Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NWOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NWOMAKORABEA
Twi (Asante)
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NWOMA
  • ASAFO NHYIAMU
  • Yeremia 49:8
    Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
    • 8 Dedanfoɔ+ ee, monnwane!+ Montu mmirika! Monkɔpɛ baabi ntɛ!+ Na mede amanehunu bɛba Esau so berɛ a mede m’ani bɛsi ne soɔ no.+

  • Kwadwom 4:22
    Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
    • 22 O Sion babaa, wo mfomsoɔ aba awieeɛ.+ Ɔremfa wo nkɔ nkoasom mu bio.+

      Wo Edom babaa, ɔde n’ani asi wo mfomsoɔ so. Wada wo bɔne adi.+

  • Hesekiel 36:5
    Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
    • 5 enti deɛ Awurade Tumfoɔ Yehowa aka nie, ‘M’anibereɛ gya mu na mɛkasa+ atia aman a aka ne Edom nyinaa,+ aman a mmoa adidibea ne afomdeɛ nti, wɔde akomam ahurisie+ ne ɔkra mu animtiabuo+ afa m’asase no.’”’+

  • Amos 1:11
    Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
    • 11 “Deɛ Yehowa aka nie, ‘Edom+ bɔne a ɛtɔ so mmiɛnsa ne deɛ ɛtɔ so nnan nti, merentwe nsan, ɛfiri sɛ ɔde nkrantɛ tĩĩ ne nua,+ na ɔsɛee ne mmɔborɔhunu,+ na n’abufuo tetee ne hanam mu daa, na n’abufuhyeɛ dɛree berɛ nyinaa.+

  • Obadia 1
    Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
    • 1 Obadia anisoadehunu:

      Deɛ Awurade Tumfoɔ Yehowa aka afa Edom ho nie:+ “Yɛate amanneɛbɔ bi afiri Yehowa hɔ, na watu abɔfoɔ kɔ amanaman no mu sɛ, ‘Monsɔre, momma yɛnsɔre ne no nkɔko.’”+

  • Obadia 10
    Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
    • 10 Atirimuɔdensɛm a wode dii wo nua Yakob nti,+ w’anim bɛgu ase,+ na wɔbɛtwa wo afiri hɔ koraa.+

Twi Asante Nwoma Ahodoɔ (2012-2022)
Firi Mu
Kɔ Mu
  • Twi (Asante)
  • Fa Mane
  • Yɛ Nsakraeɛ a Wopɛ Wɔ Ha
  • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
  • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛeɛ
  • Sɛdeɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • Kyerɛ Sɛdeɛ Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • JW.ORG
  • Kɔ Mu
Fa Mane