Yesaia 42:1 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 42 Hwɛ! M’akoa+ a mekura ne mu dendeenden!+ Deɛ mayi no+ a me kra agye no atom!+ Mede me honhom ahyɛ ne mu,+ na ɔde atɛntenenee bɛbrɛ amanaman no.+ Mateo 3:16 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 16 Ɔbɔɔ Yesu asu wieeɛ no ara pɛ na ɔfirii nsuo no mu pueeɛ, na hwɛ! ɔsoro bueeɛ,+ na ɔhunuu Onyankopɔn honhom sɛ ɛresiane aba ne so+ te sɛ aborɔnoma.+ Luka 3:22 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 22 ɛnna honhom kronkron siane baa ne so te sɛ aborɔnoma, na nne bi firi soro baa sɛ: “Woyɛ me Ba a medɔ woɔ; magye wo atom.”+ Yohane 1:32 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 32 Yohane dii adanseɛ nso sɛ: “Mehunuu honhom no sɛ ɛresiane sɛ aborɔnoma firi soro, na ɛbɛsii ne so.+
42 Hwɛ! M’akoa+ a mekura ne mu dendeenden!+ Deɛ mayi no+ a me kra agye no atom!+ Mede me honhom ahyɛ ne mu,+ na ɔde atɛntenenee bɛbrɛ amanaman no.+
16 Ɔbɔɔ Yesu asu wieeɛ no ara pɛ na ɔfirii nsuo no mu pueeɛ, na hwɛ! ɔsoro bueeɛ,+ na ɔhunuu Onyankopɔn honhom sɛ ɛresiane aba ne so+ te sɛ aborɔnoma.+
22 ɛnna honhom kronkron siane baa ne so te sɛ aborɔnoma, na nne bi firi soro baa sɛ: “Woyɛ me Ba a medɔ woɔ; magye wo atom.”+
32 Yohane dii adanseɛ nso sɛ: “Mehunuu honhom no sɛ ɛresiane sɛ aborɔnoma firi soro, na ɛbɛsii ne so.+