Kolosefoɔ
1 Paulo a ɔnam Onyankopɔn pɛ so abɛyɛ Kristo Yesu somafoɔ,+ ne yɛn nua Timoteo+ 2 de kɔma akronkronfoɔ ne anuanom anokwafoɔ a wɔwɔ Kristo mu+ wɔ Kolose:
Adom ne asomdwoeɛ a ɛfiri yɛn Agya Onyankopɔn hɔ nka mo.+
3 Berɛ biara a yɛbɛbɔ mpaeɛ ama mo no,+ yɛda Onyankopɔn a ɔne yɛn Awurade Yesu Kristo Agya no ase,+ 4 ɛfiri sɛ yɛate mo gyidie a ɛwɔ Kristo Yesu mu no ho asɛm ne ɔdɔ a modɔ akronkronfoɔ+ nyinaa, 5 anidasoɔ+ a ɛda hɔ retwɛn mo ɔsoro no nti.+ Saa anidasoɔ yi na moate dada, asɛmpa no nokwasɛm no ka nti,+ 6 na ɛno na aduru mo nkyɛn, sɛdeɛ ɛreso aba+ na ɛrenya nkɔanimu+ wɔ wiase nyinaa+ na ɛrekɔ so saa wɔ mo nso mo mu, firi da a moteeɛ na mohunuu Onyankopɔn adom+ mu yie wɔ nokorɛ mu no.+ 7 Ɛno na mosua firii yɛn yɔnko akoa Epafra+ a yɛdɔ no a ɔyɛ Kristo somfoɔ nokwafoɔ a ɔyɛ adwuma ma yɛn no hɔ, 8 deɛ waka honhom fam ɔdɔ+ a mowɔ nso ho asɛm akyerɛ yɛn no.
9 Yei nti na yɛn nso ɛfiri da a yɛtee ho asɛm no, yɛnnyaee sɛ yɛbɛbɔ mpaeɛ ama mo,+ na yɛasrɛ sɛ ne pɛ ho nokorɛ nimdeɛ+ nhyɛ mo mã wɔ nyansa+ ne honhom mu nteaseɛ nyinaa mu,+ 10 na moanante sɛdeɛ ɛsɛ+ Yehowa+ na ɛsɔ n’ani koraa, berɛ a mokɔ so so aba wɔ adwuma pa+ biara mu nya Onyankopɔn ho nokorɛ+ nimdeɛ pii, 11 na moyɛ den wɔ tumi a mobɛnya biara mu sɛdeɛ n’animuonyam tumi+ teɛ no, na ama moanya boasetɔ+ akɔsi aseɛ na mode anigyeɛ anya abodwokyɛreɛ, 12 na moada Agya a wama moafata sɛ monya akronkronfoɔ+ agyapadeɛ+ mu kyɛfa wɔ hann no mu no ase.+
13 Wagye yɛn afiri esum tumi+ ase de yɛn aba+ ne Ba a ɔdɔ no+ no ahennie mu,+ 14 na ɔno na yɛnam ne so anya ɔgyeɛ, kyerɛ sɛ yɛn bɔne fafirie.+ 15 Ɔno ne Onyankopɔn a wɔnhu no+ no suban,+ abɔdeɛ nyinaa mu abakan;+ 16 ɛfiri sɛ ne so+ na wɔnam bɔɔ nneɛma a aka nyinaa wɔ soro ne asase so, nhennwa, mpaninnie, nnisoɔ, tumidie, deɛ wɔhunu ne deɛ wɔnhunu.+ Nneɛma a aka nyinaa wɔnam ne so na ɛbɔeɛ,+ na wɔbɔ maa no. 17 Bio nso, ɔdi nneɛma a aka nyinaa kan,+ na ne so na wɔnam yɛɛ nneɛma a aka nyinaa,+ 18 na ɔno ne nipadua no, asafo no, ti.+ Ɔno ne mfitiaseɛ, awufoɔ sɔreɛ mu abakan,+ sɛdeɛ ɛbɛyɛ a ɔbɛyɛ odikanfoɔ+ wɔ nneɛma nyinaa mu; 19 ɛfiri sɛ Onyankopɔn hunuu sɛ ɛfata sɛ nneɛma nyinaa tena ne mu yɛ mã,+ 20 na ɔnam ne so aka ɔno ne nneɛma a aka+ nyinaa abom bio,+ kyerɛ sɛ, ɔnam asomdwoeɛ+ a ɔde ne mogya+ a ɔhwie guu asɛndua soɔ+ no dii ho dwuma no so, asase so nneɛma ne ɔsoro nneɛma nyinaa.
21 Nokorɛm no, mo a anka berɛ bi na moyɛ ananafoɔ+ ne atamfo ɛsiane mo adwene a na ɛwɔ nnwuma bɔne soɔ nti no,+ 22 afei deɛ ɔnam ɔbaako no honam nipadua so aka mo ne no abom bio+ wɔ ne wuo mu,+ na ama ɔde mo akyerɛ sɛ nnipa kronkron a wɔnni dɛm+ a asɛm biara nni wɔn ho+ wɔ n’anim, 23 nanso gye sɛ mokɔ so tena gyidie no mu,+ gyina fapem+ no so na motintim+ a momma wɔntwe mo mfiri asɛmpa a moteeɛ+ a wɔaka ho asɛm+ wɔ abɔdeɛ+ a ɛwɔ ɔsoro ase nyinaa mu ho anidasoɔ no ho. Saa asɛmpa yi na me Paulo, mabɛyɛ ho ɔsomfoɔ.+
24 Afei meredi ahurisie wɔ amane a mehunu maa mo no mu,+ na me fam no, merewie Kristo mu amanehunu+ a aka no wɔ me honam mu ama ne nipadua a ɛne asafo no.+ 25 Mebɛyɛɛ asafo yi somfoɔ+ sɛdeɛ efiehwɛ adwuma+ a ɛfiri Onyankopɔn hɔ no teɛ, deɛ mo nti wɔde maa me sɛ memfa nka Onyankopɔn asɛm no nkɔsi aseɛ no, 26 ahuntasɛm kronkron+ a wɔde huntaa wiase nhyehyɛeɛ+ a atwam ne awoɔ ntoatoasoɔ a aba korɔ no. Nanso afei deɛ wɔayi adi akyerɛ+ n’akronkronfoɔ 27 a Onyankopɔn ani agye ho sɛ ɔbɛma wɔahunu ahuntasɛm kronkron+ yi animuonyam ahonya+ wɔ amanaman no mu no. Ɛne Kristo+ a ɔwɔ mo mu no, n’animuonyam ho anidasoɔ no.+ 28 Ɔno na yɛbɔ ne ho dawuro+ na yɛtu onipa biara fo na yɛkyerɛkyerɛ onipa biara wɔ nyansa nyinaa mu,+ sɛdeɛ ɛbɛyɛ a yɛde onipa biara bɛkyerɛ sɛ ɔdi mũ+ wɔ Kristo mu. 29 Yei nti na meyɛ adwumaden yere me ho+ sɛdeɛ n’adwuma+ a ɔde tumi yɛ no me mu no teɛ.+