Luka
6 Afei homeda bi duruiɛ no ɔkɔfaa ayufuo mu, na n’asuafoɔ no pempanee+ ayuo mmɛtem, posaa no wɔn nsam weeɛ.+ 2 Ɛnna Farisifoɔ no bi kaa sɛ: “Adɛn nti na moreyɛ deɛ mmara mma kwan+ sɛ wɔyɛ no homeda yi?”+ 3 Nanso Yesu bua see wɔn sɛ: “Monkenkanee deɛ Dawid+ yɛeɛ berɛ a ɛkɔm dee ɔne mmarima a wɔka ne ho no?+ 4 Sɛdeɛ ɔkɔɔ Onyankopɔn fie kɔgyee paanoo a wɔde aba Onyankopɔn anim+ a mmara mma kwan sɛ obiara die, gye asɔfoɔ nko ara no, na ɔdiiɛ de bi maa mmarima a wɔka ne ho no?”+ 5 Na ɔtoaa so ka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Homeda Wura ne Onipa Ba no.”+
6 Homeda+ foforɔ duruiɛ no ɔkɔɔ hyiadan mu, na ɔfirii aseɛ kyerɛkyerɛeɛ. Ná ɔbarima bi wɔ hɔ a ne nsa nifa awuo.+ 7 Enti na atwerɛfoɔ ne Farisifoɔ no rehwɛ+ no komm sɛ ebia ɔbɛsa yareɛ homeda na wɔanya kwan bi afa so abɔ no soboɔ.+ 8 Ná ɔnim wɔn adwene,+ nanso ɔka kyerɛɛ ɔbarima a ne nsa awuo no sɛ: “Sɔre gyina mfimfini hɔ.” Na ɔsɔre gyinaa hɔ.+ 9 Ɛnna Yesu ka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Merebisa mo, mmara ma kwan sɛ wɔyɛ adepa+ anaa adebɔne homeda, sɛ wɔgye obi anaa sɛ wɔsɛe ɔkra bi?”+ 10 Na ɔhwɛɛ wɔn nyinaa hyiaeɛ no, ɔka kyerɛɛ ɔbarima no sɛ: “Tene wo nsa.” Ɔyɛɛ saa, na ne nsa no san yɛɛ yie.+ 11 Na ɛmaa wɔn ani beree dendeenden, na wɔtuu agyina hwɛɛ deɛ wɔde bɛyɛ Yesu.+
12 Saa nna no mu no ɔkɔɔ bepɔ so kɔbɔɔ mpaeɛ,+ na ɔbɔɔ Onyankopɔn mpaeɛ anadwo mũ no nyinaa.+ 13 Na adeɛ kyeeɛ no, ɔfrɛɛ n’asuafoɔ no baa ne nkyɛn, na ɔyii wɔn mu dumienu frɛɛ wɔn “asomafoɔ”:+ 14 Simon, a ɔsan frɛɛ no Petro,+ ne ne nua Andrea, ne Yakobo ne Yohane,+ ne Filipo+ ne Bartolomeo, 15 ne Mateo ne Toma,+ ne Alfeo ba Yakobo, ne Simon a wɔfrɛ no “nsiyɛfoɔ no,”+ 16 ne Yakobo ba Yuda, ne Yuda Iskariot a ɔdanee ɔfatwafoɔ no.+
17 Na ɔne wɔn siane bɛgyinaa baabi a ɛhɔ da fam, na n’asuafoɔ pii, ne nnipadɔm+ a wɔfiri Yudea ne Yerusalem, ne Tiro ne Sidon mpoano nyinaa, baa sɛ wɔrebɛtie no na wasa wɔn yareɛ.+ 18 Ɔsaa wɔn a ahonhom fĩ ha wɔn mpo yareɛ. 19 Na nnipadɔm no nyinaa hwehwɛɛ sɛ wɔde wɔn nsa ka+ no, ɛfiri sɛ na tumi+ firi ne mu ba, na ɛsaa wɔn nyinaa yareɛ.
20 Na ɔmaa n’ani so kyerɛɛ n’asuafoɔ no firii aseɛ kaa sɛ:+
“Anigyeɛ ne mo ahiafoɔ,+ ɛfiri sɛ mo na Onyankopɔn ahennie no yɛ mo dea.
21 “Anigyeɛ ne mo a seesei ɛkɔm+ de mo, ɛfiri sɛ wɔbɛma moamee.+
“Anigyeɛ ne mo a seesei moresu, ɛfiri sɛ mobɛsere.+
22 “Anigyeɛ ne mo berɛ a nnipa tan+ mo, ne berɛ a wɔyi mo firi nnipa mu na wɔbɔ mo ahohora, na wɔyi+ mo din to twene sɛ nnebɔneyɛfoɔ ɛsiane onipa Ba no nti. 23 Mo ani nnye na monni ahurisie saa da no, na hwɛ! mo akatua sõ wɔ soro, ɛfiri sɛ adekorɔ no ara bi na wɔn agyanom de yɛɛ adiyifoɔ no.+
24 “Nanso mo adefoɔ monnue,+ ɛfiri sɛ morenya mo awerɛkyekyerɛ nyinaa dada.+
25 “Monnue, mo a seesei wɔama moamee, ɛfiri sɛ ɛkɔm bɛde mo.+
“Monnue, mo a seesei moresereɛ, ɛfiri sɛ mo werɛ bɛho na moasu.+
26 “Sɛ nnipa nyinaa ka mo ho asɛmpa a, monnue, ɛfiri sɛ saa ara na wɔn agyanom yɛɛ atorɔ adiyifoɔ no.+
27 “Nanso mese mo a moretie yi sɛ, monkɔ so nnɔ mo atamfo,+ na monyɛ wɔn a wɔtan mo no papa,+ 28 na monhyira wɔn a wɔdome mo, na mommɔ mpaeɛ mma wɔn a wɔdidi mo atɛm.+ 29 Deɛ ɔbɔ w’asom no,+ dane fã a aka no nso ma no; na deɛ ɔfa+ w’atadeɛ ngugusoɔ no, mfa aseɛ atadeɛ no mpo nkame no. 30 Obiara a ɔbisa wo biribi no, ma no,+ na deɛ wafa wo nneɛma no, mmisa no bio.
31 “Afei nso, sɛdeɛ mopɛ sɛ nnipa yɛ mo no, monyɛ wɔn saa ara.+
32 “Na sɛ modɔ wɔn a wɔdɔ mo a, mfasoɔ bɛn na ɛwɔ so ma mo? Abɔnefoɔ mpo dɔ wɔn a wɔdɔ wɔn.+ 33 Na sɛ moyɛ papa ma wɔn a wɔyɛ mo papa a, mfasoɔ bɛn koraa na ɛwɔ so ma mo? Abɔnefoɔ mpo yɛ saa ara.+ 34 Afei nso, sɛ moma wɔn a mowɔ anidasoɔ sɛ mobɛnya biribi afiri wɔn nkyɛn no bosea*+ a, mfasoɔ bɛn na ɛwɔ so ma mo? Abɔnefoɔ mpo ma abɔnefoɔ bosea na ama wɔanya pii afiri wɔn hɔ.+ 35 Mmom no, monkɔ so nnɔ mo atamfo na monyɛ papa na momma afoforɔ bosea+ a mo ani nna so sɛ mobɛnya biribi akyire yi; na mo akatua bɛyɛ kɛse, na mobɛyɛ Ɔsorosoroni no mma,+ ɛfiri sɛ ne yam yɛ+ ma bonniayɛfoɔ ne abɔnefoɔ. 36 Monkɔ so nhu mmɔbɔ sɛdeɛ mo Agya hunu mmɔbɔ no.+
37 “Bio nso, monnyae atɛn a mobu nkurɔfoɔ no na wɔammu mo atɛn;+ na monnyae sɛ mobu nkurɔfoɔ fɔ na wɔammu mo fɔ. Momfa nkyɛ na wɔde akyɛ mo.+ 38 Monkɔ so mma na nkurɔfoɔ ama mo.+ Susukoraa pa a wɔamia so awoso no ama no abu soɔ na wɔde bɛgu mo ntoma mu. Na susukoraa a mode susu ma nkurɔfoɔ no, ɛno ara na wɔde bɛsusu ama mo.”+
39 Afei nso ɔmaa wɔn mfatoho bi sɛ: “Onifirani bɛtumi akyerɛ onifirani kwan anaa? Anka wɔn mmienu nyinaa nkɔtɔ amena mu?+ 40 Osuani nsene ne kyerɛkyerɛfoɔ, nanso obiara a wɔakyerɛkyerɛ no yie no bɛyɛ sɛ ne kyerɛkyerɛfoɔ.+ 41 Ɛnneɛ, adɛn nti na wohwɛ ntɛtɛ a ɛda wo nua ani soɔ, na wonhunu mpuna a ɛda wo ara w’ani soɔ?+ 42 Wobɛyɛ dɛn atumi aka akyerɛ wo nua sɛ: ‘Me nua, ma menyi ntɛtɛ a ɛda w’ani soɔ yi mma wo,’ berɛ a wonhunu mpuna a ɛda wo ara w’ani soɔ?+ Nyaatwomni! Di kan yi wo ara w’ani so mpuna no,+ na wobɛhunu sɛdeɛ wobɛyi ntɛtɛ a ɛda wo nua ani soɔ no.+
43 “Na dua pa biara nso aba bɔne; bio nso dua bɔne biara nso aba pa.+ 44 Na dua biara aba na wɔde hunu.+ Sɛ nhwɛsoɔ no, nkurɔfoɔ ntete borɔdɔma mfiri nkasɛɛ so, na wɔntwa bobe mfiri nkyɛkyerɛ so.+ 45 Onipa pa firi adepa a wakora so n’akomam no mu yi adepa adi,+ na ɔbɔnefoɔ firi nnebɔne a wakora soɔ mu yi adebɔne adi; ɛfiri sɛ deɛ ayɛ akoma mã aboro soɔ no na ano ka.+
46 “Ɛnneɛ, adɛn nti na mofrɛ me ‘Awurade! Awurade!’ nanso monyɛ deɛ meka no?+ 47 Obiara a ɔba me nkyɛn na ɔte me nsɛm na ɔyɛ no, mɛkyerɛ mo deɛ ɔsɛ no:+ 48 Ɔte sɛ ɔbarima bi a ɔresi dan, a ɔtutuu fam kɔɔ akyiri na ɔtoo fapem wɔ botan soɔ. Enti, berɛ a nsuo yiriiɛ+ no, ɛbɛbɔɔ dan no, nanso antumi anwoso no, ɛfiri sɛ wɔsii no yie.+ 49 Nanso, deɛ ɔte me nsɛm na ɔnyɛ no,+ ɔte sɛ ɔbarima bi a ɔsii ne dan sii asase so a wanto fapem. Na nsuo yiri bɛbɔɔ no, na ɛbubuu ntɛm ara, na saa dan no sɛee+ koraa.”+