Mateo
17 Nnansia akyi no, Yesu faa Petro ne Yakobo ne ne nua Yohane kaa ne ho kɔɔ bepɔ tenten bi so.+ 2 Na ɔsakraa wɔ wɔn anim maa n’anim hyerɛnee sɛ owia+ na n’atadeɛ yɛɛ hyɛnn sɛ hann.+ 3 Afei hwɛ! Mose ne Elia yii wɔn ho adi kyerɛɛ wɔn, na na wɔne no rekasa.+ 4 Ɛnna Petro ka kyerɛɛ Yesu sɛ: “Awurade, ɛyɛ sɛ yɛwɔ ha. Sɛ wopɛ a, mɛsi ntomadan mmiɛnsa wɔ ha, wo deɛ baako, Mose deɛ baako, Elia deɛ nso baako.”+ 5 Na ɔgu so rekasa no, hwɛ! mununkum hyɛnhyɛn bi bɛkataa wɔn so, na hwɛ! ɛnne bi firi mununkum no mu baa sɛ: “Oyi ne me Ba, deɛ medɔ no a megye no tom;+ montie no.”+ 6 Berɛ a asuafoɔ no tee saa no wɔde wɔn anim butubutuu hɔ na ehu kaa wɔn paa.+ 7 Ɛnna Yesu ba bɛsosɔɔ wɔn mu kaa sɛ: “Monsɔre, monnsuro.”+ 8 Afei berɛ a wɔmaa wɔn ani soɔ no, wɔanhunu obiara sɛ Yesu nko ara.+ 9 Na berɛ a wɔresiane afiri bepɔ no soɔ no, Yesu hyɛɛ wɔn sɛ: “Monnka anisoadehunu no ho asɛm nnkyerɛ obiara kɔsi sɛ wɔbɛnyane onipa Ba no afiri awufoɔ mu.”+
10 Ɛnna asuafoɔ no bisaa no sɛ: “Ɛnneɛ adɛn nti na atwerɛfoɔ no ka sɛ ɛtwa sɛ Elia ba ansa?”+ 11 Ɔbuaa sɛ: “Ɛyɛ nokorɛ, Elia reba na ɔbɛtoto nneɛma nyinaa yie.+ 12 Nanso mese mo sɛ Elia aba dada a wɔanhu no, na wɔyɛɛ no deɛ wɔpɛ biara. Saa ara nso na ɛtwa sɛ onipa Ba no hunu amane wɔn nsam.”+ 13 Ɛnna asuafoɔ no hunuu sɛ Yohane Suboni ho asɛm na na ɔreka kyerɛ wɔn.+
14 Na berɛ a wɔbaa nnipakuo no nkyɛn no,+ ɔbarima bi baa ne nkyɛn bɛbuu nkotodwe wɔ n’anim kaa sɛ: 15 “Awurade, hu me ba yi mmɔbɔ ɛfiri sɛ ɔtwa na ɔyare, na ɔtaa tɔ egya ne nsuo mu;+ 16 mede no brɛɛ w’asuafoɔ no nanso wɔantumi ansa no yareɛ.”+ 17 Yesu buaa sɛ: “O awoɔ ntoatoasoɔ kɔntɔnkye+ a wɔnni gyidie, berɛ tenten sɛn na me ne mo ntena? Mennya mo ho aboterɛ nkɔsi da bɛn? Fa no brɛ me ha.” 18 Afei Yesu kaa adaemone no anim, na ɔfirii ne mu,+ na abarimaa no ho tɔɔ no dɔn no ara mu.+ 19 Ɛnna asuafoɔ no baa Yesu nkyɛn kokoam sɛ: “Adɛn nti na yɛantumi antuo?”+ 20 Ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Mo gyidie a ɛsua ntira. Nokorɛm mese mo sɛ, sɛ mowɔ gyidie a ne kɛseɛ te sɛ sinapi aba mpo a, mobɛka akyerɛ bepɔ yi sɛ, ‘Tu firi ha kɔ do,’ na ɛbɛtu, na biribiara nni hɔ a ɛrenyɛ yie mma mo.”+ 21 ——
22 Ɛyɛ berɛ a wɔhyiaam wɔ Galilea no na Yesu ka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Ɛtwa sɛ wɔyi onipa Ba no hyɛ nnipa nsa,+ 23 na wɔbɛku no, na da a ɛtɔ so mmiɛnsa no wɔanyane no.”+ Yei maa wɔn werɛ hoo pii.+
24 Berɛ a wɔduruu Kapernaum no, wɔn a wɔgyegye drakma mmienu toɔ no baa Petro nkyɛn bɛkaa sɛ: “Mo kyerɛkyerɛfoɔ no tua drakma mmienu toɔ no anaa?”+ 25 Ɔkaa sɛ: “Aane.” Nanso berɛ a ɔhyɛn fie hɔ no Yesu dii kan bisaa no sɛ: “Simon, wodwene ho sɛn? Hwan nkyɛn na asase so ahemfo no gye amanneɛ anaa toɔ no? Wɔn mma anaa ahɔhoɔ nkyɛn?” 26 Berɛ a ɔkaa sɛ: “Ahɔhoɔ nkyɛn” no, Yesu ka kyerɛɛ no sɛ: “Ɛnneɛ na ɛnsɛ sɛ mma no tua toɔ. 27 Nanso deɛ ɛbɛyɛ na yɛanto wɔn suntidua nti,+ wo deɛ kɔ po kɔto daawa na apataa a ɛdi kan a wobɛyie no, sɛ wobue n’anom a wobɛhunu dwetɛ sika.* Yi ma wɔn fa tua me ne wo deɛ.”+