Marko
1 Asɛmpa a ɛfa Yesu Kristo ho no mfitiaseɛ: 2 Sɛdeɛ wɔatwerɛ no odiyifoɔ Yesaia nwoma mu no: “(Hwɛ! Meresoma me bɔfoɔ adi w’anim ama no abɛsiesie wo kwan;)*+ 3 tie! obi reteam wɔ serɛ so sɛ, ‘Monsiesie Yehowa kwan, momma n’akwan ntene,’”+ 4 osuboni Yohane baa serɛ so bɛkaa asubɔ a ɛgyina hɔ ma adwensakra a ɛkɔ bɔne fafirie mu ho asɛm.+ 5 Ɛnna Yudea mpɔtamu hɔfoɔ nyinaa ne wɔn a wɔtete Yerusalem nyinaa kɔɔ ne nkyɛn, na wɔkaa wɔn bɔne,+ na ɔbɔɔ wɔn asu Asubɔnten Yordan mu. 6 Ná Yohane hyɛ yoma nwi atadeɛ a aboa nwoma abɔsoɔ bɔ n’asene,+ na na ɔdi ntutummɛ+ ne wuram woɔ.+ 7 Na asɛm a na ɔka ne sɛ: “Obi di m’akyi reba a ɔwɔ tumi sene me, na memfata sɛ mɛkoto asane ne mpaboa homa mpo.+ 8 Mede nsuo na ɛbɔɔ mo asuo, na ɔno deɛ, honhom kronkron na ɔde bɛbɔ mo asuo.”+
9 Nna no mu Yesu firi Nasaret a ɛwɔ Galilea ba maa Yohane bɔɔ no asu wɔ Yordan mu.+ 10 Na ɔpue firii nsuo no mu ara na ɔhunuu sɛ ɔsoro abue, na honhom no resiane aba ne so te sɛ aborɔnoma;+ 11 na nne bi firi soro baa sɛ: “Woyɛ me Ba a medɔ woɔ; magye wo atom.”+
12 Na ɛhɔ ara honhom no hyɛɛ no maa no kɔɔ serɛ so.+ 13 Enti ɔtenaa serɛ so adaduanan,+ na Satan sɔɔ no hwɛeɛ,+ na na ɔne nkekaboa na ɛwɔ hɔ, na abɔfoɔ som no.+
14 Afei berɛ a wɔkyeree Yohane no, Yesu kɔɔ Galilea+ kɔkaa Onyankopɔn ho asɛmpa,+ 15 na ɔkaa sɛ: “Berɛ a wɔahyɛ no aduru,+ na Onyankopɔn ahennie abɛn. Monsakra mo adwene+ na monnye asɛmpa no nni.”
16 Berɛ a ɔnam Galilea po* ho no, ɔhunuu Simon+ ne ne nua Andrea sɛ wɔregu wɔn asau wɔ po no mu, ɛfiri sɛ na wɔyɛ mpataayifoɔ.+ 17 Ɛnna Yesu ka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Mommɛdi m’akyi, na mɛma moayɛ nnipa yifoɔ.”+ 18 Na ntɛm ara wɔgyaa wɔn asau no hɔ kɔdii n’akyi.+ 19 Na ɔkɔɔ n’anim kakra no, ɔhunuu Sebedeo ba Yakobo ne ne nua Yohane, na wɔn nso, na wɔwɔ wɔn kodoɔ mu retuatua wɔn asau mu;+ 20 na ntɛm ara na ɔfrɛɛ wɔn. Ɛnna wɔgyaa wɔn papa Sebedeo ne apaafoɔ no wɔ kodoɔ no mu kɔdii n’akyi. 21 Na wɔsiim kɔɔ Kapernaum.+
Na homeda duruiɛ ara pɛ na ɔkɔɔ hyiadan mu, na ɔfirii aseɛ kyerɛkyerɛeɛ. 22 Na ɛkwan a ɔfaa so kyerɛkyerɛeɛ no yɛɛ wɔn nwanwa,+ ɛfiri sɛ na ɔrekyerɛkyerɛ wɔn sɛ obi a ɔwɔ tumi, na ɛnyɛ sɛ atwerɛfoɔ no.+ 23 Saa berɛ no ara nso, na ɔbarima bi wɔ wɔn hyiadan no mu a honhom fĩ ahyɛ ne soɔ, na ɔteaam+ 24 kaa sɛ: “Nasareni Yesu, ɛdeɛn na yɛne wo wɔ yɛ?+ Wobaa sɛ worebɛsɛe yɛn anaa? Menim+ onii ko pɔtee a woyɛ, wone Ɔkronkronni+ a ɔfiri Onyankopɔn hɔ no.”+ 25 Ɛnna Yesu kaa n’anim sɛ: “Yɛ komm, na firi ne mu kɔ!”+ 26 Na honhom fĩ no maa no sensenee, na ɔteaam dendeenden firii ne mu.+ 27 Na ɛyɛɛ nkurɔfoɔ no nwanwa ara maa wɔfirii aseɛ yɛɛ huhuhuhu sɛ: “Ɛdeɛn nie? Nkyerɛkyerɛ foforɔ nie! Ɔde tumi kasa kyerɛ ahonhom fĩ mpo ma wɔtie no.”+ 28 Na ntɛm ara ne ho asɛm trɛ kɔɔ nsase a atwa Galilea ho ahyia nyinaa so.+
29 Na ɛhɔ ara na wɔfirii hyiadan no mu na wɔne Yakobo ne Yohane kɔɔ Simon+ ne Andrea fie. 30 Saa berɛ no na Simon asebaa+ yare atiridii+ da hɔ, na wɔkaa ne ho asɛm kyerɛɛ no ntɛm ara. 31 Na ɔkɔɔ ne nkyɛn kɔsɔɔ ne nsa maa ne so; na atiridii no gyaee no,+ na ɔfirii aseɛ som wɔn.+
32 Na berɛ a awia kɔtɔ maa enwunu dwoeɛ no, nkurɔfoɔ firii aseɛ de wɔn a wɔyareɛ nyinaa,+ ne wɔn a wɔwɔ adaemone+ brɛɛ no; 33 ná kuro mũ no nyinaa abɛgu ɛpono no ano pɛɛ. 34 Enti ɔsaa nnipa pii a wɔwɔ nyarewa ahodoɔ yareɛ,+ na ɔtuu adaemone pii, na wamma adaemone no ankasa, ɛfiri sɛ na wɔnim sɛ ɔne Kristo no.+
35 Na anɔpatutuutu a animu nteteeɛ no, ɔsɔre firii adi kɔɔ baabi a obiara nnie,+ na ɔfirii aseɛ bɔɔ mpaeɛ+ wɔ hɔ. 36 Na Simon ne wɔn a wɔka ne ho no kyini kɔhwehwɛɛ no 37 na wɔhunuu no ka kyerɛɛ no sɛ: “Obiara rehwehwɛ wo.” 38 Nanso ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Momma yɛnkɔ baabi foforɔ, nkuro a ɛbembɛn ha no mu na menkɔka asɛm+ no wɔ hɔ nso, ɛfiri sɛ yei nti na mebaeɛ.”+ 39 Na ɔkɔkaa asɛm no wɔ wɔn hyia adan mu Galilea nyinaa, na ɔtuu adaemone.+
40 Ɔkwatani bi nso baa ne nkyɛn bɛbuu nkotodwe paa no kyɛw sɛ: “Sɛ wopɛ nko ara a, wobɛtumi ama me ho afi.”+ 41 Na ɛyɛɛ no mmɔbɔ,+ na ɔtenee ne nsa sɔɔ ne mu ka kyerɛɛ no sɛ: “Mepɛ. Wo ho mfi.”+ 42 Na amonom hɔ ara kwata no tu yeraeɛ, na ne ho fii.+ 43 Afei ɔgyaa no kwan ntɛm ara, baraa no dendeenden, 44 na ɔka kyerɛɛ no sɛ: “Hwɛ na woanka ho hwee ankyerɛ obiara, na mmom kɔ na fa wo ho kɔkyerɛ ɔsɔfoɔ+ na fa w’ahofire ho ayɛyɛdeɛ ma sɛdeɛ Mose hyɛeɛ no,+ na ɛnyɛ adanseɛ mma wɔn.”+ 45 Nanso ɔbarima no firii hɔ no, ɔfirii aseɛ kekaa ho asɛm maa no trɛɛ baabiara maa afei deɛ, Yesu antumi anyi n’anim ankɔ kuro biara mu, na mmom ɔtenaa kuro no akyi baabi komm. Nanso wɔfiri mmaa nyinaa baa ne nkyɛn.+