Hesekiel
35 Na Yehowa san ka kyerɛɛ me sɛ: 2 “Onipa ba, fa w’ani kyerɛ+ Seir+ bepɔ na hyɛ nkɔm tia no.+ 3 Na ka kyerɛ no sɛ, ‘Deɛ Awurade Tumfoɔ Yehowa aka nie: “Seir bepɔ,+ me ne wo wɔ asɛm, na mɛtene me nsa wɔ wo so+ na mama woasɛe pasaa adane amamfõ.+ 4 Mɛma wo nkuro asɛe pasaa, na wo nso woadane amamfõ;+ na wobɛhunu sɛ mene Yehowa,+ 5 ɛfiri sɛ wotan Israel daa+ na woyii wɔn maa nkrantɛ+ wɔn amanehunu berɛ mu,+ wɔn bɔne a ɛtwa toɔ mu.”’+
6 “Awurade Tumfoɔ Yehowa asɛm nie, ‘Sɛ mete aseɛ yi, ɛsiane sɛ mesiesiee wo maa mogya nti, mogya bɛdi w’akyi.+ Wotan mogya, nanso mogya na ɛbɛdi w’akyi.+ 7 Mɛma Seir bepɔ asɛe pasaa adane amamfõ,+ na mɛtwa deɛ ɔretwam ne deɛ ɔresan nyinaa afiri so.+ 8 Na mɛma wɔakunkum nnipa ahyɛ ne mmepɔ so mã, na wɔn a wɔbɛtotɔ nkrantɛ ano no bɛhyɛ wo nkokoɔ ne w’abɔn ne wo nsubɔnten nyinaa mã.+ 9 Mɛma woayɛ amamfõ daa na wo nkuro ada mpan,+ na mobɛhunu sɛ mene Yehowa.’+
10 “Ɛsiane sɛ wokaa sɛ, ‘Saa aman mmienu ne nsase mmienu yi bɛyɛ me dea, na yɛbɛfa ne nyinaa,’+ berɛ a Yehowa no ara wɔ hɔ+ nti, 11 Awurade Tumfoɔ Yehowa asɛm nie, ‘Sɛ mete aseɛ yi, ɛsiane sɛ wotan wɔn na wo ne wɔn dii no abufuo ne anibereɛ so nti,+ me nso me ne wo bɛdi no saa ara; na sɛ mebu wo atɛn a, mɛma wɔahu me.+ 12 Na wobɛhunu sɛ me Yehowa, mate nsɛm a woaka atia Israel mmepɔ+ no nyinaa sɛ: “Wɔadane amamfõ, na wɔde wɔn ama yɛn sɛ aduane.”+ 13 Mode mo ano ka akokurokosɛm+ woro nsɛm pii tia me.+ Mate ne nyinaa.’+
14 “Deɛ Awurade Tumfoɔ Yehowa aka nie, ‘Berɛ a asase nyinaa di ahurisie no, mɛma woadane amamfõ. 15 Ɛsiane sɛ w’ani gyee sɛ Israel fie agyapadeɛ asɛe pasaa nti, saa ara na mɛyɛ woɔ.+ O Seir bepɔ, wobɛdane amamfõ, Edom nyinaa, ne nyinaa;+ na wɔbɛhunu sɛ mene Yehowa.’”+