24 Na sɛdeɛ egya di buronan+ na gyaframa mene serɛ a awoɔ no, saa ara na wɔn nhini bɛporɔ abɔn+ na wɔn nhwiren ahu akɔ sɛ mfuturo, ɛfiri sɛ wɔapo asafo Yehowa mmara,+ na wɔmfa Israel Kronkronni no asɛm nyɛ hwee.+
7 Deɛ ɔrebɛsɛe amanaman+ no atu reba;+ wafiri adi sɛ gyata a ɔfiri dɔtɔ mu reba, na watu afiri ne tenabea sɛ ɔrebɛyɛ w’asase ahodwirideɛ, na wasɛe wo nkuro pasaa na obi antena mu bio.+
20 Ɛno nti, deɛ Awurade Tumfoɔ Yehowa aka nie, ‘Hwɛ! Wɔbɛhwie m’abufuo ne m’abufuhyeɛ agu ha+ yi ne adasamma ne afieboa ne wuram nnua+ ne asase so aba so; ɛbɛhye na ɛrennum.’+
47 Na ka kyerɛ anafoɔ fam kwaeɛ sɛ, ‘Tie Yehowa asɛm. Deɛ Awurade Tumfoɔ Yehowa aka nie: “Mede gya bɛto wo mu+ ama no ahye dua mono ne duawuiɛ biara.+ Na gyaframa no rennum,+ na ɛfiri anafoɔ kɔsi atifi, obiara anim* bɛhye.+