Mika
4 Na nna a ɛdi akyire no mu no,+ Yehowa fie+ bepɔ+ bɛtim hɔ wɔ mmepɔ atifi, na wɔbɛma so asene nkokoɔ nyinaa,+ na amanaman bɛsene yuu akɔ hɔ.+ 2 Na aman pii bɛkɔ akɔka sɛ: “Mommra+ mma yɛnkɔ Yehowa bepɔ so, Yakob Nyankopɔn fie,+ na ɔbɛkyerɛ yɛn n’akwan+ na yɛanante n’atempɔn so.”+ Na Sion na mmara bɛfiri aba, na Yerusalem na Yehowa asɛm bɛfire.+ 3 Na ɔbɛbu atɛn aman pii mu,+ na ɔbɛsiesie+ nsɛm ama aman akɛseɛ a ɛwɔ akyirikyiri.+ Na wɔde wɔn nkrantɛ bɛyɛ nsɔ na wɔde wɔn mpea ayɛ kantankrankyi.+ Ɔman bi rentwe nkrantɛ ɔman foforɔ so, na wɔrensua akodie bio.+ 4 Wɔn mu biara bɛtena ne bobe ne ne borɔdɔma ase,+ na obiara renyi wɔn hu.+ Asafo Yehowa no ara anom asɛm nie.+
5 Aman no mu biara bɛnante ne nyame din mu,+ na yɛn deɛ, yɛbɛnante Yehowa yɛn Nyankopɔn din mu+ daa daa.+
6 Asɛm a Yehowa aka nie: “Saa da no, mɛboaboa wɔn a wɔtɔ gu wɔn nan soɔ no ano,+ na maka wɔn a wɔahweteɛ no aboa ano,+ wɔn a mama wɔahunu amane no mpo. 7 Wɔn a wɔtɔ gu wɔn nan soɔ no, mɛkora wɔn so sɛ nkaefoɔ,+ na wɔn a wɔapamo wɔn kɔ akyirikyiri no mɛyɛ wɔn ɔman kɛseɛ.+ Na Yehowa bɛdi wɔn so hene wɔ Bepɔ Sion so firi nnɛ akɔsi daa.+
8 “O nnwanhwɛfoɔ aban, Sion babaa bepɔ ketewa,+ wo nkyɛn na tumidie a ɛdi kan no bɛba,+ Yerusalem babaa ahennie no.+
9 “Adɛn nti na woteateam dendeenden?+ Adɛn, wonni ɔhene biara, anaa w’afotufoɔ nyinaa awuwu ama enti wote yea te sɛ ɔbaa a ɔrewoɔ?+ 10 Sion babaa, di yea na kyem te sɛ ɔbaa a ɔrewoɔ,+ ɛfiri sɛ wobɛfiri kuro mu akɔtena wuram.+ Wobɛkɔ Babilon tɔnn.+ Ɛhɔ na wɔbɛgye woɔ,+ na ɛhɔ na Yehowa bɛtɔ wo afiri w’atamfo nsam.+
11 “Afei aman pii bɛboa wɔn ho ano aba wo so, na wɔbɛka sɛ, ‘Ma ne ho ngu fĩ, na yɛmfa yɛn ani nhwɛ Sion.’+ 12 Nanso wɔn deɛ, wɔnnim Yehowa adwene, na wɔnnim ne tirim asɛm.+ Na ɔbɛboaboa wɔn ano sɛ ayuo a wɔatwa no akuakuo agu ayuporobea.+
13 “Sion babaa, sɔre poro;+ na mɛma wo mmɛn adane dadeɛ na wo nan adane kɔbere, na wobɛyam aman pii.+ Wobɛkora wɔn mfaso bɔne no so ama Yehowa+ na woahyira wɔn ahodeɛ so ama Awurade nokwafoɔ a ɔdi asase nyinaa soɔ no.”+