Yesaia
27 Saa da no, Yehowa+ de ne nkrantɛ+ kɛseɛ denden no bɛba Lewiatan,+ ɔwɔ a ne ho yɛ hare,+ no so. Ɔde bɛba Lewiatan, ɔwɔ a ne mu apompono, no so. Na ɔbɛkum po mu asuboa+ kɛseɛ no.
2 Ɛda no monto dwom mma no+ sɛ: “Bobeturo+ a emu nsã pu ahuro! 3 Me Yehowa, me na mehwɛ no.+ Mɛgugu ne so nsuo+ berɛ nyinaa. Mɛhwɛ no awia ne anadwo+ na obi ansɛe no. 4 Abufuo biara nni me mu.+ Hwan na ɔde nkasɛɛ+ ne nkyɛkyerɛ bɛba m’anim wɔ ɛko mu? Anka mɛtiatia so de egya atom prɛko.+ 5 Anyɛ saa a, ɔmmra m’abandenden mu ne me mmɛka asomdwoeɛsɛm; asomdwoeɛsɛm na ɔne me mmɛka.”+
6 Nna bi bɛba a Yakob bɛgye nhini, Israel+ bɛfefɛ agu nhyerɛnee, na wɔde nnɔbaeɛ bɛhyɛ asase no so mã.+
7 Wɔnhwe no sɛdeɛ ne hwefoɔ hwee no no? Anaa wɔnku no sɛdeɛ wɔkum ne nkurɔfoɔ no?+ 8 Na wobɛteam ne no adi asie na woaka no akɔ. Ɔbɛhu mframa denden apia no akɔ, da a apueeɛ mframa bɛbɔ no.+ 9 Enti yei so na wɔnam bɛpata Yakob bɔne,+ na sɛ ɔyi ne bɔne+ kɔ a, aba a ɛbɛfiri mu aba nyinaa nie: Ɔbɛma afɔrebukyia aboɔ abɛyɛ sɛ akaadoo a wɔayam, na abosonnua+ ne aduhwam adeɛ remma wɔn ho so bio.+ 10 Na kuro denden no bɛda mpan. Wɔbɛma mmoa adidibea ada mpan na wɔagya ato hɔ sɛ serɛ pradaa.+ Ɛhɔ na nantwie ba bɛdidie, na ɔbɛbutu hɔ awe ne mman.+ 11 Sɛ ne nnuban no wo a, mmaa bɛbubu mmabaa no akɔsɔ gya.+ Wɔyɛ ɔman a wɔn adwenem nnɔ.+ Ɛno nti wɔn Yɛfoɔ no yam renhyehye no mma wɔn, na wɔn Nwemfoɔ no renhu wɔn mmɔbɔ.+
12 Saa da no, Yehowa bɛporo aba+ no afiri asubɔnten kɛseɛ+ no ano akɔsi Egypt+ subɔn ano; na saa na mo Israelfoɔ nso, wɔbɛtase mo mmaako mmaako.+ 13 Ɛda no wɔbɛhyɛne abɛn+ kɛseɛ bi, na wɔn a wɔayera wɔ Asiria+ asase soɔ ne wɔn a wɔabɔ wɔn apansam Egypt+ asase soɔ no bɛba abɛkoto+ Yehowa wɔ bepɔ kronkron no so wɔ Yerusalem.+