Asomafoɔ Nnwuma
10 Ná ɔbarima bi wɔ Kaesarea a wɔfrɛ no Kornelio, a ɔyɛ deɛ wɔfrɛ no Italia asraafoɔdɔm+ no mu panin,+ 2 ɔbarima a ɔwɔ ahofama+ na ɔne ne fiefoɔ nyinaa suro+ Nyankopɔn, na ɔyɛ nkurɔfoɔ adɔeɛ+ pii na ɔde adesrɛ to Onyankopɔn anim daa.+ 3 Bɛyɛ dɔn a ɛtɔ so nkron*+ no, ɔhunuu Onyankopɔn bɔfoɔ+ pefee wɔ anisoadehunu mu+ sɛ waba ne nkyɛn na ɔka kyerɛɛ no sɛ: “Kornelio!” 4 Ɔbarima no hwɛɛ no dinn, na ehu kaa no maa no bisaa sɛ: “Owura, asɛm bɛn?” Ɔka kyerɛɛ no sɛ: “Wo mpaebɔ+ ne w’adɔeɛ aforo soro sɛ nkaeɛ wɔ Onyankopɔn anim.+ 5 Enti afei soma mmarima ma wɔnkɔ Yopa nkɔfrɛ Simon a wɔfrɛ no Petro no mmra. 6 Saa ɔbarima yi akɔsoɛ nwomahyɛfoɔ bi a ɔde Simon a ne fie wɔ po no ano.”+ 7 Berɛ a ɔbɔfoɔ a ɔne no kasaeɛ no kɔeɛ ara pɛ, ɔfrɛɛ ne fie nkoa mmienu ne ɔsraani bi a ɔwɔ ahofama firii wɔn a wɔsom no daa no mu,+ 8 na ɔkaa biribiara kyerɛɛ wɔn somaa wɔn kɔɔ Yopa.+
9 Adeɛ kyeeɛ a wɔnam kwan so rekɔ na wɔreyɛ aduru kuro no mu no, Petro kɔɔ dan no atifi+ bɛyɛ dɔn a ɛtɔ so nsia* kɔbɔɔ mpaeɛ.+ 10 Afei ɛkɔm dee no paa maa no pɛɛ sɛ ɔdidie. Berɛ a wɔgu so reyɛ aduane no, ɔnyaa anisoadehunu+ 11 na ɔhunuu sɛ ɔsoro abue+ na ɛsɛn bi resiane sɛ nwera kɛseɛ bi a wɔregyaa anoano nnan no aba asase soɔ; 12 na ntɔteboa ne mmoa a wɔwea asase soɔ ne ewiem nnomaa nyinaa bi wom.+ 13 Na ɔtee nne bi sɛ: “Petro, sɔre kum bi na di!”+ 14 Nanso Petro kaa sɛ: “Dabi, Awurade, ɛfiri sɛ mennii biribi a ɛho agu fĩ na ɛho nteɛ biara da.”+ 15 Na nne no ka kyerɛɛ no ne mprenu soɔ sɛ: “Mfrɛ nneɛma a Onyankopɔn ate ho sɛ ɛho agu fĩ.”+ 16 Yei baa ne mprɛnsa soɔ, na ɛhɔ ara wɔfaa ɛsɛn no kɔɔ soro.+
17 Afei berɛ a Petro tirim ayɛ no kesenenee wɔ deɛ anisoadeɛ a ɔhunuiɛ no kyerɛ ho no, hwɛ! na mmarima a Kornelio somaa wɔn no abisabisa Simon fie kwan ama wɔabɛgyina ɛpono ano.+ 18 Na wɔteaam bisaa sɛ ebia Simon a wɔfrɛ no Petro no abɛsoɛ hɔ anaa. 19 Berɛ a Petro gu so redwendwene anisoadehunu no ho no, honhom+ no kaa sɛ: “Hwɛ! Mmarima mmiɛnsa bi rehwehwɛ wo. 20 Wo deɛ, sɔre, si fam na kɔ wɔn nkyɛn, mma w’adwene mu nnyɛ wo naa koraa, ɛfiri sɛ me na mesomaa wɔn.”+ 21 Enti Petro sii fam kɔɔ mmarima no nkyɛn kɔkaa sɛ: “Hwɛ! mene deɛ morehwehwɛ no no. Ɛdeɛn na ɛmaa mobaa ha?” 22 Wɔkaa sɛ: “Ɔbɔfoɔ kronkron bi de Onyankopɔn akwankyerɛ maa ɔsraani panin Kornelio, ɔteneneeni a ɔsuro Nyankopɔn+ na Yuda man nyinaa bɔ no din pa+ no sɛ ɔnsoma mmɛfa wo mmra ne fie na ɔntie deɛ wowɔ ka.” 23 Enti ɔde wɔn baa mu na ɔsom wɔn hɔhoɔ.
Adeɛ kyeeɛ no, ɔsɔre ne wɔn kɔeɛ, na na anuanom binom a wɔfiri Yopa ka wɔn ho. 24 Da a ɛdi hɔ no, ɔduruu Kaesarea. Ná Kornelio nso afrɛfrɛ n’abusuafoɔ ne ne nnamfonom nyinaa retwɛn wɔn. 25 Berɛ a Petro puee hɔ no, Kornelio kɔhyiaa no hwee ne nan ase sɔree no. 26 Nanso Petro maa no so kaa sɛ: “Sɔre; me nso meyɛ onipa.”+ 27 Na berɛ a ɔne no bɔɔ nkɔmmɔ no, ɔkɔɔ fie no mu kɔhunuu sɛ nnipa bebree ahyiam, 28 na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Mo ara monim pefee sɛdeɛ mmara mma kwan sɛ Yudani ne abusua foforɔ muni bɛbɔ anaasɛ ɔbɛbɛn no;+ nanso Onyankopɔn akyerɛ me sɛ ɛnsɛ sɛ mefrɛ onipa biara sɛ ne ho agu fĩ anaa ne ho nte.+ 29 Ne saa nti berɛ a wɔsoma bɛfrɛɛ me no, manyi ano koraa na mebaeɛ. Afei merebisa deɛ enti a mosoma bɛfrɛɛ me.”
30 Ɛnna Kornelio kaa sɛ: “Nnanan nie, saa berɛ yi ara, na merebɔ mpaeɛ dɔn a ɛtɔ so nkron* no mu wɔ me fie,+ na hwɛ! ɔbarima bi a ɔhyɛ atadeɛ hyɛnhyɛn+ bɛgyinaa m’anim 31 na ɔkaa sɛ: ‘Kornelio, Onyankopɔn atie wo mpaebɔ na w’adɔeɛ aduru n’anim.+ 32 Enti soma kɔ Yopa kɔfrɛ Simon, a wɔfrɛ no Petro no.+ Saa barima yi abɛsoɛ Simon a ɔyɛ nwomahyɛfoɔ no fie wɔ po no ano.’+ 33 Enti ntɛm ara na mesoma baa wo nkyɛn, na woabɔ mmɔden sɛ woaba ha. Ɛno nti yɛn nyinaa ahyiam Onyankopɔn anim saa berɛ yi sɛ yɛrebɛtie deɛ Yehowa ahyɛ wo sɛ ka nyinaa.”+
34 Ɛnna Petro buee n’ano kaa sɛ: “Nokwasɛm nie, mahunu sɛ Onyankopɔn nhwɛ nnipa anim,+ 35 na mmom ɔman biara mu no, onipa a ɔsuro no na ɔyɛ adetenenee no, ɔgye no tom.+ 36 Ɔde asɛm+ no kɔmaa Israel mma, na ɔkaa asomdwoeɛ+ a ɛnam Yesu Kristo so no ho asɛmpa kyerɛɛ wɔn: Oyi ne nnipa nyinaa mu Awurade.+ 37 Monim deɛ wɔkaa ho asɛm wɔ Yudea nyinaa, a ɛfirii aseɛ wɔ Galilea berɛ a Yohane aka asubɔ ho asɛm akyi+ no. 38 Ɛno ne sɛ, Yesu a ɔfiri Nasaret no, Onyankopɔn de honhom kronkron ne tumi sraa no,+ na ɔkyinkyinii asase no so yɛɛ papa, na ɔsaa wɔn a Ɔbonsam hyɛ wɔn soɔ nyinaa yareɛ,+ ɛfiri sɛ na Onyankopɔn ka ne ho.+ 39 Na yɛyɛ nneɛma a ɔyɛɛ no Yudafoɔ nkuro mu ne Yerusalem no nyinaa ho adansefoɔ; na ɔno ara nso na wɔsɛn no dua so kuu no.+ 40 Oyi na da a ɛtɔ so mmiɛnsa no Onyankopɔn nyanee no maa no hokwan sɛ ɔnyi ne ho adi nkyerɛ,+ 41 ɛnyɛ nnipa nyinaa, na mmom adansefoɔ a Onyankopɔn adi kan ayi wɔn,+ yɛn a yɛne no didi nomeeɛ+ wɔ ne wusɔreɛ akyi no. 42 Afei nso, ɔhyɛɛ yɛn sɛ yɛnka+ nkyerɛ nnipa no na yɛnni adanseɛ fekɔfekɔ sɛ Oyi ne deɛ Onyankopɔn ahyɛ sɛ ɔbɛyɛ ateasefoɔ ne awufoɔ temmufoɔ no.+ 43 Ɔno na adiyifoɔ no nyinaa di ne ho adanseɛ,+ sɛ obiara a ɔgye no die no nam ne din so bɛnya bɔne fafirie.”+
44 Berɛ a Petro gu so reka nsɛm yi no, honhom kronkron baa wɔn a wɔretie asɛm no nyinaa so.+ 45 Na ɛyɛɛ anokwafoɔ a wɔfiri wɔn a wɔatwa wɔn twetia mu a wɔne Petro baeɛ no nwanwa, ɛfiri sɛ wɔhwiee honhom kronkron adom akyɛdeɛ a wɔde ma kwa no guu amanaman mufoɔ nso so.+ 46 Na wɔtee sɛ wɔreka kasa hodoɔ na wɔreyi Onyankopɔn ayɛ.+ Ɛnna Petro buaa sɛ: 47 “Yeinom anya honhom kronkron sɛ yɛn ara, enti hwan na ɔbɛtumi asi wɔn kwan sɛ yɛmmfa nsuo mmmɔ wɔn asu?”+ 48 Ɛno nti ɔhyɛɛ sɛ wɔmmɔ wɔn asu Yesu Kristo din mu.+ Afei wɔsrɛɛ no sɛ ɔnni nna kakra wɔ hɔ.