Hesekiel
15 Yehowa ka kyerɛɛ me bio sɛ: 2 “Onipa ba, ɛdeɛn na bobe+ dua anaa bobe duforɔ a ɛwɔ kwaeɛ mu no de sene dua biara? 3 Wɔbɛtwa dua no bi de ayɛ adwuma bi? Anaa wɔbɛtwa sini bi de biribi asɛn so? 4 Hwɛ, wɔde bɛgu gya mu ama no ahye.+ Egya no bɛhye anoano ama mfimfini no nso ahye.+ Ɛba saa a, dwuma bɛn na wɔbɛtumi de adie? 5 Hwɛ, hwee nyɛɛ no mpo na wɔntumi mfa nni dwuma biara yi, na kampɛsɛ egya ahye no! Dwuma foforɔ bɛn na wɔbɛtumi de adie?”+
6 “Enti Awurade Tumfoɔ Yehowa aka sɛ, ‘Sɛdeɛ mede bobe dua a ɛwɔ kwaeɛ mu agu gya mu sɛ ɛnhyeɛ no, saa ara na mayɛ Yerusalem.+ 7 Mede m’ani asi wɔn so.+ Wɔfiri gya mu, na egya na ɛbɛhye wɔn.+ Na sɛ mede m’ani si wɔn so a, mobɛhunu sɛ mene Yehowa.’”+
8 “‘Na mɛma asase no adane amamfõ,+ ɛfiri sɛ wɔanni nokorɛ,’+ Awurade Tumfoɔ Yehowa asɛm nie.”