28 “Dwetɛ wɔ hɔ yi, ɛwɔ baabi a wɔtu no,
Na sika nso wɔ baabi a wɔnane yiyi mu;+
2 Wɔnya dadeɛ firi dɔteɛ mu,+
Na wɔhwie kɔbere firi aboɔ mu.
3 Onipa ma esum yera;
Na ɔhwehwɛ baabiara+ pɛ boɔ,
Deɛ ɛhɔ yɛ kusuu, ne esum kabii mu.
4 Ɔtu fagudeɛ amena wɔ baabi a obiara nteɛ,+
Baabi a onipa werɛ afire, deɛ ɛmmɛn anammɔn biara;
Nnipa bi siane kɔ mu, na wɔkɔsensɛn hɔ.
5 Asase wɔ hɔ yi, emu na aduane firi ba;+
Nanso onipa dane ani butu sɛdeɛ egya yɛ.
6 N’aboɔ mu na hoaboɔ+ wɔ,
Na sikafuturo nso wɔ mu.
7 Ɔkɔdeɛ+ biara nnim saa kwan no,
Na asansa+ nso ani nhunuiɛ.
8 Wuram mmoa akɛseɛ nan nsii so;
Gyata nnantenantee so.
9 Onipa tene ne nsa sɔ twerɛboɔ mu;
Ɔtutu mmepɔ ase;
10 Ɔtwitwa nsuka wɔ abotan mu,+
Na n’ani hunu aboɔden nneɛma nyinaa.
11 Ɔsisi baabi a nsubɔnten firi ba,+
Na ɔyi deɛ ahunta ba hann mu.
12 Nanso nyansa deɛ, ɛhe na ɛwɔ?+
Na nteaseɛ nso, ɛhe na ne tenabea wɔ?
13 Onipa dasani nhunuu ne boɔ,+
Na wɔnhu no ateasefoɔ asase so.
14 Subunu ka sɛ,
‘Ɛnni me nkyɛn!’
Ɛpo nso ka sɛ, ‘Ɛnni me hɔ!’+
15 Wɔrentumi mfa sika amapa nsesã,+
Na wɔrentumi nkari dwetɛ ntua ka.
16 Wɔrentumi mfa Ofir sika+ ntua ka,
Na sohamboɔ a ɛho yɛ nã ne hoaboɔ nso, wɔrentumi mfa ntua ka.
17 Wɔrentumi mfa sika ne ahwehwɛ ntoto ho,
Na wɔrentumi mfa sika amapa anwenneɛ biara nsesã.
18 Mmota+ ne hyerɛmmoɔ mpo ne no nsɛ,
Nanso nyansa kotokuo mã boɔ yɛ den sene ahweneɛ kotokuo mã.+
19 Wɔrentumi mfa Kus akraateboɔ+ ntoto ho;
Na sika amapa nso wɔrentumi mfa ntua ka.
20 Nanso nyansa—ɛhe na ɛfire,+
Na nteaseɛ nso, ɛhe na ne tenabea wɔ?
21 Wɔde ahunta ɔteasefoɔ biara aniwa,+
Na wɔde asie nnomaa a wɔtu fa wiem.
22 Ɔsɛeɛ amena ne owuo ka sɛ,
‘Yɛn aso na ate ho asɛm.’
23 Onyankopɔn na ɔte n’akwan ase,+
Na ɔno na ɔnim ne tenabea,
24 Ɔno na ɔhunu asase ano nohoa;+
Ɔhunu ɔsoro ase baabiara,
25 Na ɔma mframa ahoɔden;+
Nsuo nso, ɔde adeɛ susu;+
26 Berɛ a ɔhyɛɛ mmara maa osuo,+
Na ɔtwaa kwan maa nsuframa ne aprannaa no,
27 Ɛhɔ na ɔde n’ani hunuu nyansa, na ɔfirii aseɛ kaa ho asɛm;
Ɔsiesieeɛ, na ɔhwehwɛɛ mu nso.
28 Na ɔka kyerɛɛ onipa sɛ,
‘Hwɛ! Yehowa suro—ɛno ne nyansa,+
Na bɔne ho fire ne nteaseɛ.’ ”+