Mateo
12 Saa berɛ no Yesu kɔfaa ayufuo mu homeda.+ Ɛkɔm dee n’asuafoɔ no maa wɔfirii aseɛ pempanee ayuo mmɛtem weeɛ.+ 2 Berɛ a Farisifoɔ no hunuu yei no, wɔka kyerɛɛ no sɛ:+ “Hwɛ! W’asuafoɔ no reyɛ deɛ mmara mma kwan sɛ wɔyɛ no homeda.”+ 3 Ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Monkenkanee deɛ Dawid yɛeɛ berɛ a ɛkɔm dee ɔne mmarima a wɔka ne ho no?+ 4 Sɛdeɛ ɔkɔɔ Onyankopɔn fie na wɔdii paanoo a wɔde aba Onyankopɔn anim+ a mmara mma kwan+ sɛ ɔno anaa wɔn a wɔka ne ho no die, gye asɔfoɔ nko ara no?+ 5 Anaasɛ monkenkanee wɔ Mmara+ no mu sɛ asɔfoɔ a wɔwɔ asɔrefie hɔ homeda no bu homeda no sɛ dahunu a wɔnni ho fɔ?+ 6 Na mese mo sɛ deɛ ɛso sene asɔrefie+ no wɔ ha. 7 Nanso sɛ mohunuu deɛ asɛm yi, ‘Mepɛ mmɔborɔhunu+ na ɛnyɛ afɔrebɔ’+ no kyerɛ a, anka moammu wɔn a wɔn ho nni asɛm no fɔ. 8 Homeda+ Wura ne Onipa Ba no.”+
9 Berɛ a ɔfirii hɔ no, ɔkɔɔ wɔn hyiadan mu, 10 na hwɛ! obi a ne nsa awuo wɔ hɔ!+ Afei deɛ ɛbɛyɛ na wɔanya biribi abɔ no soboɔ no wɔbisaa no sɛ, “Mmara ma kwan sɛ wɔsa yareɛ homeda?”+ 11 Ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Mo mu hwan na ɔwɔ odwan bi a sɛ ɔkɔtɔ amena+ mu homeda a, ɔrensɔ ne mu nyi no mfiri mu?+ 12 Ne nyinaa mu no, hwɛ sɛdeɛ onipa som bo pii sene odwan!+ Enti mmara ma ho kwan sɛ wɔyɛ adepa homeda.” 13 Afei ɔka kyerɛɛ ɔbarima no sɛ: “Tene wo nsa.” Na ɔteneeɛ, na ɛsan yɛɛ yie te sɛ ne nsa baako no.+ 14 Nanso Farisifoɔ no firii adi kɔtuu ne ho agyina sɛdeɛ ɛbɛyɛ a wɔbɛku no.+ 15 Berɛ a Yesu hunuu saa no, ɔfirii hɔ kɔeɛ. Nnipa bebree nso dii n’akyi na ɔsaa wɔn nyinaa yareɛ,+ 16 nanso ɔbaraa wɔn dendeenden sɛ wɔmmma nkurɔfoɔ nnhunu onipa korɔ a ɔyɛ,+ 17 na deɛ wɔnam odiyifoɔ Yesaia so kaeɛ no aba mu sɛ:
18 “Hwɛ! M’akoa+ a mayi no, deɛ medɔ no+ a me kra agye no atom! Mede me honhom bɛgu ne so,+ na ɔbɛma amanaman no ahunu atɛntenenee pefee. 19 Ɔne obi renham+ na ɔrenteateam, na obiara rente ne nne mmɔnten so. 20 Ɔremmu demmire a abuka biara mu, na ɔrennum ntomaban biara a ayɛ wisiwisi+ kɔsi sɛ ɔbɛbu atɛntenenee+ nkonim mu. 21 Nokorɛm no, amanaman de wɔn ani bɛto ne din so.”+
22 Afei wɔde ɔbarima bi a ɔwɔ adaemone a ɔyɛ onifirani ne mum brɛɛ no, na ɔsaa no yareɛ maa ɔbarima a ɔyɛ mum no kasaeɛ, na ɔhunuu adeɛ. 23 Afei nnipakuo no nyinaa ho dwirii wɔn na wɔfirii aseɛ kekaa sɛ:+ “Ɛnyɛ oyi ne Dawid Ba no anaa?”+ 24 Farisifoɔ no tee yei no wɔkaa sɛ: “Ɛnyɛ hwee na saa damfo yi de tu adaemone sɛ Beelsebub, adaemone panin no.”+ 25 Berɛ a ɔhunuu wɔn adwene no,+ ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Ahennie biara a ɛne ne ho di asie no dane amamfõ,+ na kuro anaa fie biara a ɛne ne ho di asie no rennyina. 26 Enti sɛ Satan tu Satan a, na ɔne ne ho adi asie, na ɛbɛyɛ dɛn na n’ahennie agyina? 27 Bio nso, sɛ mede Beelsebub na ɛtu adaemone a,+ mo mma de hwan na ɛtu wɔn? Yei nti mo akyidifoɔ bɛbu mo atɛn. 28 Nanso sɛ mede Onyankopɔn honhom na ɛtu adaemone a, ɛnneɛ na Onyankopɔn ahennie anya ato mo.+ 29 Anaasɛ ɛbɛyɛ dɛn na obi atumi abɔ awura ɔhoɔdenfoɔ bi fie akɔgye ne nneɛma? Gye sɛ ɔdi kan kyekyere ɔhoɔdenfoɔ no. Ɛno ansa na ɔbɛfom ne fie nneɛma.+ 30 Deɛ ɔnni m’afa no sɔre tia me, na deɛ ɔne me mmoaboa ano no hwete mu.+
31 “Yei nti mese mo sɛ, wɔde bɔne ne abususɛm biara bɛfiri nnipa, nanso abususɛm a ɛtia honhom no deɛ, wɔremfa mfiri.+ 32 Sɛ nhwɛsoɔ no, obiara a ɔbɛka asɛm bi atia onipa Ba no, wɔde bɛfiri no;+ nanso obiara a ɔbɛkasa atia honhom kronkron no, wɔremfa mfiri no berɛ yi mu anaa deɛ ɛbɛba no mu.+
33 “Sɛ moma dua no yɛ dua pa a, n’aba nso bɛyɛ aba pa, nanso moma dua no porɔ a, n’aba nso bɛporɔ; ɛfiri sɛ dua biara aba na wɔde hunu dua korɔ.+ 34 Nhuritia mma,+ mobɛyɛ dɛn atumi aka nsɛm a ɛyɛ berɛ a moyɛ abɔnefoɔ?+ Ɛfiri sɛ deɛ ayɛ akoma mã no na ano ka.+ 35 Onipa pa firi nnepa a waboaboa ano mu de nneɛma pa ma,+ na nipa bɔne firi nnebɔne a waboaboa ano mu de nneɛma bɔne ma.+ 36 Mese mo sɛ asɛm biara a mfasoɔ nni soɔ a nnipa ka no, wɔbɛbu ho akonta+ Atemmu Da no; 37 wɔnam mo nsɛm so bɛbu mo bem, na wɔnam mo nsɛm so bɛbu mo fɔ.”+
38 Afei atwerɛfoɔ ne Farisifoɔ binom bua see no sɛ: “Ɔkyerɛkyerɛfoɔ, yɛpɛ sɛ woyɛ sɛnkyerɛnne bi ma yɛhwɛ.”+ 39 Ɔmaa wɔn mmuaeɛ sɛ: “Awoɔ ntoatoasoɔ abɔnefoɔ ne awaresɛefoɔ+ kɔ so hwehwɛ sɛnkyerɛnne, nanso wɔremma wɔn sɛnkyerɛnne biara gye odiyifoɔ Yona sɛnkyerɛnne no.+ 40 Na sɛdeɛ Yona+ dii apataa kɛseɛ no yam nnansa, awia ne anadwo no, saa ara na onipa Ba no+ bɛdi asase yam+ nnansa, awia ne anadwo.+ 41 Nnipa a wɔwɔ Niniwe ne awoɔ ntoatoasoɔ+ yi bɛsɔre atemmuo berɛ mu na wɔabu awoɔ ntoatoasoɔ no fɔ;+ ɛfiri sɛ asɛm a Yona+ kaeɛ no maa wɔsakraeɛ, nanso hwɛ! deɛ ɔsene Yona wɔ ha. 42 Wɔbɛnyane anafoɔ+ fam hemmaa ne awoɔ ntoatoasoɔ yi aba atemmuo no mu na ɔbɛbu wɔn fɔ; ɛfiri sɛ ɔfiri asase ano bɛtiee Solomon nyansa, nanso hwɛ! deɛ ɔsene Solomon wɔ ha.+
43 “Sɛ honhom fĩ bi firi obi mu a, ɛkɔfa asase kesee so hwehwɛ homebea, na ɛnnya bi.+ 44 Afei ɛka sɛ, ‘Mɛsan akɔ me fie a mefirii mu no mu’; sɛ ɛbɛduru hɔ a, ɛhunu sɛ emu da mpan nanso wɔaprapra mu kama asiesie mu. 45 Afei ɛkɔ kɔfa ahonhom nson foforɔ a wɔdi bɔne sene no+ ka ne ho, na wɔba mu bɛtena hɔ, na tebea a onipa no ba mu akyire yi no sɛe koraa sene kane no.+ Saa ara na ɛbɛyɛ awoɔ ntoatoasoɔ abɔnefoɔ yi nso.”+
46 Berɛ a ɔgu so rekasa kyerɛ nnipakuo no, hwɛ! ne maame ne ne nua mmarima+ bɛgyinaa abɔnten hɔ pɛɛ sɛ wɔne no kasa. 47 Enti obi ka kyerɛɛ no sɛ: “Hwɛ! Wo maame ne wo nua mmarima gyina abɔnten pɛ sɛ wɔne wo kasa.” 48 Na ɔbuaa deɛ ɔkaa saa kyerɛɛ no no sɛ: “Hwan ne me maame, na hwannom ne me nua mmarima?”+ 49 Na ɔtenee ne nsa kyerɛɛ n’asuafoɔ no so kaa sɛ: “Hwɛ! Me maame ne me nua mmarima nie!+ 50 Na obiara a ɔyɛ deɛ m’Agya a ɔwɔ soro no pɛ no, ɔno ne me nuabarima ne me nuabaa ne me maame.”