Yesaia
29 “Ariel+ due! Ariel due! kuro a Dawid tenaa mu.+ Momfa afe nka afe ho; monni mo afahyɛ+ nyinaa nhyia. 2 Mɛma Ariel ho akyere+ no, na ɔbɛsu atwa adwo,+ na ɔbɛyɛ m’ani so te sɛ Onyankopɔn afɔrebukyia.+ 3 Na mɛtwa wo ho nyinaa ahyia, na mɛto wo ho pampim na masi akoban afa wo ho nyinaa.+ 4 Wobɛhwe ase na woakasa afiri fam, na mfuturo mu na wo nne bɛfiri aba brɛoo.+ Wo nne bɛyɛ sɛ ɔdebisafoɔ nne afiri fam, na wo kasa bɛfiri mfuturo mu aba sɛ anomaa su.+ 5 Nnipakuo a wonnim wɔn bɛyɛ sɛ mfuturo,+ na atirimuɔdenfoɔ+ dɔm ayɛ sɛ ntɛtɛ a ɛrehu akorɔ.+ Na ɛbɛba mpofirem, prɛko pɛ.+ 6 Na asafo Yehowa ani bɛba wo so, na ɔde ɔprannaa, asasewosoɔ, mmobɔmu, ahum ne gyampantrudu mframa, ne gyaframa bɛgye wo.”+
7 Aman nyinaa mu nnipa ne Ariel+ bɛko, wɔbɛsi akoban atwa ne ho ahyia, na wɔbɛma ne ho akyere no.+ Nanso yeinom nyinaa bɛyɛ sɛ daeɛ mu adeɛ, anadwo anisoadehunu bi. 8 Ɛbɛyɛ sɛ obi a ɛkɔm de no a waso daeɛ sɛ ɔredidie, na ɔbɛsɔre no na ɛkɔm da so ara de ne kra.+ Anaa obi a sukɔm de no a waso daeɛ sɛ ɔrenom nsuo, nanso ɔbɛsɔre no na ne kra ahodwo na ne mu nsuo atwe. Saa ara na ɛbɛto amanaman mu dɔm a wɔatu Bepɔ Sion+ so sa no nyinaa.
9 Montɛɛ mo anom na mo ho nnwiri mo;+ monka mo ani mfemfam+ na mo ani mfira.+ Wɔabobo,+ nanso ɛnyɛ nsã ntira; wɔkɔ afãafã, nanso ɛnyɛ mmosã ntira.
10 Yehowa ahwie nnahɔɔ honhom agu mo so;+ wakata mo ani, kyerɛ sɛ mo adiyifoɔ no;+ na wakata mo ti,+ kyerɛ sɛ mo adehunufoɔ no.+ 11 Na anisoadehunu no nyinaa bɛyɛ mo sɛ nsɛm a wɔasɔ ano wɔ nwoma mu.+ Wɔde ma obi a ɔnim nwoma sɛ: “Kenkan yei den,” nanso ɔka sɛ: “Merentumi nkenkan ɛfiri sɛ wɔasɔ ano.”+ 12 Na wɔde nwoma no ma obi a ɔnnim nwoma sɛ: “Kenkan yei den,” nanso ɔka sɛ: “Mennim nwoma.”
13 Na Yehowa ka sɛ: “Ɛsiane sɛ ɔman yi de wɔn ano na ɛbɛn me, na wɔde wɔn anofafa+ na ɛhyɛ me animuonyam, na wɔn akoma atwe afiri me ho kɔ akyirikyiri,+ na wɔgyina ahyɛdeɛ a nnipa akyerɛ wɔn+ so na ɛsuro me nti, 14 me nso, me ne ɔman yi bɛdi anwanwasɛm+ bi bio anwanwakwan so ama ayɛ wɔn nwanwa; na wɔn anyansafoɔ nyansa bɛsɛe na wɔn mmadwemma nteaseɛ ayera.”+
15 Wɔn a wɔde wɔn tirimbɔ hunta Yehowa fee,+ na wɔyɛ wɔn nnwuma wɔ sum ase+ no nnue. Wɔka sɛ: “Hwan na ɔhu yɛn, na hwan na ɔnim yɛn ho asɛm?”+ 16 Mo a mo adwene akyea! Wɔbɛbu ɔnwemfoɔ ne dɔteɛ nyinaa pɛ anaa?+ Adeɛ bɛtumi aka afa ne yɛfoɔ ho sɛ: “Ɛnyɛ ɔno na ɔyɛɛ me”?+ Na anwenneɛ bɛtumi aka ne nwemfoɔ ho asɛm sɛ: “Ɔnnim hwee”?+
17 Ɛnkaa berɛ tiaa bi na Lebanon adane turo+ na wɔabu turo no sɛ kwaeɛ?+ 18 Saa da no, asotifoɔ bɛte nwoma no mu nsɛm,+ na anifirafoɔ bɛfiri kusuuyɛ ne esum mu ahunu adeɛ.+ 19 Na ahobrɛasefoɔ+ bɛdi ahurisie pii wɔ Yehowa mu, na adasamma mu ahiafoɔ bɛgye wɔn ani wɔ Israel Kronkronni no mu.+ 20 Ɛbɛba saa ɛfiri sɛ otirimuɔdenfoɔ awieeɛ bɛba,+ na deɛ ɔhoahoa ne ho bɛwu,+ na wɔn a wɔrepɛ bɔne adie+ nyinaa, wɔbɛtwa wɔn agu. 21 Wɔn na wɔgye onipa ano si bɔne,+ na wɔsum deɛ ɔyi ntɛn wɔ kuro pono ano no fidie,+ na wɔnam akyinnyehunu so bɔ ɔteneneeni gu.+
22 Yei nti, deɛ Yehowa a ɔgyee Abraham+ no aka akyerɛ Yakob fie nie: “Afei Yakob ani renwu, na n’anim renyɛ bosaa bio;+ 23 na sɛ ɔhunu sɛ ne mma, kyerɛ sɛ me nsa ano adwuma, atwa ne ho ahyia+ a, wɔbɛte me din ho,+ wɔbɛte Yakob Kronkronni no din ho,+ na wɔbɛsuro Israel Nyankopɔn.+ 24 Wɔn a wɔn adwene akyea no bɛnya nteaseɛ, na wɔn a wɔnwiinwii no bɛnya akwankyerɛ.”+