Yesaia
47 Babilon babaa, ɔbaabunu,+ si fam bɛtena mfuturo mu;+ Kaldea babaa,+ tena fam, baabi a adwa nnie.+ Worennya obiara nhoahoa wo nnyegye wo so bio.+ 2 Fa oyuyammoɔ+ na yam ayuo. Yi wo nkatanimu,+ na yi w’atadeɛ+ ma wo nan ho nna hɔ.+ Afei twa asuo. 3 Wobɛyi w’adagya+ so na wɔahunu w’animguaseɛ.+ Mɛtua wo ka,+ na deɛ ɔbɛba m’anim no, merennya ne ho akoma.
4 “Yɛn gyefoɔ wɔ hɔ.+ Ne din de asafo Yehowa,+ Israel Kronkronni no.”+
5 Kaldea babaa,+ tena ase dinn,+ bra sum mu,+ ɛfiri sɛ nnipa remfrɛ wo Ahemman+ so Ɔhemmaa+ bio. 6 Me bo fuu me man.+ Mehuraa m’agyapadeɛ ho,+ na mede wɔn hyɛɛ wo nsa.+ Nanso woanhu wɔn mmɔbɔ.+ Akɔkoraa mpo womaa wo kɔndua yɛɛ duru dodo wɔ ne so.+ 7 Deɛ na w’ano gu so ara ne sɛ: “Mɛyɛ Ɔhemmaa+ daa.” Na woansusu asɛm yi ho, na woankae deɛ ɛbɛkɔ akɔwie.+
8 Afei tie, ɔbaa a wiase yɛ wo dɛ a w’asom adwo woɔ,+ wo a woka no w’akomam sɛ: “Me ara mene no, na obiara nni hɔ.+ Merenni kuna anaa abawuo da.”+ 9 Nanso nneɛma mmienu yi nyinaa bɛba wo so prɛko pɛ, da koro:+ Abawuo ne kunayɛ. Ɛbɛba wo so ahoɔden so,+ ɛfiri sɛ w’asumansɛm dɔɔso na wo kaberekyerɛ ano yɛ den dodo.+ 10 Wode wo ho too wo bɔne so,+ na wokaa sɛ: “Obiara nhu me.”+ Wo nyansa ne wo nimdeɛ+ dodoɔ na ama woayera. Na wokɔ so ara ka no w’akomam sɛ: “Me ara mene no, na obiara nni hɔ.” 11 Mmusuo kɛseɛ bɛba wo so, na worentumi mpata. Amanehunu bɛba wo so,+ na worentumi nsi ano. Na ɔsɛeɛ a wonsoo ho daeɛ da bɛba wo so prɛko pɛ.+
12 Afei fa wo kaberekyerɛ ne w’asumansɛm+ bebrebe a wofiri wo mmɔfraase abrɛ ho no bɛgyina hɔ. Ebia ɛbɛboa wo, ebia ɛbɛbɔ nnipa hu. 13 W’afotufoɔ dodoɔ no ama woabrɛ. Ma wɔnsɔre mmɛgye wo, wɔn a wɔsom ɔsoro abɔdeɛ, wɔn a wɔhwɛ nsoromma mu,+ wɔn a wɔhwɛ bosome foforɔ ka deɛ ɛbɛba wo soɔ no. 14 Hwɛ, wɔayɛ sɛ buronan,+ na egya bɛhye wɔn dwerɛbee.+ Wɔrentumi nnye wɔn kra+ mfiri gyaframa mu.+ Ɛnyɛ nsramma a nnipa de bɛka wɔn ho hyeɛ anaa egya a wɔbɛtena ho. 15 Yei na ɛbɛto kaberekyerefoɔ+ a wo ne wɔn abrɛ firi wo mmɔfraase no. Wɔbɛwɔ ntwɛtwɛdɛ na obiara akɔ n’asase so, na obiara nni hɔ a ɔbɛgye woɔ.+