Yesaia 6:11 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 11 Ɛnna mebisaa sɛ: “O Yehowa, ɛnkɔsi da bɛn?”+ Na ɔbuaa sɛ: “Ɛnkɔsi sɛ kuro yi bɛsɛe na adane amamfõ, na afie ada mpan a ɔdasani biara nni mu, na asase no asɛe koraa,+ Yeremia 25:11 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 11 Na asase yi nyinaa bɛdane amamfõ ne ahodwirideɛ, na aman yi bɛsom Babilon hene mfirinhyia aduɔson.”’+ Hesekiel 6:14 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 14 Na mɛtene me nsa wɔ wɔn so+ na mama asase no adane amamfõ, na ɛbɛsɛe asene serɛ a ɛda Dibla ho, wɔn tenabea nyinaa. Na wɔbɛhunu sɛ mene Yehowa.’”
11 Ɛnna mebisaa sɛ: “O Yehowa, ɛnkɔsi da bɛn?”+ Na ɔbuaa sɛ: “Ɛnkɔsi sɛ kuro yi bɛsɛe na adane amamfõ, na afie ada mpan a ɔdasani biara nni mu, na asase no asɛe koraa,+
11 Na asase yi nyinaa bɛdane amamfõ ne ahodwirideɛ, na aman yi bɛsom Babilon hene mfirinhyia aduɔson.”’+
14 Na mɛtene me nsa wɔ wɔn so+ na mama asase no adane amamfõ, na ɛbɛsɛe asene serɛ a ɛda Dibla ho, wɔn tenabea nyinaa. Na wɔbɛhunu sɛ mene Yehowa.’”