Wɔde ma dwonkyerɛfoɔ. Dawid dwom.
13 O Yehowa, wo werɛ bɛfiri me akɔsi da bɛn?+ Afebɔɔ+ anaa?
Wode w’anim bɛhunta me akɔsi da bɛn?+
2 Me ne me kra nni aperepereɛ,
Na awerɛhoɔ ntena m’akomam da mũ nyinaa nkɔsi da bɛn?
M’atamfo bɛdi me so akɔsi da bɛn?+
3 O Yehowa me Nyankopɔn, hwɛ me, na tie me.
Ma m’ani nhyerɛn,+ na manna wɔ owuo mu,+
4 Na me tamfo anka sɛ: “Madi ne so nkonim!”
Na wɔn a wɔkyiri me ani annye sɛ masuntie.+
5 Me deɛ, w’adɔeɛ so na mede me ho atoɔ;+
Ma m’akoma ani nnye wo nkwagyeɛ mu.+
6 Mɛto dwom ama Yehowa ɛfiri sɛ ɔne me adi no yie.+