Deuteronomium 15:7 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 7 “Sɛ woduru asase a Yehowa wo Nyankopɔn de ama woɔ no so na ɛhia wo nua bi wɔ wo kurom a, mma w’akoma anaa wo nsam nnyɛ den wo nua hiani no so.+ Mmebusɛm 3:27 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 27 Mfa yieyɛ nkame wɔn a ɛsɛ wɔn,+ berɛ a wowɔ tumi a wode bɛyɛ.+ Mmebusɛm 21:26 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 26 Ne kɔn dɔ daa; ɔteneneeni deɛ, ɔma, na ɔnkame hwee.+ Mateo 5:42 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 42 Deɛ ɔbisa wo hɔ adeɛ no, ma no, na nnane wo ho mfiri deɛ ɔpɛ sɛ ɔgye wo hɔ bosea* no ho.+
7 “Sɛ woduru asase a Yehowa wo Nyankopɔn de ama woɔ no so na ɛhia wo nua bi wɔ wo kurom a, mma w’akoma anaa wo nsam nnyɛ den wo nua hiani no so.+