91 Obiara a ɔte Ɔsorosoroni no+ huntabea+ no
Bɛnya adeɛ nyinaa so Tumfoɔ no nwunu ase atena.+
2 Mɛka akyerɛ Yehowa sɛ: “Wone me dwankɔbea ne m’abandenden,+
Me Nyankopɔn a mede me ho ato wo soɔ.”+
3 Ɔno na ɔbɛgye wo afiri nnomaayifoɔ fidie mu+
Ne nsanyareɛ a ɛde amanehunu ba mu.+
4 Ɔde ne ntaban bɛgye wo ho ban,+
Na ne ntakra ase na wobɛnya dwankɔbea.+
Ne nokorɛ+ bɛyɛ ɛkyɛm+ kɛseɛ ne ban.
5 Worensuro akomatusɛm biara anadwo,+
Anaa agyan+ a wɔto no awia;
6 Worensuro nsanyareɛ a ɛnenam sum mu,+
Anaa ɔsɛeɛ a ɛba mpofirem owigyinaeɛ.+
7 Apem bɛtotɔ wo nkyɛn,
Na ɔpedu atotɔ wo nsa nifa so;
Wo deɛ, ɛremmɛn wo.+
8 W’ani nko na wode bɛhwɛ,+
Na woahunu nnebɔneyɛfoɔ akatua.+
9 Ɛsiane sɛ woaka sɛ: “Yehowa ne me dwankɔbea,”+
Na Ɔsorosoroni no na wode no ayɛ wo tenabea+ nti,
10 Mmusuo biara remma wo so,+
Na ɔhaw bi remmɛn wo ntomadan.+
11 Wo nti, ɔbɛhyɛ n’abɔfoɔ+
Ama wɔawɛn wo w’akwan nyinaa mu.+
12 Wɔbɛsoa wo wɔn nsa so,+
Na woamfa wo nan ampem boɔ biara.+
13 Wobɛtiatia gyataforɔ ne prammire so;+
Wobɛtiatia gyatanini ne ɔwɔ kɛseɛ so.+
14 Ɔdɔ me nti,+
Me nso mɛgye no.+
Mɛbɔ ne ho ban, ɛfiri sɛ ɔnim me din.+
15 Ɔbɛfrɛ me, na me nso mɛgye ne so.+
Mɛgyina n’akyi ahohia da.+
Mɛgye no na mahyɛ no animuonyam.+
16 Mɛma no adi nna dodoɔ amee,+
Na mama no ahunu me nkwagyeɛ.+