Solomon Dwom
2 “Me deɛ, meyɛ nhwiren+ a mesi mpoano tamaa+ soɔ, sukooko a mesi bɔn mu.”+
2 “Sɛdeɛ sukooko teɛ wɔ nkasɛɛ mu no, saa ara na m’akomam hemmaa teɛ wɔ mmabaa mu.”+
3 “Sɛdeɛ aprɛ+ teɛ wɔ kwaeɛm nnua mu no, saa ara na me dɔfo teɛ wɔ mmeranteɛ mu.+ Ne nwunu ase na m’ani gyina, na ɛhɔ na metenaeɛ. Na n’aba yɛ me dodom dɛ. 4 Ɔde me aba nsã dan mu,+ na ɔhim ne dɔ+ wɔ me so sɛ frankaa.+ 5 Momfa bobe taterɛ+ nnwodwo m’akoma, na momfa aprɛ nwowa me, ɛfiri sɛ ne dɔ ho anigyina abɔ me yareɛ.+ 6 Ne nsa benkum hyɛ me tiri ase, na ɔde ne nsa nifa abam me.+ 7 Yerusalem mma mmaa, mede ɔwansammereɛ+ ne wuram ɔforotebereɛ+ ka ntam gu mo so+ sɛ monnkanyan ɔdɔ wɔ me mu kɔsi sɛ ne berɛ bɛso.+
8 “Mete sɛ obi reba te sɛ me dɔfo!+ Hwɛ, ɔreba!+ Ɔforo mmepɔ na ɔhuri tra nkokoɔ. 9 Me dɔfo te sɛ ɔwansane+ anaa ɔforoteɛ ba. Hwɛ, ɔgyina yɛn dan akyi hwɛ mpomma mu, ɔto n’ani fa ntokuwa mu.+ 10 Me dɔfo bua see me sɛ: ‘M’akomam hemmaa hoɔfɛfoɔ,+ sɔre bra ɛ.+ 11 Hwɛ, asusɔberɛ+ atwam, osuo atɔ ate koraa. 12 Nhwiren apae asase so baabiara,+ berɛ aduru sɛ wɔtwitwa bobe ho,+ na wɔte aburuburo+ sũ wɔ yɛn asase so. 13 Borɔdɔma+ aba a ɛdi kan+ agyegye wɔ ne dua so; bobe agu nhyerɛnee na ɛyi hwa. M’akomam hemmaa+ hoɔfɛfoɔ, sɔre bra ɛ. 14 O m’aborɔnoma+ a wowɔ ɔbotan mu, bepɔ nkyɛn ahuntaeɛ, danedane wo ho ma menhwɛ ɛ,+ na wo ho yɛ me fɛ.+ Ma mente wo nne ɛ, na wo nne yɛ me dɛ.’”
15 “Monkye sakraman+ no mma yɛn, sakraman nkumaa a wɔresɛe yɛn bobeturo no, ɛfiri sɛ yɛn bobe no agu nhyerɛnee.”+
16 “Me dɔfo wɔ hɔ ma me, na me nso mewɔ hɔ ma no.+ Ɔhwɛ ne nnwan+ wɔ sukooko mu.+ 17 Me dɔfo, dane wo ho hwɛ me kɔsi sɛ mframa bɛbɔ brɛoo na sunsum ayera; yɛ sɛ ɔwansane+ anaa ɔforoteɛ mma a wɔwɔ mpaepaemu mmepɔ soɔ.