Nahum
1 Niniwe ho atemmusɛm:+ Elkosni Nahum anisoadehunu nwoma:
2 Yehowa yɛ Onyankopɔn a ɔmpɛ sɛ ɔne obi bɛkyɛ ne som,+ na ɔyɛ ɔweredifoɔ; Yehowa tua bɔne so ka+ na abufuo ahyɛ no mã.+ Yehowa tua wɔn a wɔne no di asie ka na n’ani sã n’atamfo.+
3 Yehowa bo kyɛre fu+ na ne tumi so,+ na Yehowa remfa asotwe nkame deɛ ɛsɛ no.+
Kyinhyia mframa ne ahum mu na ne kwan wɔ, na mununkum yɛ ne nan ase mfuturo.+
4 Ɔka po anim+ ma no we; ɔma nsubɔnten nyinaa we wesee.+
Basan ne Karmel atwintwam+ na Lebanon nhwiren nso atwintwam.
5 Ɔno nti mmepɔ woso, na nkokoɔ nane.+
Asase bɛhunu n’anim abɔ birim, wiase ne emufoɔ nyinaa.+
6 Hwan na ɔbɛtumi agyina n’abufuo anim?+ Na hwan na ɔbɛtumi asɔre atia n’abufuhyeɛ?+
N’abufuo bɛhwie sɛ gya,+ na ne nti abotan bɛdwiri agu.
7 Yehowa yɛ,+ na ɔyɛ abandenden+ wɔ ahohia berɛ mu.+
Na ɔnim wɔn a wɔdwane toa no.+
8 Ɔbɛma nsuo ayiri ahohoro ne tenabea koraa,+ na esum bɛtĩ n’atamfo.+
9 Ɛdeɛn na mobɛdwene atia Yehowa?+ Ɔresɛe adeɛ korakora.
Ahohia rensɔre ne mprenu so.+
10 Sɛ wɔanwene wɔn sɛ nkasɛɛ+ na wɔayɛ twann sɛ deɛ nsã+ abobo wɔn mpo a, wɔbɛhye korakora te sɛ buronan a awo wesee.+
11 Deɛ ɔdwene Yehowa ho adwemmɔne+ ne deɛ ɔbɔ pɔ bɔne+ nyinaa bɛfiri wo mu afiri.
12 Deɛ Yehowa aka nie: “Sɛ wɔyɛ pirimpirim na wɔdɔɔso mpo a, wɔbɛtwitwa wɔn agu+ na wɔatwam akɔ. Na mɛma mo ho ahiahia mo, na ɛno akyi no, ɛremma sɛ mɛma mo ho ahiahia mo bio.+ 13 Ne kɔndua a ɛda wo soɔ no,+ mɛbu mu, na mate ahoma a ɛkyekyere woɔ no mu mmienu.+ 14 Wo ho asɛm a Yehowa ahyɛ nie, ‘Wɔrennua wo din bio.+ Mɛbubu ahoni a wɔasene ne deɛ wɔaguo afiri w’abosomfie.+ Mɛyɛ damena ama wo,+ ɛfiri sɛ mfasoɔ biara nni wo so.’
15 “Hwɛ, deɛ ɔde asɛmpa ba, deɛ ɔka asomdwoeɛsɛm, ne nan wɔ mmepɔ so.+ Yuda, di w’afahyɛ.+ Bɔ a woahyɛ no, tua,+ ɛfiri sɛ ohuhuni biara rentwam mfa wo mu bio.+ Wɔbɛtwa no afiri hɔ koraa.”+