Hagai
2 Bosome a ɛtɔ so nson+ no da a ɛtɔ so aduonu baako no, Yehowa ka kyerɛɛ odiyifoɔ Hagai+ sɛ: 2 “Hwɛ, ka kyerɛ Sealtiel+ ba Serubabel+ a ɔyɛ Yuda amrado,+ ne Yehosadak+ ba Yosua+ a ɔyɛ ɔsɔfo panin, ne ɔman no nkaeɛ sɛ, 3 ‘Hwannom na wɔda so wɔ mo mu a wɔhunuu sɛdeɛ na efie yi animuonyam teɛ kane no?+ Na afei mohu no sɛn? Sɛ mode toto kane deɛ no ho a, ɛnyɛ adehunu wɔ mo ani so anaa?’+
4 “‘Enti afei Serubabel, hyɛ wo ho den;+ Yehosadak ba ɔsɔfo panin Yosua nso, hyɛ wo ho den,’ Yehowa asɛm nie.
“‘Asase no sofoɔ nyinaa nso, monhyɛ mo ho den, na monyɛ adwuma,’+ Yehowa asɛm nie.
“‘Meka mo ho,’+ asafo Yehowa asɛm nie. 5 ‘Monkae asɛm a me ne mo yɛɛ ho apam berɛ a mofiri Egypt baeɛ,+ berɛ a me honhom+ gyina mo mu no. Monnsuro.’”+
6 “Deɛ asafo Yehowa aka nie, ‘Na ɛbɛba bio—ɛrenkyɛ koraa+—sɛ mɛwoso ɔsoro ne asase ne ɛpo ne asase kesee.’+
7 “‘Na mɛwoso amanaman nyinaa, na aman nyinaa mu nnepa bɛba,+ na mede animuonyam bɛhyɛ fie yi mã,’+ asafo Yehowa na aka.
8 “‘Dwetɛ yɛ me dea, na sika nso yɛ me dea,’+ asafo Yehowa asɛm nie.
9 “‘Efie foforɔ yi animuonyam bɛsene kane deɛ no,’+ asafo Yehowa na aka.
“‘Na mɛma asomdwoeɛ aba ha,’+ asafo Yehowa asɛm nie.”
10 Dario afe a ɛtɔ so mmienu, bosome a ɛtɔ so nkron no da a ɛtɔ so aduonu nnan no, Yehowa ka kyerɛɛ odiyifoɔ Hagai+ sɛ: 11 “Deɛ asafo Yehowa aka nie, ‘Bisa asɔfoɔ no mmara+ no ho asɛm sɛ: 12 “Sɛ obi de nam kronkron gu n’atadeɛ mu, na ɔde n’atadeɛ no ka paanoo anaa aduane a wɔanoa anaa bobesa anaa ngo anaa aduane foforɔ biara a, ɛbɛyɛ kronkron anaa?”’”+
Ɛnna asɔfoɔ no buaa sɛ: “Dabi!”
13 Hagai toaa so bisaa sɛ: “Na sɛ obi a efunu* ama ne ho agu fĩ sɔ nneɛma yi bi mu a, ɛho bɛgu fĩ anaa?”+
Na asɔfoɔ no buaa sɛ: “Ɛho bɛgu fĩ.”
14 Ɛnna Hagai kaa sɛ: “‘Saa na nkurɔfoɔ yi teɛ, saa na ɔman yi teɛ wɔ m’ani so,+ na saa na wɔn nsa ano adwuma ne biribiara a wɔde ba hɔ teɛ. Ɛho agu fĩ,’+ Yehowa asɛm nie.
15 “‘Ɛfiri saa da yi rekorɔ, monsusu asɛm yi ho wɔ mo akomam+ sɛ ansa na wɔde ɛboɔ reto boɔ so wɔ Yehowa asɔrefie,+ 16 berɛ a saa nsɛm no sisiiɛ no, sɛ obi ba ayuo a wɔaboa ano ho sɛ ɔbɛnya susukoraa aduonu a, ɛdane du; na sɛ obi ba nsã-kyi-amena ho sɛ ɔrebɛsa susukoraa aduonum a, ɛdane aduonu.+ 17 Mede ɔhyew+ baa mo so na memaa yareɛ te sii mo mfuo mu,+ na memaa asukɔtweaa+ baa mo so, ne mo nsa ano adwuma+ nyinaa so, nanso mo mu biara ansan amma me nkyɛn,’+ Yehowa asɛm nie—
18 “‘Monsusu asɛm yi ho wɔ mo akomam;+ ɛfiri saa da yi, bosome a ɛtɔ so nkron no da a ɛtɔ so aduonu nnan, da a wɔtoo Yehowa asɔrefie no fapem+ no, monsusu asɛm yi ho: 19 Aba bi da so ara wɔ ayukorabea?+ Na ɛbɛsi nnɛ no, bobe ne borɔdɔma ne granate akutuo* ne ngodua aso anaa? Ɛfiri saa da yi rekorɔ mɛhyira mo.’”+
20 Na bosome no da a ɛtɔ so aduonu nnan+ no, Yehowa ka kyerɛɛ Hagai+ ne mprenu soɔ sɛ: 21 “Ka kyerɛ Yuda amrado+ Serubabel sɛ, ‘Mɛwoso ɔsoro ne asase.+ 22 Na mɛka ahennie ahennwa abutu na masɛe ahemman ahoɔden;+ mɛhwan teaseɛnam ne ne kafoɔ ase na apɔnkɔ ne wɔn sotefoɔ ahwehwe ase,+ na obiara bɛtɔ ne nua nkrantɛ ano.’”+
23 “‘Saa da no,’ asafo Yehowa asɛm nie, ‘mɛfa wo, Sealtiel+ ba Serubabel,+ m’akoa,’ Yehowa asɛm nie; ‘na mede wo bɛsi hɔ sɛ nsɔanokaa,+ ɛfiri sɛ wo na mayi woɔ,’+ asafo Yehowa asɛm nie.”+