Leviticus 19:17 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 17 “‘Nnya wo nua ho tan w’akomam.+ Yi wo yɔnko atɛn+ na woansoa ne bɔne no bi. Dwom 37:7 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 7 Yɛ komm ma Yehowa,+Na to wo bo ase twɛn no.+Mma wo bo mmfu, deɛ ne kwan asi no yie+ nti,Onipa a ɔdi ne nsusuiɛ akyi+ no. Amos 1:11 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 11 “Deɛ Yehowa aka nie, ‘Edom+ bɔne a ɛtɔ so mmiɛnsa ne deɛ ɛtɔ so nnan nti, merentwe nsan, ɛfiri sɛ ɔde nkrantɛ tĩĩ ne nua,+ na ɔsɛee ne mmɔborɔhunu,+ na n’abufuo tetee ne hanam mu daa, na n’abufuhyeɛ dɛree berɛ nyinaa.+ Mateo 7:2 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 2 atɛn a mobuo no, ɛno ara na wɔbɛbu mo;+ susukoraa a mode susu ma nkurɔfoɔ no, wɔde bɛsusu ama mo.+ 1 Yohane 3:15 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 15 Obiara a ɔtan+ ne nua no yɛ wudini,+ na monim sɛ wudini+ biara nni hɔ a daa nkwa te ne mu.+
7 Yɛ komm ma Yehowa,+Na to wo bo ase twɛn no.+Mma wo bo mmfu, deɛ ne kwan asi no yie+ nti,Onipa a ɔdi ne nsusuiɛ akyi+ no.
11 “Deɛ Yehowa aka nie, ‘Edom+ bɔne a ɛtɔ so mmiɛnsa ne deɛ ɛtɔ so nnan nti, merentwe nsan, ɛfiri sɛ ɔde nkrantɛ tĩĩ ne nua,+ na ɔsɛee ne mmɔborɔhunu,+ na n’abufuo tetee ne hanam mu daa, na n’abufuhyeɛ dɛree berɛ nyinaa.+