Asomafoɔ Nnwuma
28 Berɛ a yɛkɔduruu dwoodwoo no, yɛhunuu sɛ wɔfrɛ supɔ no Malta.+ 2 Na nnipa a wɔka ananakasa no daa yɔnkodɔ+ soronko adi kyerɛɛ yɛn, na nsuo a na ɛretɔ ne awɔ+ a ɛwom nti, wɔsɔɔ gya gyee yɛn nyinaa kama. 3 Nanso berɛ a Paulo boaboaa mmabaa bi ano de guu gya no soɔ no, ɔhyew no maa ahuritia bi firii mu bɛbebaree ne nsa ho. 4 Berɛ a nnipa a wɔka ananakasa no ani bɔɔ aboa no so sɛ ɔsɛn ne nsa ho no, wɔka kyerɛɛ wɔn ho sɛ: “Akyinnyeɛ biara nni ho sɛ onipa yi yɛ wudini, na ɛwom sɛ wafiri po no mu afiri dwoodwoo deɛ, nanso ɛsiane sɛ bɔne so wɔ akatua nti, ɛremma sɛ ɔbɛnya ne tiri adidi mu.” 5 Nanso, ɔpetee aboa bɔne no guu gya no mu a hwee anyɛ no.+ 6 Nanso na wɔhwɛ kwan sɛ ɔrebɛhonhono anaasɛ ɔrebɛtwa ahwe awu amonom hɔ ara. Berɛ a wɔtwɛn berɛ tenten a wɔanhunu sɛ bɔne bi ato no no, wɔsesaa wɔn adwene firii aseɛ kaa sɛ ɔyɛ nyame.+
7 Afei na supɔ no so okunini a wɔfrɛ no Publio no wɔ nsase wɔ mpɔtamu hɔ; na ɔgyee yɛn fɛ so de nnansa som yɛn hɔhoɔ kama. 8 Nanso ɛbaa sɛ na Publio papa da hɔ a atiridii ne konkurowa akye no, na Paulo kɔɔ ne nkyɛn kɔbɔɔ mpaeɛ de ne nsa+ guu ne so saa no yareɛ.+ 9 Yei siiɛ akyi no, supɔ no so nnipa a aka a wɔwɔ nyarewa nso firii aseɛ baa ne nkyɛn maa no saa wɔn yareɛ.+ 10 Na wɔn nso de akyɛdeɛ pii dii yɛn ni, na berɛ a yɛrefiri hɔ akɔ no, wɔmaa yɛn nneɛma pii a ɛho bɛhia yɛn.
11 Abosome mmiɛnsa akyi no, yɛforoo hyɛn bi a n’agyinahyɛdeɛ ne “Seu Mma” a ɛfiri Aleksandria+ a awɔ berɛ too no supɔ no soɔ no. 12 Na yɛkɔgyinaa Sirakusa dii hɔ nnansa, 13 ɛhɔ na yɛfiri kõa kɔsii Regio. Na da a ɛdi hɔ no, anafoɔ mframa bi bɔeɛ, na ne nnanu soɔ no yɛkɔduruu Puteoli. 14 Yɛhunuu anuanom wɔ hɔ, na wɔsrɛɛ yɛn sɛ yɛntena wɔn nkyɛn nnanson; yei nyinaa na yɛn ani kyerɛ Roma. 15 Na anuanom tee yɛn nka no, wɔfiri hɔ bɛhyiaa yɛn wɔ Apia Dwa mu ne Nsadan-Mmiɛnsa tɔnn, na Paulo ani bɔɔ wɔn soɔ pɛ na ɔdaa Onyankopɔn aseɛ na ɔtwaa n’akoma too ne yam.+ 16 Afei, berɛ a yɛkɔɔ Roma no, wɔmaa Paulo kwan+ maa ɔno nko ara kɔtenaeɛ, na na ɔsraani a ɔwɛn no ka ne ho.
17 Nanso, nnansa akyi no, ɔfrɛɛ Yudafoɔ no mu atitire no hyiaeɛ. Berɛ a wɔhyiaeɛ no, ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Mmarima, anuanom, ɛwom sɛ menyɛɛ biribiara a ɛtia ɔmanfoɔ anaa yɛn agyanom amanneɛ+ deɛ, nanso wɔde me hyɛɛ Romafoɔ nsa sɛ deduani wɔ Yerusalem.+ 18 Na berɛ a wɔhwehwɛɛ asɛm no mu wieeɛ+ no, na wɔpɛ sɛ wɔgyaa me+ ɛfiri sɛ na menyɛɛ hwee a ɛsɛ owuo.+ 19 Na berɛ a Yudafoɔ no kɔɔ so kasa tiaeɛ no, ɛhyɛɛ me maa mede asɛm no kɔdan+ Kaesare, na ɛnyɛ sɛ ebia mewɔ biribi a mede rebɔ me man soboɔ. 20 Nokorɛm no, asɛm yi ho nti na mesrɛɛ sɛ mepɛ sɛ mehu mo ne mo kasa, ɛfiri sɛ Israel anidasoɔ+ nti na wɔagu me nkɔnsɔnkɔnsɔn yi.”+ 21 Wɔka kyerɛɛ no sɛ: “Yɛnnyaa wo ho krataa biara mfirii Yudea, na anuanom a wɔaba no biara mmɛbɔɔ amanneɛ anaasɛ wɔmmɛkaa wo ho asɛmmɔne biara. 22 Nanso yɛsusu sɛ ɛyɛ papa sɛ yɛbɛtie w’adwene ɛfiri sɛ nokwasɛm nie, yɛnim sɛ fekuo+ yi deɛ, wɔkasa tia wɔ baabiara.”+
23 Afei wɔhyɛɛ da a wɔbɛhyia, na nnipa pii baa baabi a ɔteɛ no. Na ɔkyerɛkyerɛɛ asɛm no mu kyerɛɛ wɔn dii Onyankopɔn ahennie ho adanseɛ+ fekɔfekɔ, na ɔnam Mose+ mmara ne Adiyifoɔ+ no so kaa Yesu ho nsɛm a ɛtɔ asomu, firi anɔpa kɔsii anwummerɛ. 24 Na ebinom gyee deɛ ɔkaeɛ no diiɛ;+ ebinom nso annye anni.+ 25 Na ɛsiane sɛ na wɔn adwene nhyia nti, wɔfirii aseɛ sɛ wɔrekɔ, na Paulo de asɛm yi kaa ho sɛ:
“Honhom kronkron faa odiyifoɔ Yesaia so kaa no yie kyerɛɛ mo agyanom 26 sɛ, ‘Kɔ na kɔka kyerɛ ɔman yi sɛ: “Teɛ deɛ, mobɛte nanso morente aseɛ; na hwɛ deɛ, mobɛhwɛ nanso morenhunu.+ 27 Ɛfiri sɛ ɔman yi akoma apirim, na wɔde wɔn aso tie kwa, na wɔakata wɔn ani; na wɔamfa wɔn ani anhunu amfa wɔn aso antie na wɔamfa wɔn akoma ante aseɛ na wɔansakra amma mansa wɔn yareɛ.”’+ 28 Enti monhunu sɛ wɔasoma deɛ Onyankopɔn nam so gye nkwa no kɔ amanaman mu;+ na ɛkwan biara so, wɔbɛtie.”+ 29 ——
30 Enti ɔdii mfeɛ mmienu kusuu wɔ fie a ɔno ara agye tua ho ka mu,+ na ɔgyee wɔn a wɔba ne nkyɛn nyinaa fɛ so, 31 na ɔkaa Onyankopɔn ahennie ho asɛm de nnamyɛ+ kɛseɛ kyerɛkyerɛɛ wɔn Awurade Yesu Kristo ho adeɛ a biribiara ansi ho kwan.