2 Tesalonikafoɔ
2 Nanso, anuanom, ɛdefa yɛn Awurade Yesu Kristo mmaeɛ+ ne yɛn ano a wɔbɛboaboa akɔ ne nkyɛn ho no,+ yɛsrɛ mo sɛ 2 mommma wɔmmfa honhom mu asɛm+ anaa asɛm biara a wɔka+ anaasɛ krataa+ a wɔkyerɛ sɛ ɛfiri yɛn hɔ nnsɛe mo adwene ntɛm anaa wɔmmfa nntu mo bo sɛ Yehowa da+ no aduru.
3 Mommma obiara nnnaadaa mo kwan biara so, ɛfiri sɛ ɛremma gye sɛ ɔwaeɛ no+ ba ansa, na wɔyi onipa a ɔnni mmara soɔ+ no adi,+ ɔsɛeɛ ba no.+ 4 Ɔyɛ ɔsɔretiafoɔ+ na ɔma ne ho so sene obiara a wɔfrɛ no “onyame” anaa biribi a wɔsom, na enti ɔtena ase Onyankopɔn asɔrefie, da ne ho adi badwam sɛ ɔyɛ onyame.+ 5 Adɛn, monkae sɛ berɛ a mewɔ mo nkyɛn no, na meka+ yeinom kyerɛ mo?
6 Enti afei monim deɛ+ ɛsi kwan+ no kɔsi sɛ wɔbɛyi no adie wɔ ɔno ara ne berɛ mu.+ 7 Nokorɛm no, deɛ ɔnni mmara soɔ no ho ahuntasɛm afiri aseɛ dada;+ nanso ɛbɛkɔ so akɔsi sɛ deɛ seesei ɔsi kwan no bɛfiri kwan mu.+ 8 Ɛno na afei wɔbɛyi deɛ ɔnni mmara soɔ no adie, na Awurade Yesu de n’anom honhom bɛyi no afiri hɔ,+ na ɔnam ne mmaeɛ+ a ɛbɛda adie+ no so bɛma no ayera koraa. 9 Nanso ɛkwan a deɛ ɔnni mmara soɔ no nam so ba* ne Satan nnwuma+ a ahoɔdenneɛ ne atorɔ nsɛnkyerɛnne ne anwanwadeɛ+ nyinaa ka ho 10 ne nnaadaa+ bɔne nyinaa a ɛwɔ hɔ ma wɔn a wɔasi ɔsɛeɛ kwan soɔ+ no, na ɛbɛyɛ asotwe ɛfiri sɛ wɔannya nokorɛ no ho dɔ+ na ama wɔagye wɔn nkwa.+ 11 Ɛno nti na Onyankopɔn ma nnaadaa nkɛntɛnsoɔ ba wɔn soɔ, na ama wɔagye atorɔ adi,+ 12 na wɔabu wɔn nyinaa atɛn ɛsiane sɛ wɔannye nokorɛ no annie+ na mmom wɔn ani gyee deɛ ɛntene ho nti.+
13 Nanso, mo anuanom a Yehowa dɔ mo, mo nti, ɛsɛ sɛ yɛda Onyankopɔn ase daa, ɛfiri sɛ Onyankopɔn yii mo+ firii mfitiaseɛ maa nkwagyeɛ wɔ honhom+ a ɔde tee+ mo ho ne nokorɛ no+ mu gyidie a mowɔ no mu. 14 Botaeɛ yi nso nti na ɔnam asɛmpa a yɛka no so afrɛ mo,+ sɛdeɛ ɛbɛyɛ a mobɛnya yɛn Awurade Yesu Kristo animuonyam.+ 15 Enti afei, anuanom, monnyina hɔ pintinn,+ na monkura nkyerɛkyerɛ a yɛde agya mo no mu,+ sɛ́ ɛnam yɛn anom asɛm anaa yɛn krataa bi soɔ no. 16 Bio nso, yɛn Awurade Yesu Kristo, ne yɛn Agya Onyankopɔn a ɔdɔɔ+ yɛn na ɔmaa yɛn daa awerɛkyekyerɛ ne anidasoɔ+ pa wɔ adom mu no, 17 ɔnkyekyere mo akoma werɛ, na ɔmma monnyina pintinn wɔ asɛm ne adwuma pa biara mu.+