛ wɔn nsa. 28 Yei ne ahyiaeɛ ntomadan no ho adwuma a Gerson fiefoɔ+ bɛyɛ, na ɔsɔfoɔ Aaron ba Itamar na ɔbɛhwɛ adwuma no soɔ.+
29 “Na monkan Merari asefoɔ+ nso nhunu dodoɔ a wɔwɔ wɔn mmusua mu ne wɔn agyanom fie. 30 Monkan mfiri wɔn a wɔadi mfeɛ aduasa kɔsi mfeɛ aduonum so a wɔtumi de wɔn yɛ adwuma nyinaa, na wɔnkɔsom wɔ ahyiaeɛ ntomadan no mu.+ 31 Wɔn asɛdeɛ+ ne sɛ wɔbɛsoa ahyiaeɛ ntomadan no ho nneɛma yi nyinaa: ntomadan no nnua+ ne deɛ ɛbeabea mu+ ne ɛho adum+ ne ne nnyinasoɔ,+ 32 ne adum+ a ɛwɔ adihɔ hɔ nyinaa ne ne nnyinasoɔ+ ne ɛho mpɛɛwa+ ne nhoma ne ɛho nneɛma nyinaa. Mommobɔ din mfa wɔn nnesoa nhyɛ wɔn nsa.+ 33 Yei ne ahyiaeɛ ntomadan no ho adwuma a Merari fiefoɔ+ bɛyɛ, na ɔsɔfoɔ Aaron ba Itamar na ɔbɛhwɛ adwuma a wɔbɛyɛ no soɔ.”+
34 Na Mose ne asafo no mu atitire+ no kan Kohat asefoɔ+ ne wɔn mmusua ne wɔn agyanom fie, 35 wɔn a wɔadi firi mfeɛ aduasa+ kɔsi mfeɛ aduonum+ so a wɔtumi de wɔn yɛ adwuma nyinaa, na wɔakɔsom wɔ ahyiaeɛ ntomadan no mu.+ 36 Wɔn mmusua a wɔkan wɔn no ano si mpem mmienu ahanson aduonum.+ 37 Yeinom ne Kohat fie mmusua a wɔyɛ ahyiaeɛ ntomadan no ho adwuma nyinaa a wɔkan wɔn; wɔn na Mose ne Aaron kan wɔn+ sɛdeɛ Yehowa hyɛɛ Mose no.
38 Na wɔkan Gerson asefoɔ+ ne wɔn mmusua ne wɔn agyanom fie, 39 wɔn a wɔadi firi mfeɛ aduasa kɔsi mfeɛ aduonum so a wɔtumi de wɔn yɛ adwuma nyinaa, na wɔakɔsom wɔ ahyiaeɛ ntomadan no mu.+ 40 Wɔn mmusua ne wɔn agyanom fie a wɔkan wɔn no ano si mpem mmienu ahansia aduasa.+ 41 Yeinom ne Gerson fie mmusua a wɔyɛ ahyiaeɛ ntomadan no ho adwuma nyinaa a Mose ne Aaron kan wɔn sɛdeɛ Yehowa hyɛeɛ no.+
42 Na wɔkanee Merari asefoɔ ne wɔn mmusua ne wɔn agyanom fie, 43 wɔn a wɔadi firi mfeɛ aduasa kɔsi mfeɛ aduonum a wɔtumi de wɔn yɛ adwuma nyinaa, na wɔakɔsom wɔ ahyiaeɛ ntomadan no mu.+ 44 Na wɔn mmusua ne wɔn agyanom fie a wɔkan wɔn no ano si mpem mmiɛnsa ne ahanu.+ 45 Yeinom ne Merari fie mmusua a Mose ne Aaron kan wɔn sɛdeɛ Yehowa hyɛɛ Mose no.+
46 Enti Lewifoɔ mmusua ne wɔn agyanom fie a Mose ne Aaron ne Israel mpanimfoɔ kan wɔn no, 47 wɔn a wɔadi firi mfeɛ aduasa kɔsi mfeɛ aduonum+ a wɔbɛyɛɛ adwumaden soaa ahyiaeɛ ntomadan no ho nneɛma nyinaa,+ 48 wɔn a wɔkan wɔn no ano si mpemnwɔtwe ahanum aduɔwɔtwe.+ 49 Sɛdeɛ Yehowa hyɛeɛ no, Mose kan wɔn de wɔn nnwuma ne wɔn nnesoa hyehyɛɛ wɔn nsa. Wɔkan wɔn sɛdeɛ Yehowa hyɛɛ Mose no.+