Asaf+ ayeyi dwom.
50 Onyankopɔn Tweaduampɔn,+ Yehowa+ akasa;+
Ɔfrɛ asase+
Firi apueeɛ kɔsi atɔeɛ.+
2 Sion, ahoɔfɛ a ɛwie pɛyɛ+ mu na Onyankopɔn firi hyerɛn.+
3 Yɛn Nyankopɔn bɛba, na ɔrentumi nyɛ komm.+
Egya bɛdi n’anim ahye adeɛ,+
Na ahum kɛseɛ atwa ne ho ahyia.+
4 Ɔfrɛ ɔsoro ne asase+
Sɛ ɔrebɛbu ne man atɛn:+
5 “Mommoaboa m’anokwafoɔ ano mma me,+
Wɔn a wɔnam afɔrebɔ so ne me ayɛ apam no.”+
6 Ɔsoro ka ne tenenee kyerɛ,+
Na Onyankopɔn ne Ɔtemmufoɔ.+ Sela.
7 “Me man, montie, na merebɛkasa,+
O Israel, tie, na merebɛdi adanseɛ atia wo.+
Mene Onyankopɔn, wo Nyankopɔn.+
8 Ɛnyɛ mo afɔrebɔ nti na mereka mo anim,+
Na ɛnyɛ mo hyeɛ afɔdeɛ a ɛwɔ m’anim daa ntira.+
9 Meremfa nantwinini mfiri mo fie,+
Na meremfa mpapo mfiri mo nnwammuo mu.
10 Ɛfiri sɛ me na kwaeɛ mu mmoadoma nyinaa wɔ me,+
Mmepɔ apem so mmoa nyinaa.+
11 Menim mmepɔ so ntakraboa nyinaa,+
Na wuram mmoadoma nyinaa wɔ me.+
12 Sɛ ɛkɔm de me a, merenka nkyerɛ wo;
Ɛfiri sɛ asase+ ne emu nneɛma nyinaa yɛ me dea.+
13 Mehia anantwinini akɛseɛ nam anaa?+
Anaa mehia mpapo mogya?+
14 Fa aseda bɔ Onyankopɔn afɔdeɛ,+
Na tua wo bɔhyɛ adeɛ ma Ɔsorosoroni no;+
15 Frɛ me ahohia da.+
Na mɛgye wo na woahyɛ me animuonyam.”+
16 Na ɔdebɔneyɛfoɔ deɛ, Onyankopɔn bɛka akyerɛ no sɛ:+
“Hwan na ɔmaa wo kwan sɛ ka m’ahyɛdeɛ,+
A wode w’ano ka m’apam ho asɛm yi,+
17 Berɛ a wo korɔ yi ara wotan ntenesoɔ,+
Na woato me nsɛm agu w’akyi yi?+
18 Sɛ wohunu korɔmfoɔ a, ɛyɛ wo fɛ;+
Na wo ne awaresɛefoɔ na ɛbɔ.+
19 Wobue w’ano kɔ bɔne mu,+
Na wode wo kɛtrɛma ka nnaadaasɛm.+
20 Wotena ase keka wo nua ho nsɛm,+
Na wo maame ba mpo, wodi ne ho nsekuro.+
21 Woayɛ yeinom nyinaa, na meyɛɛ dinn.+
Ná wosusu sɛ mɛyɛ sɛ wo ara.+
Merebɛka w’anim,+ na mede deɛ woayɛ asi w’anim.+
22 Mo a mo werɛ afiri Onyankopɔn,+ monte yei ase,
Na mantete mo mu pasaa a ɔgyefoɔ biara nni hɔ.+
23 Deɛ ɔde aseda bɔ afɔdeɛ no na ɔbɛhyɛ me animuonyam;+
Na deɛ ɔnam kwampa soɔ no,
Mɛma no ahunu Onyankopɔn nkwagyeɛ.”+